Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No So
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
    • 5 Ɔsomafo Paulo krataa a edi kan a ɔkyerɛw Timoteo ne nea ɔde kɔmaa Tito no mu no, ɔkaa Kyerɛwnsɛm mu nneɛma atitiriw a wɔhwehwɛ fi ahwɛfo hɔ no ho asɛm. Wohwɛ 1 Timoteo 3:1-7 a, ɛhɔ kenkan sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma a, na wapɛ adwuma pa. Enti ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a asɛm nni ne ho, ɔyɛ okunu a ne yere yɛ biako, ɔkari pɛ wɔ ne nneyɛe mu, n’adwenem da hɔ, ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ, ɔpɛ ahɔhoyɛ, otumi kyerɛkyerɛ, ɔnyɛ ɔkɔwensani tutupɛfo, ɔnyɛ pupopupo, na mmom ɔte asɛm ase, ɔmpɛ ntɔkwaw, ɔnyɛ sikanibere, odi n’ankasa fie so yiye, ne mma brɛ wɔn ho ase ma no wɔ nidi nyinaa mu; (na sɛ obi nnim sɛnea obedi n’ankasa fie so a, ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?) ɔnyɛ abɛɛfo, efisɛ anhwɛ a na wahoman ahwe atemmu a wɔde ama Ɔbonsam no mu. Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔn a wonni asafo no mu di ne ho adanse pa, na wanhwe ahohora ne Ɔbonsam afiri mu.”

  • Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No So
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
    • 7 Sɛ wohwɛ Bible mu nsɛm a wogyina so paw obi sɛ ɔhwɛfo no a, mfiase no ebia wobɛka sɛ ɛyɛ den dodo, nanso sɛ woyɛ Kristoni barima a, ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wobɛpere adu ho. Sɛ asafo mu mpanyimfo da Kristofo su pa adi a, wɔhyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu nkuran ma wɔyɛ saa ara. Paulo kyerɛwee sɛ ‘wɔde nnipa mae sɛ akyɛde,’ sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔde bɛteɛteɛ akronkronfo no ama ɔsom adwuma no, na wɔde asi Kristo nipadua no, akosi sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ biako wɔ gyidi ne Onyankopɔn Ba no ho nokware nimdeɛ mu, ayɛ ɔbarima a wanyin awie adi mũ sɛnea Kristo a ɔne susude a ɛyɛ pɛ no te.’—Efe. 4:8, 12, 13.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena