Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Onipa A Onni Mmara No” A Wobehu No
    Ɔwɛn-Aban—1990 | February 1
    • Faako a Onipa a Onni Mmara no Fi

      4. Hena na ɔmaa onipa a onni mmara no bae na ɔboa no?

      4 Hena na ɔmaa onipa a onni mmara yi bae na ogyina n’akyi? Paulo bua sɛ: “Ɔno nso na ne ba no, ɔba no Satan adwumayɛ so, atoro tumi ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiride nyinaa mu ne nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔyera no mu, efisɛ wɔannye nokware dɔ na wɔde agye wɔn nkwa.” (2 Tesalonikafo 2:9, 10) Enti Satan ne onipa a onni mmara yi agya na ɔno na ɔboa no. Na sɛnea Satan sɔre tia Yehowa, N’atirimpɔw, ne Ne nkurɔfo no, saa ara nso na onipa a onni mmara no yɛ, sɛ ebia onim anaasɛ dabi no.

      5. Dɛn na ɛbɛba onipa a onni mmara no ne wɔn a wodi n’akyi no so?

      5 Nea ɛbɛba onipa a onni mmara yi so no bi ara na ɛbɛba wɔn a wodi n’akyi no so​—ɔsɛe: “Wobeyi nea onni mmara bi no adi, nea Awurade . . . bekum no na ɔde ne ba no pue beyi no hɔ koraa no.” (2 Tesalonikafo 2:8) Ɛrenkyɛ na bere a wɔbɛsɛe onipa a onni mmara no ne n’akyigyinafo (“wɔn a wɔresɛe”) no adu “ɛda a wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na adi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were. Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe.”​—2 Tesalonikafo 1:6-9.

  • “Onipa A Onni Mmara No” A Wobehu No
    Ɔwɛn-Aban—1990 | February 1
    • Onii a Onipa a Onni Mmara no Yɛ a Wobehu No

      7. Dɛn nti na yɛka sɛ na ɛnyɛ onipa biako pɛ na Paulo reka ne ho asɛm, na onipa a onni mmara no gyina hɔ ma dɛn?

      7 So na Paulo reka onipa biako bi ho asɛm? Dabi, efisɛ ɔka sɛ na “onipa” yi ayi ne ho adi wɔ Paulo bere so na ɔbɛkɔ so atra hɔ akosi sɛ Yehowa bɛsɛe no wɔ nhyehyɛe yi awiei. Enti watra ase mfehaha pii. Ɛda adi sɛ onipa ankasa biara nni hɔ a watra ase bere tenten saa. Enti ɛsɛ sɛ asɛm “onipa a onni mmara no” yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de, a egyina hɔ ma kuw anaasɛ nnipa bi.

      8. Hena ne onipa a onni mmara no, na nneɛma a ɛma yehu no bi ne nea ɛwɔ he?

      8 Wɔne henanom? Adanse no kyerɛ sɛ wɔne Kristoman asɔfokuw ahantanfo ne anuonyampɛfo a wɔayɛ wɔn ho mmara ama wɔn ho mfehaha pii a atwam ni no. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nyamesom ne awaefo akuw mpempem pii na ɛwɔ Kristoman mu, a emu biara wɔ ne sɔfo, nanso ebiara ne afoforo a aka no adwene nhyia wɔ nkyerɛkyerɛ anaa nneyɛe bi ho no ma yetumi hu eyi. Mpaapaemu yi yɛ adanse pefee sɛ worentumi mfi Onyankopɔn. (Fa toto Mika 2:12; Marko 3:24; Romafo 16:17; 1 Korintofo 1:10 ho.) Nanso ade biako a nyamesom ahorow yi nyinaa yɛ ne sɛ wonkura Bible nkyerɛkyerɛ mu, na wɔabu ahyɛde a ɛdi so yi so: “Munnnwen nntra nea wɔakyerɛw so.”​—1 Korintofo 4:6; hwɛ Mateo 15:3, 9, 14 nso.

      9. Gyidi horow a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia bɛn na nea onni mmara no de asi Bible nokware ahorow ananmu?

      9 Enti, nea onni mmara yi yɛ nnipakuw bi: Kristoman nyamesom asɔfo. Asodi da wɔn nyinaa so wɔ nea nyamesom akannifo kuw no ayɛ ho, sɛ ebia wɔyɛ paapanom, asɔfo, tete agyanom, anaasɛ Protestant asɛnkafo. Wɔde abosonsom mu atosɛm, nkyerɛkyerɛ a enni Kyerɛwnsɛm mu te sɛ onipa kra a enwu da, hell-gya, ahodwiragya, ne Baasakoro asi Onyankopɔn ho nokware ahorow ananmu. Wɔte sɛ nyamesom akannifo a Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. . . . Ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya” no. (Yohane 8:44) Wɔn nneyɛe nso pa wɔn ho ntama sɛ mmaratofo, efisɛ wɔde wɔn ho hyɛ dwumadi ahorow a ebu Onyankopɔn mmara so mu. Yesu ka kyerɛ saafo no sɛ: “Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!”​—Mateo 7:21-23.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena