Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Hena Na Yebetumi Ahwɛ Nokware Atɛntrenee Kwan Afi Ne Nkyɛn?
    Ɔwɛn-Aban—1989 | February 15
    • 10. Ɔkwan bɛn so na Paulo de anifere dii dwuma de yii n’asɛm no anim?

      10 Hyɛ anifere ne nyansa a Paulo de fii asɛm no ase no nsow wɔ Asomafo no Nnwuma 17:22, 23. Bere a ogyee sɛnea Atenefo pɛ nyamesom ne anyame pii a wɔwɔ no toom no, ebia n’atiefo no mu binom faa no sɛ ɔrekamfo wɔn. Sɛ́ anka Paulo bɛkasa atia anyame pii a wɔsom no mmom no, ɔde n’adwene sii afɔremuka a ohui a na wɔahyira so ama “Onyame a Wonnim No” no so. Abakɔsɛm mu adanse kyerɛ sɛ na afɔremuka a ɛtete saa wɔ hɔ, na ɛsɛ sɛ ɛno hyɛ yɛn ahotoso wɔ Luka kyerɛwtohɔ no mu no mu den. Paulo de saa afɔremuka yi dii dwuma sɛ ne kasa no nnyinaso. Na nimdeɛ ne ɔkwan pa a wotumi fa so dwen nneɛma ho som bo kɛse ma Atenefo. Nanso, wogye toom sɛ na onyame bi wɔ hɔ a “wonnim no” (Hela, aʹgno·stos). Ɛnde, na nyansa wom sɛ wɔma Paulo kwan ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Ne ho ade. Na obiara rentumi nka saa nsusuwii no ho asɛmmɔne, ɛnte saa?

      So Onyankopɔn Yɛ Obi a Wonnim No?

      11. Ɔkwan bɛn so na Paulo nyaa n’atiefo no ma wodwen nokware Nyankopɔn no ho?

      11 Wiɛ, na saa ‘Onyankopɔn a wonnim’ no yi te dɛn? Saa ‘Onyankopɔn’ yi na ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Obiara rempow sɛ amansan wɔ hɔ, sɛ nnua ne mmoa wɔ hɔ, sɛ adesamma wɔ hɔ. Tumi ne nimdeɛ, yiw, nyansa, a ɛda adi wɔ amansan no mu no da no adi sɛ ɛyɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo bi a ɔwɔ tumi nsa ano adwuma mmom sen sɛ ɛbɛyɛ nea ɛbae ara kwa. Nokwarem no, Paulo nsusuwii no di mũ kɛse mpo wɔ yɛn bere yi so.​—Adiyisɛm 4:11; 10:6.

  • Hena Na Yebetumi Ahwɛ Nokware Atɛntrenee Kwan Afi Ne Nkyɛn?
    Ɔwɛn-Aban—1989 | February 15
    • Atene mmarima, mahu sɛ nneɛma nyinaa mu mopɛ abosonsom papa. 23 Efisɛ meretwam na mehwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi nso a wɔakyerɛw so sɛ: Onyame a wonnim no dea. Enti nea munnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi. 24 Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu, 25 nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛnea ehia no biribi. Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa; 26 na ɔmaa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu traa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn trabea hye ato hɔ ama wɔn 27 sɛ wɔnhwehwɛ Awurade [Onyankopɔn] sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware. 28 Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛnea mo nnwontofo binom nso aka sɛ: Efisɛ n’abusua nso ne yɛn.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena