-
Anidaso a Enni Huammɔ Ma AwufoBere a Obi a Wodɔ No Awu
-
-
Nea Yesu yɛe wɔ Lasaro wu no ho no kyerɛ tema a Onyankopɔn Ba no wɔ. Ayamhyehye kɛse a ɔdaa no adi saa bere no kyerɛ ɔpɛ a emu yɛ den a ɔwɔ sɛ obenyan awufo. Yɛkenkan sɛ: “Bere a Maria duu baabi a Yesu wɔ na n’ani bɔɔ no so no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.’ Bere a afei Yesu hui sɛ ɔresu na Yudafo a wɔkaa ne ho bae no nso resu no, osii apini na ne ho yeraw no; na ɔkae sɛ: ‘Ɛhe na mode no toe?’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Awurade, bra bɛhwɛ.’ Yesu sui. Ɛnna Yudafo no fii ase kae sɛ: ‘Monhwɛ sɛnea na ɔpɛ n’asɛm fa!’”—Yohane 11:32-36.
Nsɛm abiɛsa na ɛkyerɛ wɔ ha sɛ na Yesu wɔ mmɔborohunu a efi komam: “osii apini,” “ne ho yeraw no,” na ‘osui.’ Nsɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ kyerɛwtohɔ a ɛka koma yi mu no kyerɛ sɛ Yesu adamfo a ɔdɔ no, Lasaro wu, ne Lasaro nuabea no su a ohui no kaa no araa ma nusu guu no.a
Nea ɛyɛ nwonwa kɛse ne sɛ na Yesu adi kan anyan nnipa baanu aba nkwa mu. Na na wayɛ n’adwene koraa sɛ obenyan Lasaro nso. (Yohane 11:11, 23, 25) Nanso, ‘osui.’ Enti nyan a Yesu benyan nnipa aba nkwa mu bio no nyɛ adeyɛ bi kɛkɛ. Ayamhyehye ne tema a ɔdaa no adi saa bere no kyerɛ pefee sɛ ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obeyi owu mpokyerɛ no afi hɔ.
Ayamhyehye a Yesu daa no adi bere a ɔrebenyan Lasaro no daa no adi sɛ ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obeyi owu mpokyerɛ no afi hɔ
-
-
Anidaso a Enni Huammɔ Ma AwufoBere a Obi a Wodɔ No Awu
-
-
a Hela asɛmfua ma “osii apini” no fi adeyɛ asɛm (em·bri·maʹo·mai) a ɛkyerɛ sɛ biribi bɛyɛ obi yaw anaa ɛbɛma ne werɛ ahow yiye mu. Bible nhomanimfo bi ka sɛ: “Ɛha no nea ebetumi akyerɛ ara ne sɛ saa nkate a emu yɛ den no hyɛɛ Yesu so araa ma ahomegu fii Ne komam bae prɛko pɛ.” Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ne ho yeraw no” no fi Hela asɛmfua (ta·rasʹso) a ɛkyerɛ basaayɛ mu. Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo bi kyerɛ no, ɛkyerɛ “obi nsono mu a etwa no, . . . ɛyaw anaa awerɛhow a ɛka obi.” Asɛm “sui” no fi Hela adeyɛ asɛm (da·kryʹo) a ɛkyerɛ “sɛ nusu begu obi, obesu a ɔnteɛteɛm” mu.
-