Onyankopɔn Dɔ Ho Dwuma A Wodii A Na Pɛsɛmenkominya Nnim
“O wɔnna Yehowa ase wɔ n’adɔe ne ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa ho nkyerɛ nnipa mma.”—DWOM 107:8, NEW WORLD TRANSLATION.
1. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Yohane si su a ɛne ɔdɔ no so dua wɔ ne krataa a edi kan no mu?
“ONYANKOPƆN ne dɔ.” Nneɛma pii bɛn ara na nsɛm no kyerɛ sɛɛ yi! Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Yohane tee nka sɛ ɛho hia sɛ oti mu wɔ ne krataa a edi kan no mu. (1 Yohane 4:8, 16) Ɛnyɛ sɛ Yehowa ne dɔ nkutoo na mmom ogyina hɔ ma anaasɛ ɔyɛ ɔdɔ nhwɛso.
2. Akwan bɛn so na Onyankopɔn daa ɔdɔ adi wɔ ɔbarima ne ɔbea a ɔbɔɔ wɔn na ɔde nea wohia maa wɔn no mu?
2 Susuw ɔdɔ a Onyankopɔn daa no adi wɔ sɛnea ɔbɔɔ yɛn no ho. Dawid anisɔ nsɛm no fata sɛ. Sɛ odwontofo a honhom kaa no no, ɔkae sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa.” (Dwom 139:14) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛde akwahosan pa ne anigye atra ase no, Onyankopɔn nam yɛn nkate akwaa anum no so ma yɛnya anigye a enni ano—sɛnea yehu ade, sɛnea yɛte asɛm, sɛnea yɛka biribi hwɛ, sɛnea yɛte hua, ne sɛnea yɛte biribi nka. Abɔde mu nneɛma a yehu sɛ atwa yɛn ho ahyia no yɛ fɛ dɛn ara! Afifide ne mmoa ahorow ahorow pii no yɛ nwonwa dɛn ara, sɛ yɛanka nipadua ne animdua horow fɛ a ɛyɛ no ho hwee mpo a! Onyankopɔn maa yɛn nnuaba, nnuadewa, ne nnuan afoforo a ɛyɛ dɛ nso. (Dwom 104:13-16) Wɔ ntease pa mu no, ɔsomafo Paulo kaee wɔn a na wɔwɔ tete Listra no sɛ Onyankopɔn “yɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam.”—Asomafo no Nnwuma 14:17.
3. Tumi a ɛyɛ nwonwa bɛn na Onyankopɔn de ama yɛn?
3 Susuw abusua asetra a ɛyɛ anigye mu nhyira horow no nyinaa nso ho hwɛ. Nea ɛsen saa no, susuw anigye a yɛn adwene ne yɛn nkate ahorow nti yetumi nya no ho: nneɛma a yetumi yɛ ho mfonini wɔ yɛn adwenem, sɛnea yetumi susuw nneɛma ho, sɛnea yetumi kae ade, ahonim, ne ne titiriw no sɛnea yetumi som—ne nyinaa ma yɛkorɔn koraa sen mmoa; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu anigye a nnwom tumi ma yenya no so. Eyinom ne akyɛde afoforo pii no yɛ Onyankopɔn dɔ a oyi no adi kyerɛ yɛn.
4. Onyankopɔn dɔ a oyi no adi bɛn na adesamma ahu fi bere a wɔn awofo a wodi kan no too mmara no.
4 Akyinnye biara nni ho sɛ Adam ne Hawa nyaa anigye pii wɔ Eden turom hɔ bere a na wɔyɛ pɛ no. (Genesis 2:7-9, 22, 23) Nanso bere a wɔantumi anni ɔsoro dɔ a na wɔrenya ho adanse ahorow yi nyinaa ho dwuma wɔ ɔkwan pɛsɛmenkominya nnim so no, so Onyankopɔn pow adesamma abusua no? Dabida! Ɔyɛɛ nsiesiei ntɛm ara na ama wɔadi bɔne a efii yɛn awofo a wodi kan no mmarato mu bae no ho dwuma. (Genesis 3:15) Yehowa daa ɔdɔ adi nso denam Adam mma a wɔnyɛ pɛ no ho boasetɔ a onyae no so. (Romafo 5:12) De kosii bere bɛn? Efi mfe 6,000 de besi sesɛɛ! Onyankopɔn ada ɔdɔ adi titiriw wɔ sɛnea ɔne ne nkoa di no mu. Nsɛm yi yɛ nokware: “[Yehowa, Yehowa], Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi.”—Exodus 34:6, 7.
5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa fii ɔdɔ mu daa boasetɔ adi wɔ sɛnea ɔne Israel man dii no mu?
5 Yiw, boasetɔ a Yehowa Nyankopɔn daa no adi wɔ sɛnea ɔne Israelfo no dii fi bere a ɔwoo wɔn sɛ ɔman wɔ Bepɔw Sinai ase kosi bere a wɔn asoɔden nti ɔpow wɔn korakora no so yiye. Sɛnea yɛkenkan wɔ 2 Beresosɛm 36:15, 16 no: “[Yehowa] wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne trabea no. Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ [Yehowa] abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.” Nanso ebinom dii Yehowa Nyankopɔn dɔ ho dwuma a na pɛsɛmenkominya nnim. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛnea wɔyɛɛ saa no, momma yɛnhwehwɛ ankorankoro yi mu binom asetra mu. Eyi bɛto nhyɛase ama yɛakyerɛ sɛnea yɛn ankasa betumi adi Yehowa dɔ ho dwuma wɔ akwan pa so.
Sɛnea Mose Dii Ho Dwuma a na Pɛsɛmenkominya Nnim
6. Akwan bɛn so na na Mose nhwɛso no da nsow, na dibea bɛn mu na ohuu Onyankopɔn dɔ?
6 Mose yɛ obi a odii Onyankopɔn dɔ ho dwuma a na pɛsɛmenkominya nnim ho nhwɛso a ɛda nsow. Hokwan ahorow ara bɛn na wɔde sii Mose anim sɛ obi a Farao babea faa no de no yɛɛ ne ba sɛɛ yi! Nanso ɔpawee “sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi. Obuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade.” (Hebrifo 11:25, 26) Bere bi Mose pɛe sɛ oyi ne nuanom Israelfo no fi Misraim nkoasom mu. Nanso wɔn ani ansɔ ne mmɔdenbɔ no, na na Onyankopɔn bere a ɔde begye wɔn no nso nnui. (Asomafo no Nnwuma 7:23-29) Nanso esiane Mose gyidi ne ɔpɛ a pɛsɛmenkominya nnim a na ɔwɔ sɛ ɔbɛboa ne nuanom nti, Yehowa maa no tumi ma ɔyɛɛ anwonwade ahorow pii na ɔsom Israelfo no mfe 40 sɛ Ne diyifo, temmufo, mmarahyɛfo, ne ntamgyinafo. Wɔ saa dibea ahorow yi mu no, Mose huu Yehowa dɔ a ɔwɔ ma ɔne ne mfɛfo Israelfo no mpɛn pii.
7. Akwan bɛn so na Mose dii Onyankopɔn dɔ a oyii no adi no ho dwuma?
7 Ɔkwan bɛn so na Mose yɛɛ ade wɔ Onyankopɔn dɔ ne ɔdom ho? So ‘ogyee Yehowa dom no kwa a wanhu atirimpɔw a ɛwɔ akyi no’? (2 Korintofo 6:1) Dabida! Mose dii Yehowa dɔ a oyii no adi kyerɛe no ho dwuma a na pɛsɛmenkominya nnim denam Onyankopɔn ho a odwen wɔ biribiara a ɔyɛe no mu no so. Ɔde ne ho too Yehowa so bere nyinaa na ɔne ne Yɛfo no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Hwɛ sɛnea Yehowa kamfoo Mose yiye bere a na ɔreka Aaron ne Miriam anim esiane sɛ wɔkasa tiaa wɔn nuabarima no nti no! Yiw, Yehowa ne Mose kasae “ano ne ano” na ɔma ohuu ‘Yehowa suban.’ (Numeri 12:6-8) Hokwan ahorow pii a na Mose wɔ yi nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so yɛɛ obi a odwo pii sen nnipa nyinaa na odii Yehowa ahyɛde so ‘pɛpɛɛpɛ.’—Exodus 40:16; Numeri 12:3.
