Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Woyɛ Ɔbea a Wo Ho Yɛ Fɛ”
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2017 | No. 3
    • Abraham a anigye ahyɛ no ma no baa ne yere Sara nkyɛn. Ná biribi asi ama ne ho adwiriw no, na na ɛnkyɛe koraa. Onyankopɔn a wɔsom no no ne no kasae. Ɔnam ɔbɔfo bi so yii ne ho adi kyerɛɛ no! Wohwɛ a, dɛn na Sara bɛyɛ? Sara de n’aniwa mma fɛfɛ no hwɛɛ ne kunu anim dinn, na ɔde ahopere bisaa no sɛ: “Dɛn na ɔka kyerɛɛ wo? Mesrɛ wo, ka kyerɛ me!” Ɛbɛyɛ sɛ, Abraham dii kan tenaa ase susuw nea asi no ho. Afei ɔkaa asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ Sara sɛ: “Fi w’asase so ne w’abusua mu na kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.” (Asomafo Nnwuma 7:2, 3) Bere a asɛm no akyi dwoe no, wofii ase susuw adwuma a Yehowa de ama wɔn no ho. Ná wɔn ani ka wɔn fie na na wɔn ho dwo wɔn wɔ hɔ, nanso na ɛsɛ sɛ wotu fi hɔ kodi atutena! Dɛn na na Sara bɛyɛ? Ɛbɛyɛ sɛ ɔrekɔ ba nyinaa na ne kunu rehwɛ no. Nsakrae kɛse a aba wɔn asetena mu yi, Sara beyi ne yam ataa n’akyi anaa?

      Ebia yɛbɛka sɛ, ‘Me deɛ, Onyankopɔn nka nkyerɛɛ me anaa me hokafo sɛ yɛnyɛ biribi a ɛte saa da.’ Enti ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛte nea Sara faa mu no ase. Nanso yɛn nyinaa betumi ahyia tebea a ɛte saa. Wiase a yɛte mu yi, sika ne ahonyade agye nnipa bebree adwene, enti ebetumi ama yɛde yɛn adwene asi ahotɔ, ne agyapade a yebenya so. Afei yebetumi de yɛn adwene nyinaa asi yɛn daakye so. Nanso Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa ade foforo mmom nsi yɛn ani so. Ɛno ne sɛ yɛde Onyankopɔn som bedi kan na yɛayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani mmom sen sɛ yɛbɛyɛ nea yɛn ankasa pɛ. (Mateo 6:33) Sɛ yedwennwen nea Sara yɛe no ho a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Botae bɛn na mede besi m’ani so wɔ abrabɔ mu?’

  • “Woyɛ Ɔbea a Wo Ho Yɛ Fɛ”
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2017 | No. 3
    • Sara abusuafo nso ɛ? Henanom na na obegyaw wɔn hɔ? Ebetumi aba sɛ na Onyankopɔn ahyɛde no yɛ den ma no paa. Ɛkaa sɛ ‘fi w’asase so ne w’abusua mu.’ Ɔbaa a ɔdɔ nnipa na odwen nnipa ho sei deɛ, ebia na ɔwɔ anuanom mmarima ne mmaa, ne n’awofo nuanom mma nso wɔ hɔ. Ebia na wɔfanom ne sewaanom a ɔbɛn wɔn paa nso wɔ hɔ. Saa nnipa yi nyinaa, ebetumi aba sɛ na ɔrenhu wɔn bio. Ne nyinaa akyi, ade rekye na ase resa nyinaa, na Sara de akokoduru reboaboa ne ho ama akwantu no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena