-
“Monyɛ Hyew Honhom Mu”Ɔwɛn-Aban—2009 | October 15
-
-
9. Dɛn nti na Paulo de Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no toto nipadua akwaa ho?
9 Monkenkan Romafo 12:4, 5, 9, 10. Paulo de Kristofo a wɔasra wɔn no toto nipadua akwaa a ɛde biakoyɛ resom wɔ wɔn Ti a ɔne Kristo no ase ho. (Kol. 1:18) Ɔkaee Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no sɛ nipadua wɔ akwaa pii a ɛsono adwuma a emu biara yɛ, na ‘ɛwom sɛ wɔdɔɔso de, nanso wɔyɛ nipadua koro wɔ Kristo mu.’ Saa ara na Paulo tuu Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Efeso no fo sɛ: “Momma . . . [yɛmfa] ɔdɔ so nnyin wɔ nneɛma nyinaa mu nkɔ Kristo a ɔne ti no mu. Ne mu na nipadua no nyinaa akeka atoatoam pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ adwuma bom ma kwaa biara de nea ehia ma sɛnea kwaa biara dwumadi te, na ama nipadua no anyin ayɛ den wɔ ɔdɔ mu.”—Efe. 4:15, 16.
-
-
“Monyɛ Hyew Honhom Mu”Ɔwɛn-Aban—2009 | October 15
-
-
11. Dɛn na biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no gyina so, na afotu foforo bɛn na Paulo de maa yɛn?
11 Biakoyɛ a ɛte saa no gyina ɔdɔ a ɛne “koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ” no so. (Kol. 3:14) Paulo sii eyi so dua wɔ Romafo ti 12 sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma ‘nyaatwom ba’ yɛn dɔ mu, na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ‘yam hyehye yɛn ma yɛn ho yɛn ho wɔ onuadɔ mu.’ Eyi ma yenya obu ma yɛn ho yɛn ho. Ɔsomafo no kae sɛ: “Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” Nanso, ɔdɔ a yɛwɔ no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nneɛma bɔne so. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ma asafo no ho tew. Bere a Paulo de ɔdɔ ho afotu rema no, ɔde kaa ho sɛ: “Munkyi bɔne, mommata papa ho.”
-