8. Ɔkwan bɛn so na Mose kyerɛɛ sɛ odwen Onyankopɔn ho ampa?
8 Mose kyerɛɛ nso sɛ odwen Onyankopɔn ho ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so denam Yehowa din ankasa, din a wagye, ne ne som kronn a ɔma ɛyɛɛ n’ahiasɛm no so. Enti, Mose srɛɛ Yehowa hɔ mmɔborɔhunu maa Israel mprenu ma ɛyɛɛ yiye, efisɛ na Onyankopɔn din ho asɛm wom. (Exodus 32:11-14; Numeri 14:13-19) Bere a Israelfo no de wɔn ho hyɛɛ nantwi ba ahonisom mu no, Mose daa ɔsom kronn ho nnamyɛ adi bere a ɔteɛɛm sɛ: “Nea ɔwɔ [Yehowa] afã mmra me nkyɛn!” no. Ɛno akyi no, Mose ne wɔn a wɔka ne ho no kunkum abosonsomfo no mu 3,000. Afei, onyaa nnipa anwiinwiifo ne atuatewfo ho koma mfe 40. Nokwarem no, akyinnye biara nni ho sɛ Mose dii Onyankopɔn dɔ a oyii no adi kyerɛe no ho dwuma a na pɛsɛmenkominya nnim, na ɔyɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa yɛn nnɛ.—Exodus 32:26-28; Deuteronomium 34:7, 10-12.
Dawid Yɛɛ Ho Ade Ɔkwan Pa So
9. (a) Dawid dii Onyankopɔn dɔ ho dwuma dɛn? (b) Te sɛ Dawid no, ɔkwan bɛn so na yebetumi de ahonyade ahyɛ Yehowa anuonyam?
9 Bible mu onipa foforo a ɔyɛɛ nhwɛso a ɛda nsow wɔ sɛnea wodi Onyankopɔn dɔ ho dwuma a pɛsɛmenkominya nnim ne odwontofo Dawid, Israel hene a ɔto so abien no. Nnamyɛ a ɔwɔ ma Yehowa din no kaa no ma ɔne Filistini ɔbran mpoatwafo Goliat koe, na Onyankopɔn ma odii no so nkonim. (1 Samuel 17:45-51) Nnamyɛ koro no ara kaa Dawid ma ɔde apam adaka no baa Yerusalem. (2 Samuel 6:12-19) Na so ɔpɛ a na Dawid wɔ sɛ obesi asɔrefi ama Yehowa no nyɛ nnamyɛ ne anisɔ ma Onyankopɔn dɔ ne papayɛ a ɔdaa no adi no foforo? Nokwarem no, ɛte saa. Saa hokwan no a Dawid annya no ansiw no kwan sɛ ɔbɛyɛ adwuma no ho nhyehyɛe na wahyɛ Yehowa anuonyam denam n’ankasa sika pa, dwetɛ, ne aboɔden bo a ɛsom bo yiye a ɔde mae no so. (2 Samuel 7:1-13; 1 Beresosɛm 29:2-5) Ɛsɛ sɛ sɛnea wodi Onyankopɔn dɔ ho dwuma a pɛsɛmenkominya nnim saa ara no ka yɛn ma ‘yɛde yɛn ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam’ denam yɛn honam fam nneɛma a yɛde bɛboa Ahenni nneɛma nkɔso no so.—Mmebusɛm 3:9, 10; Mateo 6:33.
10. Ɔkwan bɛn so na nea Dawid yɛe no fata sɛ yesuasua?
10 Ɛwom sɛ Dawid dii mfomso a anibere wom de, nanso wɔ ne nkwa nna nyinaa mu no, na ɔyɛ ‘ɔbarima a Yehowa koma pɛ no.’ (1 Samuel 13:14; Asomafo no Nnwuma 13:22) Nsɛm a ɛda Onyankopɔn dɔ ho anisɔ adi ahyɛ ne nnwom no mu ma. The International Standard Bible Encyclopœdia ka sɛ Dawid “aseda kɔɔ so dɔɔso pii sen obiara a wɔabɔ ne din wɔ Kyerɛw Kronkron mu.” Odwontofo Asaf kae sɛ Onyankopɔn “yii n’abofra Dawid, na ɔfaa no fii nguannan mu. . . . Sɛ ɔmmɛyɛn ne man Yakob ne n’agyapade Israel. Na ɔyɛn wɔn koma mudi so.” (Dwom 78:70-72) Nokwarem no, ɔkwan a Dawid faa so no yɛ nea ɛsɛ sɛ yesuasua.
Yesu Kristo, Yɛn nhwɛsofo a Ɔyɛ Pɛ
11, 12. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ odwen Onyankopɔn ho ampa?
11 Nokwarem no, Yesu Kristo yɛ Kyerɛwnsɛm mu onipa a odii Onyankopɔn dɔ ho dwuma ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so ho nhwɛso a ɛsen biara. Dɛn na eyi kaa Yesu ma ɔyɛe? Nea edi kan koraa no, ɛkanyan no ma ɔde ahofama a edi mu maa Yehowa. Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu dwen Onyankopɔn ho wɔ biribiara mu. Ne soro Agya no dɔ ne ne papayɛ ho anisɔ kaa no ma ɔyɛɛ honhom muni ampa. Ná ɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den kɛse. Ná Yesu pɛ mpaebɔ, na na n’ani gye ho sɛ ɔne ne soro Agya bɛkasa. Bere ne bere mu no, yɛkenkan sɛ na Kristo rebɔ mpae. Bere bi ɔbɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa. (Luka 3:21, 22; 6:12; 11:1; Yohane 17:1-26) Yesu yɛɛ Onyankopɔn dɔ ho ade denam sɛnea ɔtraa ase ma ɛne nokwasɛm sɛ ‘ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam tra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so’ no hyiae no so. Nokwarem no, na n’Agya apɛdeyɛ yɛ aduan ma no. (Mateo 4:4; Yohane 4:34) So ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ade wɔ Onyankopɔn dɔ ho ɔkwan a ɛte saa ara so, na yɛde ahofama a edi mu ma no?
12 Wɔ Onyankopɔn dɔ ho dwuma a Yesu Kristo dii ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so mu no, ɔtwee adwene sii ne Nyankopɔn ne n’Agya so bere nyinaa. Bere a obi frɛɛ Yesu sɛ “Kyerɛkyerɛfo Pa” no, ɔpowee na ɔkae sɛ: “Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Nyankopɔn.” (Luka 18:18, 19) Yesu kae mpɛn pii sɛ ontumi mfi n’ankasa pɛ mu nyɛ biribi. Wamma hokwan biara a ɛbɛma wahyɛ n’Agya din anuonyam no ampa ne ti so, na ɔkwan a ɛfata so no, ɔde adesrɛ yi na efii ne mpaebɔ nhwɛso no ase: ‘Ma wo din ho ntew.’ Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam!” Na bere tiaa bi ansa na ɔrewu no, Kristo ka kyerɛɛ n’Agya sɛ: “Mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.” (Mateo 6:9; Yohane 12:28; 17:4) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam de di Onyankopɔn dɔ ho dwuma, na yɛbɔ mpae sɛ ne din ho ntew.
13. Onyankopɔn dɔ kaa Yesu ma ɔyɛɛ dɛn?
13 Afei, yɛsrɛ wo hyɛ ɔkwan a ɛto so abien a Onyankopɔn dɔ ho dwuma a odii a na pɛsɛmenkominya nnim no maa Yesu yɛɛ n’ade no nsow. Ɛma ɔdɔɔ trenee na okyii amumɔyɛ, sɛnea wɔka siei wɔ Dwom 45:7 no. (Hebrifo 1:9) Ná “ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho.” (Hebrifo 7:26) Yesu ka kyerɛɛ n’asɔretiafo a na wokura adwemmɔne no sɛ wommu no bɔne ho fɔ, nanso wɔantumi anyɛ saa. (Yohane 8:46) Ɔtan a na ɔwɔ ma amumɔyɛ no ma ɔpam anyamesomfo adifudepɛfo fii asɔrefi hɔ de tew ho mprenu. (Mateo 21:12, 13; Yohane 2:13-17) Na hwɛ sɛnea Yesu kaa nyamesom akannifo nyaatwomfo no anim anibere so, na ɔka kyerɛɛ wɔn mpo sɛ wofi Ɔbonsam!—Mateo 6:2, 5, 16; 15:7-9; 23:13-32; Yohane 8:44.
14. Ɔkwan bɛn so na Yesu ne n’asuafo dii de yɛɛ Onyankopɔn dɔ ho ade?
14 Yetumi hu sɛnea Yehowa dɔ kaa Yesu no foforo nso wɔ ɔkwan a ɔfaa so ne n’asomafo ne asuafo afoforo no dii nsɛm fae no so. Hwɛ sɛnea onyaa ɔdɔ, boasetɔ, ne abodwokyɛre maa wɔn! Ebetumi aba sɛ wɔde wɔn akansi no haw no pii, na wɔkɔɔ so gyee wɔn mu nea ɔyɛ kɛse sen biara ho akyinnye araa kosii anadwo a woyii no mae no mu mpo. (Luka 22:24-27) Nanso, Yesu daa ne ho adi bere nyinaa sɛ odwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu. (Mateo 11:28-30) Ɛyɛ nokware sɛ Yuda yii Yesu mae, Petro paa no mprɛnsa, na asomafo afoforo no guanee bere a nnipakuw bi bae sɛ wɔrebɛkyere no no. Nanso wanni ho yaw anaasɛ ne bo amfuw. Yɛyɛ dɛn hu eyi? Wiɛ, bere a ɔsan baa asomafo no nkyɛn wɔ ne wusɔre akyi no. Yesu anka wɔn anim denneennen sɛ wɔbɔɔ hu. Mmom no, ɔkyekyee wɔn werɛ na ɔhyɛɛ wɔn den maa Ahenni som dwumadi foforo bio.—Yohane 20:19-23.
15. Ɔkwan bɛn so na Yesu dii nkurɔfo honam fam ahiade ahorow ho dwuma wɔ ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so?
15 Momma yensusuw sɛnea Yesu dii Onyankopɔn dɔ ho dwuma a na pɛsɛmenkominya nnim foforo nso ho. Ɔyɛɛ saa denam afɔre a ɔde ne ho bɔ maa afoforo, na owuu animguase wu yayaw wɔ asɛndua so no so. (Filipifo 2:5-8) Yesu dii nkurɔfo honam fam ahiade ahorow ho dwuma denam anwonwa kwan so a ɔnam maa nnipa akuwakuw aduan ne sɛnea ɔsaa nyarewa pii no so. (Mateo 14:14-22; 15:32-39) Ɔde nea afoforo ani gye ho dii n’ankasa de kan bere nyinaa. Ɛno nti na na obetumi aka sɛ: “Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.” (Mateo 8:20) Na Yesu nim Onyankopɔn honhom no dwumadi bere a efi ne mu sa yare anwonwa kwan so no. Nanso wammɔ mmɔden sɛ obenya mfaso afi tumi a ɛkorɔn sen nnipa de a ɔde dii dwuma no mu, te sɛ bere a ɔbea bi a mogya atu no mfe 12 de gyidi soo n’atade nguguso mu ma onyaa ahoɔden no. (Marko 5:25-34) Bio nso, Yesu amfa tumi a ɛkorɔn kyɛn onipa de anyɛ nneɛma amma n’ankasa ho.—Fa toto Mateo 4:2-4 ho.
16. Akwan bɛn so na Kristo dii nkurɔfo honhom fam ahiade ahorow ho dwuma?
16 Ɛwom sɛ Yesu fii ayamye mu dii nkurɔfo no honam fam ahiade ahorow ho dwuma denam wɔn nyarewa a ɔsae ne anwonwa kwan so aduan a ɔmaa wɔn so de, nanso na n’asase so ɔsom dwumadi no atirimpɔw titiriw ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa, akyerɛkyerɛ, na wayɛ asuafo. Nyarewa a ɔsae anwonwa kwan so nyinaa akyi no, na wonnim no sɛ Oduruyɛfo Kɛse anaa Anwonwadeyɛfo, na mmom sɛ Kyerɛkyerɛfo Pa. (Mateo 4:23, 24; Marko 10:17) Yesu kaa n’ankasa ho asɛm sɛ Kyerɛkyerɛfo no, sɛnea n’asuafo no ne n’atamfo mpo yɛe no ara pɛ. (Mateo 22:16; 26:18; Marko 9:38) Na nokware ahorow bɛn na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛɛ yi, te sɛ nea ɔyɛe wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no! (Mateo 5:1-7:29) Hwɛ sɛnea na ne mfatoho ahorow no fata, ne sɛnea na ne nkɔmhyɛ mu mmɛ ne nkɔmhyɛ afoforo no yɛ nwonwa fa! Ɛnyɛ nwonwa sɛ asraafo a wɔsomaa wɔn bere bi sɛ wɔnkɔkyere Yesu mmra no antumi amfa wɔn nsa anka no no!—Yohane 7:45, 46.
17. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu ma yenya ɔdɔ nhwɛso a edi mu? (b) Dɛn na wɔbɛka ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
17 Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu Kristo yɛɛ Onyankopɔn dɔ a oyi no adi kyerɛ yɛn ho dwuma a wodi a pɛsɛmenkominya nnim no ho nhwɛso a edi mu maa yɛn. Yesu de ne soro Agya no dii kan wɔ n’asetra ne nea ɔdɔ nyinaa mu. Ná ɔdɔ trenee ampa, na ɔne n’asomafo ne asuafo afoforo dii no ɔdɔ so, na ɔde ne nkwa dii nkurɔfo honhom ne honam fam ahiade ahorow ho dwuma. Awiei koraa no, Yesu de ne nkwa mae sɛ agyede de wiee ne som adwuma no. (Mateo 20:28) Na yɛn nso ɛ? Ampa, te sɛ Mose ne Dawid no, yɛtɔ sin. Nanso, sɛnea asɛm a edi hɔ no kyerɛ no, akwan ahorow wɔ hɔ a yebetumi afa so asuasua yɛn nhwɛsofo no wɔ sɛnea yebedi Onyankopɔn dɔ a oyi no adi kyerɛ yɛn no ho dwuma ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so.
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi aka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ”?
◻ Mose dii Onyankopɔn dɔ a oyii no adi no ho dwuma dɛn?
◻ Akwan bɛn so na Dawid dii Onyankopɔn dɔ ho dwuma?
◻ Onyankopɔn dɔ ho dwuma a wodi ho nhwɛso bɛn na Yesu Kristo yɛe?
[Mfonini wɔ kratafa 10]
So wunim sɛnea Mose dii Onyankopɔn dɔ ho dwuma?
[Mfonini wɔ kratafa 12, 13]
Yesu dii Onyankopɔn dɔ ho dwuma denam afoforo a ɔboaa wɔn wɔ honhom fam ne honam fam ne ne nkwa a ɔde mae sɛ agyede no so