Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Wubetumi Asakra Wo Daakye?
    Ɔwɛn-Aban—2005 | January 15
    • Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn] ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu, sɛnea ɔpaw yɛn wɔ no mu ansa na wɔhyɛɛ wiase ase . . . na oyi yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abagye mu.” (Efesofo 1:3-5) Dɛn na Onyankopɔn apaw, na paw a ɔpaw wɔn “ansa na wɔhyɛɛ wiase ase” no kyerɛ dɛn?

  • So Wubetumi Asakra Wo Daakye?
    Ɔwɛn-Aban—2005 | January 15
    • Na dɛn na ɛwɔ ɔsomafo Paulo adwenem bere a ɔkae sɛ: “[Onyankopɔn paw] yɛn wɔ no mu ansa na wɔhyɛɛ wiase ase” no? Wiase a na Paulo reka ho asɛm wɔ ha no nyɛ wiase a Onyankopɔn de hyɛɛ ase bere a ɔbɔɔ Adam ne Hawa no. Na saa wiase no ‘ye papa’—na bɔne ne ɔporɔw nni mu koraa. (Genesis 1:31) Ná enhia ‘ogye’ biara fi bɔne mu.—Efesofo 1:7.

      Wiase pɔtee a na Paulo reka ho asɛm no ne nea ɛbae wɔ Adam ne Hawa atuatew wɔ Eden no akyi—wiase bi a ɛyɛ soronko wɔ nea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim mfiase sɛ ɛnyɛ no ho. Ɛno ne wiase a wɔde Adam ne Hawa mma fii ase no. Ná nnipa a wɔwom no aman afi Nyankopɔn ho abɛyɛ nkoa ama bɔne ne ɔporɔw. Ná ɛyɛ wiase a esiane sɛ nnipa a wɔwom no nte sɛ Adam ne Hawa a wɔhyɛɛ da yɛɛ bɔne no nti, na wobetumi agye wɔn nkwa.—Romafo 5:12; 8:18-21.

      Yehowa Nyankopɔn tumi dii tebea a efi Eden atuatew no mu bae no ho dwuma amonom hɔ ara. Bere a ɛho behia ara pɛ no, ɔyɛɛ asoɛe titiriw bi ho nhyehyɛe too hɔ—Mesia Ahenni a ɔde ahyɛ Yesu Kristo nsa sɛ ɔnam so begye adesamma afi Adam bɔne mu no. (Mateo 6:10) Onyankopɔn yɛɛ eyi ansa na ‘wɔhyɛɛ wiase’ a ɛne adesamma a wobegye wɔn no “ase,” kyerɛ sɛ ansa na Adam ne Hawa rewo mma.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena