Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Suasua Mose Gyidi
    Ɔwɛn-Aban—2014 | April 15
    • 1, 2. (a) Bere a Mose dii mfe 40 no, gyinae bɛn na osii? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Adɛn nti na Mose paw sɛ ɔne Onyankopɔn nkurɔfo behu amane?

      NÁ Mose nim nea obetumi anya wɔ Egypt. Ohuu adan akɛse akɛse a asikafo tete mu. Ná ɔyɛ ɔdehye, na ‘wɔkyerɛɛ no Egyptfo nyansa nyinaa.’ Ebia nneɛma a osuae no bi ne abakɔsɛm, nsoromma ho nsɛm, akontaabu, ne abɔde ho nyansahu. (Aso. 7:22) Sɛ Mose pɛ sika, ahode, tumi, ne anuonyam wɔ Egypt a, anka ɔremmrɛ ho koraa. Eyinom yɛ nneɛma a ɛbɛyɛ den ama Egyptfo pii sɛ wɔn nsa bɛka.

      2 Nanso bere a Mose dii mfe 40 no, osii gyinae bi, na ɛbɛyɛ sɛ Farao ne n’abusua ante ase. Na Mose mpɛ sɛ ɔtena ahemfie hɔ. Sɛ ahemfie asetena na ɔmpɛ a, ɛnde sɛ obetumi ayɛ sɛ Egyptni biara kɛkɛ? Dabi; ɛno nso na ɔmpɛ. Ɛnde, dɛn na na ɔpɛ? Ne gyidi nti, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ akoa! (Monkenkan Hebrifo 11:24-26.) Mose gyidi nti, na otumi hu tra nneɛma a atwa ne ho ahyia. Na ɔwɔ gyidi wɔ “Onii a wonhu no no” mu, na na onim sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ biara bɛbam.—Heb. 11:27.

  • Suasua Mose Gyidi
    Ɔwɛn-Aban—2014 | April 15
    • 6. (a) Adɛn nti na na Mose mpɛ sɛ “wɔfrɛ no Farao babea ba”? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Mose sii gyinae pa?

      6 Mose gyidi nso kyerɛɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ n’asetenam. “Gyidi nti bere a Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba.” (Heb. 11:24) Mose anka sɛ, ‘Ma mentena ahemfie ha na menkɔ so ara nsom Onyankopɔn na sika ne hokwan a menya no, mede aboa me nuanom Israelfo.’ Mmom osii ne bo sɛ ɔde ne koma, ne kra, ne n’ahoɔden nyinaa bɛdɔ Yehowa. (Deut. 6:5) Gyinae a Mose sii no yii no fii amanehunu pii mu. Egypt ademude a Mose poe no, awiei koraa no ebedii Israelfo no nsam. Nokwasɛm ne sɛ “wɔwerɛw Egyptfo ho”! (Ex. 12:35, 36) Farao anim guu ase na owui wɔ Po Kɔkɔɔ no mu. (Dw. 136:15) Mose nso ɛ? Onyaa ni ti didii mu na Onyankopɔn ma odii Israel man no anim dwoodwoo. Esii no yiye paa.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena