So Wokae?
Woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:
Sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no de akwankyerɛ ma a, dɛn na ɛsɛ sɛ mmarima a wɔapaw wɔn te sɛ amansin so ahwɛfo ne asafo mu mpanyimfo yɛ?
Ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma ntɛm. Wobetumi abisa wɔn ho sɛ: ‘Ɛyɛ a meboa me nuanom mmarima ne mmea ma wodi Yehowa nokware? Akwankyerɛ no, ɛyɛ a migye tom ntɛm de yɛ adwuma?’—w16.11, kr. 11.
Bere bɛn na nokware Kristofo kɔɔ Babilon nkoasom mu?
Asomafo no wu akyi bere tiaa bi. Saa bere no, wofii ase tew asɔfokuw. Asɔre no ne Ɔman no hyɛɛ Kristosom a awae no ho nkuran. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Kristofo a wɔte sɛ awi no ahyɛ. Nanso, aka kakra ma afe 1914 adu no, Kristofo a wɔasra wɔn no fii ase twee wɔn ho fii Babilon Kɛse no ho.—w16.11, kr. 23-25.
Adɛn nti na adwuma a Lefèvre d’Étaples yɛe no ho hia?
Bɛyɛ afe 1520 mu hɔ no, Lefèvre kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Franse kasa mu na ama ɔmanfo no anya bi akenkan. Sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ Bible mu no boaa Martin Luther, William Tyndale, ne John Calvin.—wp16.6, kr. 10-12.
“Adwene a esi honam nneɛma so” ne “adwene a esi honhom nneɛma so” no, nsonsonoe bɛn na ɛda ntam? (Rom. 8:6)
Obi a ɔde n’adwene si honam nneɛma so no di ne nkate akyi na ɔde n’adwene si nneɛma bɔne a ɛwɔ nnipa a yɛtɔ sin komam no so. Saa nneɛma no ho nkɔmmɔ na ɔbɔ bere nyinaa, na ɔde hoahoa ne ho nso. Obi a ɔde n’adwene si honhom nneɛma so bɔ ne bra ma ɛne Onyankopɔn nsusuwii hyia. Honhom kronkron kanyan Kristoni a ɔte saa no adwene. Adwene a esi honam nneɛma so kowie owu mu, na adwene a esi honhom nneɛma so kowie nkwa ne asomdwoe mu.—w16.12, kr. 15-17.
Akwan bɛn na wubetumi afa so atew w’adwinnwen so?
Fa botae ahorow a ɛfata sisi w’anim, nhwɛ kwan sɛ wubetumi ayɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, yi bere bi si hɔ fa gye w’ahome da biara, ma w’ani nnye Onyankopɔn abɔde ho, ɛyɛ a serew, teɛteɛ w’apɔw mu daa, na da yiye.—w16.12, kr. 22-23.
“Woyii Enok fii baabi a na ɔwɔ na wanhu owu.” (Heb. 11:5) Ɔkwan bɛn so?
Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn twaa Enok nkwa so bɔkɔɔ na wanhu sɛ ɔrewu.—wp17.1, kr. 12-13.
Ahobrɛase ho da so hia. Adɛn ntia?
Nea ahobrɛase kyerɛ ne sɛ yɛrennye yɛn ho nni dodo, na mmom yebehu baabi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade kodu. Ɛsɛ sɛ yehu sɛnea yɛn nneyɛe ka nkurɔfo, na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho dodo.—w17.01, kr. 18.
Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn kyerɛɛ akwankyerɛ kuw no kwan wɔ asomafo no bere so sɛnea ɛnnɛ nso ɔrekyerɛ Akwankyerɛ Kuw no mufo kwan no?
Honhom kronkron no boaa wɔn ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no mu nokwasɛm ase. Abɔfo boaa wɔn ma wɔhwɛɛ asɛnka adwuma no so. Wɔde akwankyerɛ rema nso a, na wɔde wɔn ho to Onyankopɔn Asɛm no so. Ɛnnɛ nso saa ara na ɛte.—w17.02, kr. 26-28.
Nneɛma bɛn na ɛma yehu sɛ agyede no som bo?
Nneɛma nnan bi ni: Onii a ɔde mae, nea enti a ɔde mae, ade a ɔde bɔɔ afɔre ansa na ɔde rema, ne nea yehia paa a dekode no yɛ ma yɛn. Sɛnea saa nneɛma yi fa agyede no ho no, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho.—wp17.2, kr. 4-6.
Sɛ Kristoni si gyinae bi a, obetumi asesa n’adwene anaa?
Ɛsɛ sɛ yedi yɛn bɔhyɛ so. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ɛho behia sɛ yɛsan susuw gyinae bi a yɛasi ho. Bere a Niniwefo no nuu wɔn ho no, Onyankopɔn sesaa n’adwene wɔ nea ɔkae sɛ ɔde bɛba wɔn so no ho. Ebetumi aba sɛ sɛnea na nneɛma te bere a na yɛresi gyinae no asesa, anaasɛ yɛanya nsɛm foforo bi a ɛbɛma ɛho abehia sɛ yɛsakra gyinae bi a yɛasi mu.—w17.03, kr. 16-17.
Adɛn nti na nseku bɔne nyɛ koraa?
Ebetumi ama asɛm bi mu atrɛw na agye nsam koraa. Sɛ yɛn asɛm yɛ dɛ oo, sɛ yɛn asɛm nyɛ dɛ oo, sɛ yɛkasa tia afoforo a, ɛremfa mfaso biara mma.—w17.04, kr. 21.