-
“Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa So”Ɔwɛn-Aban—1989 | January 1
-
-
WƆ DWOM 19 no, Dawid kamfo anuonyam a Onyankopɔn abɔde a aniwa hu wɔ no na ɔtoa so da Yehowa mmara, nkae nsɛm, ahyɛde horow, mmara nsɛm, ne atemmude ahorow ho anisɔ a emu yɛ hyew adi. Ɔsomafo Paulo nso kyerɛɛ saa nneɛma yi ho anisɔ. Ɔfaa asɛm fii saa dwom yi mu kae na ɔtrɛw dwuma a edi no mu ma ɛkɔfaa nokware Kristofo adwuma a ɛho hia no ho. Ɔkaa eyinom ho asɛm sɛ: “Wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano.”—Romafo 10:18.
Saa “nsɛm” yi kyerɛ nkwa ne owu ma adesamma a wɔwɔ hɔ nnɛ no nyinaa efisɛ Yehowa atemmu rebɛba asase so nneɛma nhyehyɛe bɔne no so. (Sefania 2:2, 3; 3:8) Ɛda adi sɛ ɛho hia sɛ adesamma hu Yehowa Ahenni ho asɛmpa no ho biribi. Baabiara a wohwɛ nnɛ no, mpaapaemu, mmarato, nsɛmmɔnedi, ɔbrasɛe ne mmusua a emu apaapae wɔ hɔ. Oo, yiw, wɔka asomdwoe ho asɛm nanso tumi akɛse no kɔ so yɛ akode a ɛyɛ hu kɛse bere a ‘nuklea kuw’ no kɔ so trɛw kɔ aman pii mu no. Tebea horow a ɛwɔ asase so ne “nna a edi akyiri” a Paulo aka ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no hyia.
-
-
“Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa So”Ɔwɛn-Aban—1989 | January 1
-
-
Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa asoma n’Adansefo sɛ wɔnkɔbɔ nnipa no amanneɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni abɛn ne sɛ ɛbɛkyerɛ nkwagye a ɛbɛma wɔn a wobehu Onyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo no anya daa nkwa. (Yesaia 43:10, 12; Luka 21:25, 26, 31; Yohane 17:3) Wɔreka asɛmpa yi wɔ “asase nyinaa so.”
-