Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nteɛso a Ebetumi Asow Asomdwoe Aba
    Ɔwɛn-Aban—1988 | June 1
    • 5, 6. (a) Afotu a nyansa wom a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne wɔn a wɔyɛ bɔne a anibere wom na wɔnkyerɛ ahonu di ho bɛn na yɛwɔ? (Mateo 18:17) (b) Nsemmisa bɛn na ɛda yɛn anim?

      5 Bere a ɔbarima bi a ɔwɔ Korinto kɔɔ so buu ɔbra bɔne na wankyerɛ ahonu no, Paulo ka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ aguaman anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ɔmaanefo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnidi mpo.” (1 Korintofo 5:11-13) Saa ara na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ awaefo te sɛ Himeneo: “Nkyekyem farebae a woakasa akyerɛ no pɛnkoro ne ne mprenu no, pa no! Na hu sɛ, nea ɔte sa no, ne ti asɛe, na ɔyɛ bɔne.” (Tito 3:10, 11; 1 Timoteo 1:19, 20) Ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔtwe wɔn ho fi obiara a ɔpow asafo no ho nso: “Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn traa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.”​—1 Yohane 2:18, 19.

  • Nteɛso a Ebetumi Asow Asomdwoe Aba
    Ɔwɛn-Aban—1988 | June 1
    • Wɔntwe Wɔn Ho Koraa?

      7. Yɛn abrabɔ bɛyɛ soronko wɔ abɔnefo akuw horow abien no ho dɛn?

      7 Kristofo ntwe wɔn ho mfi nnipa ho. Yɛne afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, ne afoforo di nkitaho, na sɛ ebinom yɛ ‘nguaman, aniberefo, abosonsomfo anaa amimfo’ mpo a, yedi wɔn adanse. Paulo kyerɛw sɛ yɛrentumi nkwati wɔn koraa, ‘ɛno de, na anka ɛsɛ sɛ yefi wiase kɔ.’ Ɔkae sɛ ɛsɛ yɛyɛ yɛn ade soronko wɔ “onua” a ɔbɔ ne bra saa no ho: ‘Mo ne obi a wɔfrɛ no onua [a wasan akɔfa akwan a ɛte saa so] no mmmɔ, mo ne no nnnidi mpo.’​—1 Korintofo 5:9-11; Marko 2:13-17.

      8. Afotu bɛn na ɔsomafo Yohane de mae wɔ obi ho a wɔtwe wɔn ho fi no ho?

      8 Wɔ ɔsomafo Yohane nkyerɛwee no mu no, yehu afotu a ɛte saa ara a esi sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo kwati saafo no koraa no so dua: “Obiara a ɔfom so na ɔntra Kristo kyerɛ no mu no, onni Nyankopɔn . . . Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura kyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no! Na nea okyia no [Hela, khaiʹro] no yɛ ne nnwuma bɔne fafafo.”a​—2 Yohane 9-11.

      9, 10. (a) Na dɛn na ɛba mmaratofo a wɔnkyerɛ ahonu wɔ Isreal no so, na dɛn ntia? (b) Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ nnɛ ma sɛnea wɔne nnipa a wɔatu wɔn wɔ bɔne a wɔnkyerɛ ahonu wɔ ho no ho? (2 Petro 2:20-22)

      9 Dɛn nti na gyinabea pintinn a ɛte saa fata nnɛ mpo? Wiɛ, susuw afoforo a wokum wɔn koraa no ho asɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no mu no ho. Wɔ nsɛm ahorow a anibere wom mu no, na wokum wɔn a wɔhyɛ da bu mmara so no. (Leviticus 20:10, Numeri 15:30, 31) Sɛ ɛba saa a, afoforo, abusuafo mpo rentumi ne mmaratofo a wawu no nkasa bio. (Leviticus 19:1-4; Deuteronomium 13:1-5; 17:1-7) Ɛwom sɛ na Israelfo anokwafo a wɔwɔ hɔ saa bere no yɛ nnipa a wɔwɔ nkate horow te sɛ yɛn ara de, nanso na wonim sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee na ɔwɔ ɔdɔ ne sɛ ne Mmara bɔɔ wɔn abrabɔ ne honhom fam ahotew ho ban. Enti na wobetumi agye atom sɛ ne nhyehyɛe a wayɛ sɛ wonkum abɔnefo no yɛ ade a eye na ɛteɛ.​—Hiob 34:10-12.

      10 Yɛn nso yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo pow sɛ wɔne obi a wɔatu no esiane bɔne a wannu ne ho wɔ ho nti bɛbɔ no yɛ ahobammɔ a nyansa wom ma yɛn. “Munyi mmɔkaw dedaw no, na moayɛ mmɔre foforo, sɛ moyɛ apiti no.” (1 Korintofo 5:7) Ɛdenam kwati a Kristofo kwati nnipa a wɔhyɛ da twe wɔn ho no so no, wonya ahobammɔ fi awaefo adwenkyerɛ a wɔde kasa tia na ɛnkyerɛ anisɔ no mpo ho.​—Hebrifo 12:15, 16.

      Abusuafo Nso Ɛ?

