Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asafo No “Nyaa Asomdwoe”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
    • 12 Anania brɛɛ ne ho ase gyee adwuma a Yesu de maa no no toom, na onyaa nhyira. Wo nso, sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ w’asaasesin mu adwuma mpo a, wutie ahyɛde a ɛse yenni adanse frenkyemm no anaa? Ebinom wɔ hɔ a ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔbɛkɔ afie afie akɔka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔnnim wɔn baabiara. Ebinom nso haw ne sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ nnipa wɔ wɔn nnwuma mu, mmɔnten so, anaa telefon so. Anania tumi dii ehu a na ɔwɔ no so na onyaa hokwan boaa Saul ma onyaa honhom kronkron.b Nea ɛmaa Anania tumi yɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no ne sɛ, ɔde ne ho too Yesu so, na ohuu Saul sɛ obi a daakye obetumi abɛyɛ ne nua Kristoni. Yɛn nso, sɛ yesuasua Anania na yenya Yesu mu ahotoso sɛ ɔno na ɔrekyerɛ asɛnka adwuma no kwan, na yenya tema ma afoforo, na yebu nnipa a wɔn asɛm yɛ den no mpo sɛ wɔbetumi abɛyɛ yɛn nuanom a, ebeyi ehu biara a yɛwɔ no afi yɛn mu.—Mat. 9:36.

  • Asafo No “Nyaa Asomdwoe”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
    • b Mpɛn pii no, asomafo no nko ara na na wɔde wɔn nsa gu nkurɔfo so ma wɔnya honhom kronkron akyɛde no. Nanso saa bere yi de, amma no saa, efisɛ Anania na Yesu maa no tumi ma ɔde honhom kronkron akyɛde no maa Saul. Bere a Saul bɛyɛɛ Kristoni no, ɛkyɛe ansa na ɔrehyia asomafo 12 no. Nanso, yebetumi aka sɛ saa bere no nyinaa na ɔreyɛ asɛnka adwuma no. Enti yetumi hu sɛ Yesu maa Saul tumi a ɛbɛboa no ma watumi ayɛ asɛmpaka adwuma no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena