-
Sua Kristofo Abrabɔ Pa Na Fa Kyerɛkyerɛ AfoforoƆwɛn-Aban—2002 | June 15
-
-
6, 7. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi kan kyerɛkyerɛ yɛn ho? (b) Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan mu Yudafo no amfata sɛ akyerɛkyerɛfo?
6 Dɛn nti na wɔka sɛ ɛsɛ sɛ yedi kan kyerɛkyerɛ yɛn ho? Ɛne sɛ, yennii kan nkyerɛkyerɛɛ yɛn ho a, yɛrentumi nkyerɛkyerɛ afoforo yiye. Paulo sii nokwasɛm yi so dua wɔ asɛm bi a ɛkanyan adwene a ɔkae a na ɛfa saa bere no so Yudafo ho titiriw nanso ekura asɛntitiriw bi ma Kristofo nnɛ no mu. Paulo bisae sɛ: “Afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade? Wo a wuse wɔnnsɛe aware no, wosɛe aware? Wo a wukyi ohoni no, wofow asɔrefi nneɛma? Wo a wohoahoa wo ho mmara mu no nam mmarato so hura Onyankopɔn anim?”—Romafo 2:21-23.
7 Paulo nam nsɛmmisa a na ɔnhwehwɛ mmuae so twee adwene sii mfomso abien a Mmara Du no kaa ho asɛm so: Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. (Exodus 20:14, 15) Ná Paulo bere so Yudafo no binom hoahoa wɔn ho sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Mmara. Ná ‘wofi Mmara mu akyerɛkyerɛ wɔn, na na wɔadaadaa wɔn sɛ wɔyɛ anifuraefo akwankyerɛfo, ne hann ma wɔn a wɔwɔ sum mu no, ne nkokoaa akyerɛkyerɛfo.’ (Romafo 2:17-20) Nanso na wɔn mu binom yɛ nyaatwomfo efisɛ na wɔbɔ korɔn anaasɛ wɔsɛe aware wɔ sum ase. Ná ɛno behura Mmara no ne ne Kyerɛwfo a ɔwɔ soro no anim. Wubetumi ahu sɛ na wɔmfata koraa sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo; ná wɔnkyerɛkyerɛ wɔn ankasa ho mpo.
8. Ɔkwan bɛn so na na Yudafo bi a wɔwɔ Paulo bere so no ‘fow asɔrefie nneɛma’?
8 Paulo kaa asɔrefie nneɛma a wɔfow ho asɛm. So na Yudafo binom yɛ saa ankasa? Dɛn na na ɛwɔ Paulo adwenem? Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ yenni asɛm yi ho nsɛm pii nti, yɛrentumi nka sɛnea Yudafo binom ‘fow asɔrefie nneɛma’ no ho asɛm pefee. Mfiase no, Efeso kuropɔn no kyerɛwfo no kae sɛ na Paulo ne n’ayɔnkofo no ‘mfow asɔrefie nneɛma,’ a ɛkyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no na nkurɔfo bi susuw sɛ Yudafo betumi ayɛ saa. (Asomafo no Nnwuma 19:29-37) So na wɔde nneɛma a ɛsom bo a Yudafo anuɔdenfo a wɔyɛ katee afow afi abosonnan mu no yɛ wɔn ho anaa wɔtɔn? Sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ wɔsɛe ahoni dwetɛ ne sika, na na ɛnsɛ sɛ wɔde yɛ wɔn ho. (Deuteronomium 7:25)a Enti ɛbɛyɛ sɛ na Paulo reka Yudafo a wobuu wɔn ani guu Onyankopɔn ahyɛde so na wɔde nneɛma a efi abosonnan mu yɛɛ wɔn ho anaa wɔpɛɛ so mfaso no ho asɛm.
9. Nneyɛe bɔne a na wɔyɛ wɔ Yerusalem asɔrefie bɛn na na ɛte sɛ fow a wɔfow asɔrefie nneɛma?
9 Nea ɛne no bɔ abira no, Josephus kaa aniwusɛm bi a Yudafo baanan bi a na wɔn kannifo no yɛ Mmara no kyerɛkyerɛfo ma esii Roma no ho asɛm. Nnipa baanan yi daadaa Romani bea bi a wasakra abɛyɛ Yudani sɛ ɔmfa sika kɔkɔɔ ne agude mma sɛ Yerusalem asɔrefie no ho ntoboa. Bere a wɔn nsa kaa eyi fii ɔbea no hɔ pɛ na wɔfae—kyerɛ sɛ ɔkwan bi so no, na wɔafow asɔrefie ade.b Na afoforo nso nam nneɛma a enni mũ a wɔde bɔ afɔre ne adifudepɛ aguadi a ɛkɔ so wɔ asɔrefie hɔ a na wɔhyɛ ho nkuran, ne asɔrefie a na wɔadan no “adwowtwafo tu” so fow Onyankopɔn asɔrefie.—Mateo 21:12, 13; Malaki 1:12-14; 3:8, 9.
-
-
Sua Kristofo Abrabɔ Pa Na Fa Kyerɛkyerɛ AfoforoƆwɛn-Aban—2002 | June 15
-
-
a Bere a Josephus reka Yudafo no ho asɛm sɛ nnipa a na wɔkyerɛ obu ma akronkronne no, ɔtĩĩ Onyankopɔn mmara mu saa kwan yi so sɛ: “Mma obiara nnka anyame a aman afoforo som no ho abususɛm, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mofow ananafo asɔrefie, anaa mofa akorade a wɔahyira so wɔ onyame biara din mu no.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.)—Jewish Antiquities, Nhoma a ɛto so 4, ti 8, nkyekyɛm 10.
-