-
Nteɛso a Ebetumi Asow Asomdwoe AbaƆwɛn-Aban—1988 | June 1
-
-
8. Afotu bɛn na ɔsomafo Yohane de mae wɔ obi ho a wɔtwe wɔn ho fi no ho?
8 Wɔ ɔsomafo Yohane nkyerɛwee no mu no, yehu afotu a ɛte saa ara a esi sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo kwati saafo no koraa no so dua: “Obiara a ɔfom so na ɔntra Kristo kyerɛ no mu no, onni Nyankopɔn . . . Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura kyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no! Na nea okyia no [Hela, khaiʹro] no yɛ ne nnwuma bɔne fafafo.”a—2 Yohane 9-11.
9, 10. (a) Na dɛn na ɛba mmaratofo a wɔnkyerɛ ahonu wɔ Isreal no so, na dɛn ntia? (b) Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ nnɛ ma sɛnea wɔne nnipa a wɔatu wɔn wɔ bɔne a wɔnkyerɛ ahonu wɔ ho no ho? (2 Petro 2:20-22)
9 Dɛn nti na gyinabea pintinn a ɛte saa fata nnɛ mpo? Wiɛ, susuw afoforo a wokum wɔn koraa no ho asɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no mu no ho. Wɔ nsɛm ahorow a anibere wom mu no, na wokum wɔn a wɔhyɛ da bu mmara so no. (Leviticus 20:10, Numeri 15:30, 31) Sɛ ɛba saa a, afoforo, abusuafo mpo rentumi ne mmaratofo a wawu no nkasa bio. (Leviticus 19:1-4; Deuteronomium 13:1-5; 17:1-7) Ɛwom sɛ na Israelfo anokwafo a wɔwɔ hɔ saa bere no yɛ nnipa a wɔwɔ nkate horow te sɛ yɛn ara de, nanso na wonim sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee na ɔwɔ ɔdɔ ne sɛ ne Mmara bɔɔ wɔn abrabɔ ne honhom fam ahotew ho ban. Enti na wobetumi agye atom sɛ ne nhyehyɛe a wayɛ sɛ wonkum abɔnefo no yɛ ade a eye na ɛteɛ.—Hiob 34:10-12.
-
-
Nteɛso a Ebetumi Asow Asomdwoe AbaƆwɛn-Aban—1988 | June 1
-
-
a Yohane de khaiʹro a ɛyɛ nkyia te sɛ “makye” anaasɛ “hello” na edii dwuma wɔ ha. (Asomafo no Nnwuma 15:23; Mateo 28:9) Wamfa a·spaʹzo·mai anni dwuma (te sɛ nea ɛwɔ nkyekyem 13) a ɛkyerɛ sɛ “wɔbɛbam obi, ma enti wɔakyia, wɔama no akwaaba” a ebetumi akyerɛ nkyia a emu yɛ hyew kɛse a wɔyɛ onii no atuu mpo. (Luka 10:4; 11:43; Asomafo no Nnwuma 20:1, 37; 1 Tesalonikafo 5:26) Enti akwankyerɛ a wɔde ama wɔ 2 Yohane 11 no betumi akyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka “hello” mpo kyerɛ saafo no.—Hwɛ July 15, 1985 The Watchtower, kratafa 31.
-