-
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo HɔƆwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018 | December
-
-
“Wohwim” ɔsomafo Paulo “kɔɔ ɔsoro a ɛto so abiɛsa,” na wohwim no “kɔɔ paradise.” Saa asɛm no kyerɛ sɛn?—2 Kor. 12:2, 4.
Paulo kaa ɔbarima bi a ‘wohwim no kɔɔ ɔsoro a ɛto so abiɛsa’ ho asɛm wɔ 2 Korintofo 12:2, 3. Hena ne saa ɔbarima no? Bere a Paulo kyerɛw Korinto asafo no, osii so dua sɛ Onyankopɔn de no reyɛ adwuma sɛ ɔsomafo. (2 Kor. 11:5, 23) Afei, ɔkaa “Awurade anisoadehu ne n’adiyi” ho asɛm. Paulo anka anuanom foforo ho asɛm wɔ saa asɛm yi mu. Ɛno nti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ, ɔbarima a onyaa anisoadehu ne adiyi no, na Paulo reka ɔno ankasa ho asɛm.—2 Kor. 12:1, 5.
Enti, Paulo ne ɔbarima a ‘wohwim no kɔɔ ɔsoro a ɛto so abiɛsa’ na “wohwim no kɔɔ paradise” no. (2 Kor. 12:2-4) Ɔde asɛmfua ‘adiyi’ dii dwuma, na ɛkyerɛ biribi a ɛbɛba daakye a woyi kyerɛɛ no.
“Ɔsoro a ɛto so abiɛsa” a Paulo hui no yɛ dɛn?
Bible ka “ɔsoro” a, etumi kyerɛ ewim. (Gen. 11:4; 27:28; Mat. 6:26) Wotumi de asɛmfua “ɔsoro” gyina hɔ ma nneɛma foforo nso. Ɛtɔ da a, egyina hɔ ma nnipa tumidi. (Dan. 4:20-22) Anaa ebetumi akyerɛ Onyankopɔn tumidi; ebi ne sɛ, Yehowa tumi fa Onyankopɔn Ahenni no so di tumi.—Adi. 21:1.
Paulo huu “ɔsoro a ɛto so abiɛsa.” Ɛkyerɛ sɛn? Ɛtɔ da a, Bible ka asɛm bi mprɛnsa de si biribi so dua, de hyɛ asɛm bi mu den, anaa ɛde kyerɛ sɛnea asɛm bi yɛ aniberesɛm. (Yes. 6:3; Hes. 21:27; Adi. 4:8) Bere a Paulo kaa “ɔsoro a ɛto so abiɛsa” ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔreka nniso a ɛkorɔn bi ho asɛm. Ɛno ne Mesia Ahenni a Yesu Kristo ne ne mfɛfo 144,000 di so no. (Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 1, kr. 1059, 1062.) Ɔsomafo Petro kaa sɛ, sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ te no, yɛretwɛn “ɔsoro foforo.”—2 Pet. 3:13.
-
-
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo HɔƆwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018 | December
-
-
“Ɔsoro a ɛto so abiɛsa” a Paulo kaa ho asɛm wɔ 2 Korintofo 12:2 no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Mesia Ahenni a Yesu Kristo ne 144,000 no di so no, ɛno ne “ɔsoro foforo” no.—2 Pet. 3:13.
Ahenni no yɛ “ɔsoro a ɛto so abiɛsa” efisɛ ɛyɛ tumidi a ɛkorɔn.
-