      11, 12. (a) Sɛ wokum ɔbɔnefo bi a, tumi bɛn na na enya wɔ abusuafo a wɔyɛ Israelfo no so. (b) Yɛ osetie mu mfaso horow ho nhwɛso.

      11 Ɛda adi sɛ Onyankopɔn nim sɛ ɛtaa yɛ nea ne mmara a ɛfa abɔnefo a wɔbɛtwe wɔn ho afi wɔn ho a wobedi so no fa abusuafo ho na ɛka wɔn nso. Sɛnea yɛaka wɔ atifi hɔ no, sɛ wokum ɔbɔnefo a ɔyɛ Israelni a, n’abusua rentumi ne no mmɔ fekuw bio. Nokwarem no, sɛ ɔbabarima bi yɛ ɔsabofo ne odidifo a, ɛsɛ sɛ n’awofo de no kɔ atemmufo no anim, na sɛ wankyerɛ ahonu a, ɛsɛ sɛ n’awofo nya ne kum a ɛteɛ no mu kyɛfa na ama ‘wɔayi bɔne no afi Israel mu.’ (Deuteronomium 21:18-21) Wubetumi ahu sɛ na eyi renyɛ mmerɛw mma wɔn. Susuw sɛnea abɔnefo no nuanom anaasɛ ne nananom tee nka no nso ho. Nanso nokwaredi ma wɔn trenee Nyankopɔn no a wɔde bedi ɔdɔ a wɔwɔ ma abusua no anim kan no betumi agye wɔn nkwa.

      12 Kae Kora a na ɔyɛ ɔkannifo wɔ atua a wɔtew tiaa Onyankopɔn akanni denam Mose so no asɛm no. Wɔ Yehowa atɛntrenee a ɛyɛ pɛ mu no, ɔhwɛ maa Kora wui. Nanso wotuu anokwafo nyinaa fo sɛ: “Montwe mo ho mfi nnipa abɔnefo yi ntamadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ.” Abusuafo a wɔannye Onyankopɔn kɔkɔbɔ antom no ne atuatewfo no wui. Nanso Kora abusuafo no mu binom fi nyansa mu paw sɛ wobedi Yehowa nokware, ade a egyee wɔn nkwa na ɛma wonyaa nhyira akyiri yi.​—Numeri 16:16-33; 26:9-11; 2 Beresosɛm 20:19.

      13. Sɛ wotu Kristofo anokwafo abusua muni bi anaasɛ ɔtwe ne ho a, wɔbɛyɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

      13 Tu a wotu obi fi Kristofo asafo no mu no nkyerɛ sɛ obewu ntɛm ara, enti ɔne n’abusua ntam abusuabɔ kɔ so. Enti ɔbarima bi a wɔatu no anaasɛ watwe ne ho no betumi akɔ so ne ne yere a ɔyɛ Kristoni ne ne mma anokwafo no akɔ so atra fie. Obu a ne yere ne ne mma wɔ ma Onyankopɔn atemmu ahorow ne nea asafo no ayɛ no bɛka wɔn ma wɔahu sɛ ɔnam ɔkwan a ɔfaa so no so asakra honhom mu abusuabɔ a ɛwɔ ɔne wɔn ntam no. Nanso, esiane sɛ tu a wɔatu no no mma wɔn honam fam abusuabɔ anaasɛ aware no mma awiei nti, abusua mu ɔdɔ a wɔwɔ ne nneyɛe betumi akɔ so.

      14. Ɔsoro afotu bɛn na ɛsɛ sɛ ɛka nkitaho a obusuani a omfi abusua kɔntɔnkrɔn no mu a wɔatu no anaasɛ watwe ne ho no?

      14 Ɛsono tebea no sɛ nea wɔatu no anaasɛ watwe ne ho no ne abusua no nte faako ne ofi biako mu a. Ebetumi aba sɛ wɔne obusuani no renni nkitaho koraa. Sɛ abusuasɛm bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔne no di nkitaho wɔ ho a, ɛda adi sɛ wɔrenyɛ eyi nkɔ akyiri na ama ɛne ɔsoro nnyinasosɛm yi ahyia: “Sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ aguaman anaa oniberefo [anaa wadi bɔne a anibere wom foforo ho fɔ a],. . . mo ne no mmɔ. . .mo ne no nnnidi mpo.”​—1 Korintofo 5:11.

      15. Ɔkwan bɛn so na abusuafo betumi adi wɔn nkate horow so wɔ tebea horow a ɛte saa no mu? (Dwom 15:1-5; Marko 10:29, 30)

      15 Ntease wom sɛ ɛyɛ nea eyi betumi ayɛ den esiane nkate ne abusua ntam abusuabɔ, te sɛ ɔdɔ a nananom wɔ ma wɔn nenanom no nti. Nanso, eyi yɛ nokwaredi ma Onyankopɔn ho sɔhwɛ, sɛnea onuawa a yɛafa n’asɛm aka wɔ kratafa 27 no aka no. Obiara a ɔte awerɛhow ne ɛyaw a obusuani a wɔatu no ama aba no nka no betumi anya awerɛkyekye na wama nhwɛso a Kora abusuafo binom yɛe no ahyɛ ne nkuran.​—Dwom 84:10-12.b

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena