-
Afahyɛ Ahorow Nyinaa Na Ɛsɔ Onyankopɔn Ani Anaa?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
Monkenkan Efesofo 5:10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Ansa na yebesi gyinae sɛ yebedi afahyɛ bi anaa yɛrenni no, asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?
Baabi a wowɔ no, afahyɛ anaa nnapɔnna bɛn na nkurɔfo taa di?
Wohwɛ a, ne nyinaa na ɛsɔ Yehowa ani anaa?
Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛyɛ a nkurɔfo taa di wɔn awoda paa. Ɛno sɛɛ, wohwɛ a, ɛsɔ Yehowa ani? Worenhu wɔ Bible mu baabiara sɛ Yehowa somfo bi dii n’awoda. Mmom wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ, nnipa mmienu pɛ na wodii wɔn awoda, na na wɔn mu biara nsom Yehowa. Monkenkan Genesis 40:20-22 ne Mateo 14:6-10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Wohwɛ awodadi mmienu a Bible ka ho asɛm no a, dɛn na esii wɔ emu biara ase?
Wohwɛ kyerɛwnsɛm mmienu a yɛasusuw ho yi a, Yehowa hu awodadi sɛn?
Ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ midi awoda anaa midi afahyɛ bi a Bible kasa tia a, ɛyɛ ampa sɛ ɛbɛhaw Yehowa?’ Monkenkan Exodus 32:1-8. Afei hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ ɛsɔ Yehowa ani. Adɛn ntia?
Yɛbɛyɛ dɛn ama biribiara a yɛyɛ asɔ Yehowa ani?
Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ afahyɛ anaa nnapɔnna bi sɔ Onyankopɔn ani anaa ɛnsɔ n’ani?
Egyina Bible so anaa? Sɛ wubetumi anya ho mmuae a, gye sɛ woyɛ afahyɛ no ho nhwehwɛmu, na wuhu nea ɛyɛe a ɛbae.
Wodi afahyɛ no de hyɛ onipa anaa ahyehyɛde bi anuonyam anaa? Anaa ɛyɛ a wɔde nidi soronko ma ɔman no ahyɛnsode bi? Ɛnsɛ sɛ yɛde nidi soronko ma obiara, gye Yehowa. Afei yenim sɛ ɔno nko ara na obetumi ayi wiase haw afi hɔ.
Nneɛma a wɔyɛ wɔ afahyɛ no ase no, ɛne Bible hyia anaa? Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn abrabɔ ho tew.
-
-
Fa Nneɛma a Ɛsɔ Yehowa Ani Gyigye W’aniWubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
ADESUA 53
Fa Nneɛma a Ɛsɔ Yehowa Ani Gyigye W’ani
Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11) Ɔpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ asetena mu. Ɛwom ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma, nanso ɛwom ara a ɔpɛ sɛ yeyi bere si hɔ de gye yɛn ahome, na yegye yɛn ani. Yɛyɛ saa a, ɛma n’ani gye. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi de bere a yɛde gye yɛn ahome no ayɛ nneɛma a ɛbɛma yɛn ani agye, na bere koro no ara yɛasɔ Yehowa ani.
1. Sɛ yɛrehwehwɛ biribi de agyigye yɛn ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?
Sɛ woregye w’ahome a, ɛyɛ a dɛn na woyɛ? Ebinom ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan nhoma bi, wobetie nnwom, wɔbɛhwɛ sini, anaa wɔbɛkɔ intanɛt so. Afoforo nso de, wɔn ani gye ho sɛ wɔne wɔn nnamfo bɛkɔ mmeae a ɛhɔ yɛ fɛ, wobeguare nsu, anaa wobedi agorɔ bi. Nea yɛde begyigye yɛn ani biara, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ ‘ɛsɔ Awurade ani.’ (Efesofo 5:10) Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma saa asɛm yi tena yɛn adwenem ne sɛ, ɛnnɛ, nneɛma a nkurɔfo de gyigye wɔn ani no mu pii wɔ hɔ a, nneɛma a Yehowa kyi nko ara na ɛwom. Sɛ anyɛ awudisɛm a, na ɛyɛ aguamansɛm, anaa ahonhonsɛm. (Kenkan Dwom 11:5.) Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛahu nea yebetumi de agyigye yɛn ani?
Sɛ yɛfa wɔn a wɔdɔ Yehowa nnamfo a, wobetumi aboa yɛn ama yɛapaw anigyede a asɛm biara nni ho. Sɛnea yehui wɔ Adesua 48 mu no, “nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.” Saa ara na sɛ yɛne wɔn a wɔnnɔ Yehowa, na wɔmfa ne mmara nsɛm mmɔ wɔn bra bɔ a, ‘ebewie yɛn bɔne.’—Mmebusɛm 13:20.
