Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Yesu Dɔɔ Wɔn Kosii Awiei’
    “Bra Bedi M’akyi”
    • 9 Da a Yesu rebewu no, ɔyɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ayɔnkofa a ɛda n’adɔfo ne Yehowa ntam no hia no paa, na na ɛka koma. Wo de, twa nea ɛkɔɔ so no ho mfoni hwɛ. Ná Yesu sɛn dua so a ɛyaw a ɔrete nti ɔrebrɛ paa. Sɛ obetumi ahome yiye a, ebia gye sɛ ɔtwe ne mu kakra. Akyinnye biara nni ho sɛ wei ma ɔtee yaw paa, efisɛ na ne mu duru no ama nnadewa a wɔde abɔ ne nan mu no retew fa nam no mu, ɛnna n’akyi a apaapae no nso retwitwiw asɛndua no. Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ ɔtwe mframa ansa na watumi akasa nti, ɛbɛyɛ sɛ ɛyaw no ma ɛyɛɛ den sɛ ɔbɛkasa. Nanso ansa na Yesu rewu no, ɔkaa nsɛm bi a na ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ ne maame Maria paa. Bere a Yesu huu Maria ne ɔsomafo Yohane sɛ wɔgyina baabi a ɛbɛn no no, ɔde nne a sɛ obi bɛn no a ɔbɛte ka kyerɛɛ ne maame sɛ “Ɔbea, hwɛ! Wo babarima ni!” Afei ɔka kyerɛɛ Yohane nso sɛ: “Hwɛ! Wo maame ni!” (Yohane 19:26, 27) Ná Yesu nim sɛ ɔsomafo nokwafo no bɛma Maria nsa aka nneɛma a ohia wɔ honam fam ne honhom fam nyinaa.b

  • ‘Yesu Dɔɔ Wɔn Kosii Awiei’
    “Bra Bedi M’akyi”
    • b Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, na Maria yɛ okunafo, na na ne mma a wɔaka no nya mmɛyɛɛ Yesu asuafo.—Yohane 7:5.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena