-
‘Nea Ɔde Animia Gyinaa Pintinn No, Munsusuw Ne Ho Yiye’“Bra Bedi M’akyi”
-
-
“Munni N’anammɔn Akyi Pɛɛ”
20, 21. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
20 Ná Yesu nim sɛ n’akyi a obi bedi no bɛma wahyia ɔhaw, na ɛbɛhwehwɛ sɛ onya animia. (Yohane 15:20) Ná wayɛ krado sɛ ɔbɛbɔ kwan ama yɛn, efisɛ na onim sɛ ne nhwɛso no bɛhyɛ afoforo den. (Yohane 16:33) Yesu yɛ pɛ, enti ɔyɛɛ animia ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa yɛn. Nanso yɛn de, yɛtɔ sin koraa. Ɛnneɛ, dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ? Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Kristo . . . huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.” (1 Petro 2:21) Sɛnea Yesu yɛɛ n’ade bere a ohyiaa sɔhwɛ ahorow no yɛ “nhwɛso” a yebetumi asuasua.a Animia ho nhwɛso a ɔyɛ maa yɛn no, yebetumi de atoto obi “anammɔn” a yebedi akyi no ho. Yɛrentumi nni n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ, nanso yebetumi adi “n’anammɔn akyi pɛɛ.”
-
-
‘Nea Ɔde Animia Gyinaa Pintinn No, Munsusuw Ne Ho Yiye’“Bra Bedi M’akyi”
-
-
a Nea Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nhwɛso” no kyerɛ ankasa ne sɛ “wobɛhwɛ nkyerɛwee bi so akyerɛw bi.” Ɔsomafo Petro nkutoo ne obi a ɔkyerɛw Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no bi a ɔde saa asɛm no dii dwuma. Nea ɛkyerɛ ne sɛ “abofra bi bɛhwɛ ‘nkyerɛwee a ɛwɔ ne nhoma’ mu so na wakyerɛw bi adi akyi pɛpɛɛpɛ sɛnea obetumi.”
-