-
Oguanhwɛfo Pa No Ne Ne “Ban Yi”Ɔwɛn-Aban—1984 | August 1
-
-
7. Ɛde fa Israel nguannan no ho no, ɔkwan bɛn so na Yesu nyaa dibea foforo wɔ afe 29 Y.B. mu?
7 Afei, saa nguannan a na ɛwɔ Mose Mmara Apam no ase no nso ɛ? Bere a na Yohane Suboni abɔ Yesu asu, ne bere a na, wɔde Yehowa honhom kronkron asra no na wɔasɔ no ahwɛ nnafua 40 wɔ Yudea sare so akyi no, Yesu baa Israel nguannan no mu sɛ honhom mu Oguanhwɛfo wɔ afe 29 Y.B. mu. Yesu kae sɛ wɔahyɛ da asoma no “Israel fi nguan a ayera no nkyɛn.” (Mateo 10:16; 15:24) Ɛde kosi bere a wɔbɔɔ no asu no, na ɔyɛ honam fam Israelfo a wɔte Mose Mmara apam nguannan nhyehyɛe no mu no mu biako. Nanso mprempren, esiane sɛ woabɔ no asu na wɔde Yehowa honhom asra no nti, Yesu Kristo betumi aba nguannan no mu a okura ne dibea foforo sɛ́ “oguanhwɛfo pa no.”—Yohane 10:11.
-
-
Oguanhwɛfo Pa No Ne Ne “Ban Yi”Ɔwɛn-Aban—1984 | August 1
-
-
9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yesu fataa oguanhwɛfo ho asɛm a ɔno ankasa kae no, na Israel nguanhwɛfo ne wɔn nguan dii wɔ ɔkwan bɛn so?
9 Na Yesu fata asɛm a ɔno ankasa kae a ɛfa Nokware Guanhwɛfo Pa no ho no, sɛnea wɔda no adi wɔ Yohane 10:1-5 no: “Nokware, nokware, mise mo sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifo ne odwowtwafo; na nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no ne nguan no hwɛfo. Ɔno na ɔpon ano hwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi. Na ɔma n’ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne. Na ɔnana de, wɔrenni n’akyi, efisɛ wonnim ananafo nne.”
-
-
Oguanhwɛfo Pa No Ne Ne “Ban Yi”Ɔwɛn-Aban—1984 | August 1
-
-
12. Henanom ne “ananafo” a Yesu kaa wɔn ho asɛm no, na ɔkwan bɛn so na na ɛno te saa?
12 Israelfo afoforo a wɔba bɛkae sɛ wɔne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ, anaasɛ Kristo no, ne wɔn a Yesu frɛɛ wɔn ananafo no. “Ɔpon no ano hwɛfo” a wɔapaw no a na ɔne Yohane, nea Yesu ankasa baa ne nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu no amfa wɔn ankyerɛ sɛ Yehowa Mesia a ɔyɛ Oguanhwɛfo no. Wɔ eyi mu no, Yesu anni mfomso biara. (Mateo 3:1-7; Marko 1:1-7; Luka 3:1-9) Ɛyɛ bɔ a wɔbɛbɔ nnipa no ho ban ho atirimpɔw nti na Yesu hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔda ne ho adi sɛ Nea Yehowa resoma no wɔn nkyɛn sɛ wɔn honhom fam Guanhwɛfo no na wama nguanhwɛfo adwowtwafo no ho ada hɔ.
-