2. Adɛn nti na ehia sɛ yɛhwɛ bere dodow a yɛde gye yɛn ani?
Sɛ nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani no fata mpo a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansɛe bere pii wɔ ho. Anyɛ saa a, yɛrennya bere mfa nyɛ nneɛma a ɛho hia no. Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛmfa yɛn bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.’—Kenkan Efesofo 5:15, 16.
SUA PII KA HO
Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wode gyigye w’ani? Bere dodow sɛn na ɛsɛ sɛ wode gye w’ani? Ɔfã yi bɛboa wo ama woanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.
3. Ɛnsɛ sɛ wode biribiara a ɛmfata gyigye w’ani
Sɛ yɛrepɛ nneɛma a yebetumi de agyigye yɛn ani a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu yiye? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Tete no, agorɔ a na wodi wɔ Roma kurow no mu no, ɔkwan bɛn so na ɛne nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani nnɛ no bi di nsɛ?
Dɛn na Danny hu faa anigyede ho?
Kenkan Romafo 12:9. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Sɛ worepɛ biribi de agyigye w’ani a, kyerɛwsɛm yi bɛboa wo sɛn?
Nneɛma a Yehowa kyi no, ebi ne dɛn? Monkenkan Mmebusɛm 6:16, 17 ne Galatifo 5:19-21. Sɛ mokan kyerɛwsɛm biara wie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:
Ɛnnɛ wohwɛ nneɛma a nkurɔfo de gyigye wɔn ani no a, nneɛma a wɔabobɔ so wɔ kyerɛwsɛm yi mu nea ɛwɔ he na wotaa hu wɔ mu?
Sɛ worepɛ biribi de agye w’ani a, dɛn na ɛbɛboa wo ma woasi gyinae pa?
Bisa wo ho sɛ:
Biribi wom a Yehowa kyi?
Ɛyɛ a ɛma ɛyɛ den sɛ menya bere ayɛ nneɛma a ɛho hia no?
Ɛma me ne wɔn a wɔnnɔ Yehowa bɔ fekuw?
Sɛ wuhu sɛ biribi betumi de wo ato asiane mu a, ɛbɛyɛ papa sɛ wotwe wo ho fi ho koraa. Saa ara na sɛ yehu sɛ biribi a yɛde gyigye yɛn ani betumi asɛe yɛne Yehowa ntam a, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho
4. Fa wo bere yɛ adwuma yiye
Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Ɛwom, nea na onua no de regyigye n’ani no, na asɛm nni ho, nanso na ne haw ne sɛn?
Monkenkan Filipifo 1:10. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Ɔkwan bɛn so na kyerɛwsɛm yi betumi aboa yɛn ama yɛahu bere dodow a ɛsɛ sɛ yɛde gye yɛn ani?
5. Sɛ wopɛ biribi a wode begye w’ani a, paw nea asɛm biara nni ho
Ɛwom, nneɛma a nkurɔfo de gyigye wɔn ani no pii wɔ hɔ a, Yehowa ani nnye ho. Nanso ebi wɔ hɔ a, asɛm biara nni ho. Monkenkan Ɔsɛnkafo 8:15 ne Filipifo 4:8. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Nneɛma a ɛfata a wode gyigye w’ani no, ebi ne dɛn?
Wubetumi de nneɛma a ɛfata na asɛm biara nni ho agyigye w’ani
EBINOM KA SƐ: “Sɛ wode nneɛma a awudisɛm, aguamansɛm, anaa ahonhonsɛm wom gyigye w’ani a, ɛnyɛ hwee. Nea ehia ara ne sɛ worenyɛ saa nneɛma no bi.”
Sɛ obi ka saa a, dɛn na wobɛka?
NEA YƐASUA
Yehowa pɛ sɛ yegye yɛn ani, nanso ɔpɛ sɛ yɛde nneɛma a ɛfata anaa asɛm biara nni ho gyigye yɛn ani.
Ntimu
Nneɛma bɛn na ɛnsɛ sɛ Kristofo de gyigye wɔn ani?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansɛe bere pii wɔ nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani no ho?
Adɛn nti na wopɛ sɛ wode nneɛma a ɛsɔ Yehowa ani gyigye w’ani?
YƐ NHWEHWƐMU
Hena na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ yɛn nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛde gyigye yɛn ani?
“Sini ne Nhoma ne Nnwom Bi Wɔ Hɔ a Yehowa Adansefo Bara Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)
Sɛ wopɛ biribi de agyigye w’ani a, wobɛyɛ dɛn ahu nea ɛfata anaa asɛm biara nni ho?
“So Mfaso Wɔ Nea Wode Gye W’ani So?” (Ɔwɛn-Aban, October 15, 2011)
Kenkan asɛm a yɛato din “Manya Afoforo ho Adwempa,” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu nea enti a ɔbarima bi sesaa nneɛma a na ɔde gyigye n’ani no.
Hwɛ nea ɔbaatan bi yɛe bere a na ɔrehwɛ sini, na ahonhonsɛm puee mu no.
-