Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔfã 2: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
    Ɔwɛn-Aban—1981 | February 1
    • Ɔfã 2: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn

      9. (a) Dɛn na sɛnkyerɛnne kwan so aboa no ti nson no yɛ ho mfonini? (b) Hefo na ɔde ne “mmɛn du” no adi dwuma atia wɔn?

      9 Wɔ mfe mpempem a atwam nyinaa mu no sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi ne n’ammamui nhyehyɛe no mufo adi dwuma sɛ wiase tumi a edi so. Ɛno nti na Adiyisɛm, ti dumiɛnsa, yɛ sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi ho mfonini sɛ ɔwɔ ti nson, de gyina hɔ ma wiase tumi horow ason a ɛba nnidiso nnidiso a ɛne, (1) Misriam, (2) Asiria, (3) Babilonia, (4) Medo-Persia, (5) Hela, (6) Roma, ne (7) Britania ne Amerika wiase tumi a ɛbɔ ho abien no. Aboa a ne ti ason yi de ne sɛnkyerɛnne kwan so “mmɛn du,” no awowɔ, de asisi na ɔde asunsum Yehowa Nyankopɔn asomfo, a Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo akyidifo anokwafo ka ho, fi bere a Israel mma kɔɔ nkoasom mu wɔ Misraim de abesi nnɛ. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Adiyisɛm 19:19 yɛ “asase so ahene ne wɔn dɔm” ho mfonini sɛ wɔne “aboa” no aboaboa wɔn ho ano na wɔne ɔsoro abɔfo dɔm ne “nea ɔte pɔnkɔ so,” Yesu Kristo adi ako!

      10. (a) Dɛn ne “atoro diyifo” no a ɔka asase so ahene a wodi ako no ho no, na dɛn na ɛhyɛ ho nkɔm? (b) Dɛn ne “aboa no honi” a ɛka sɛ wɔnyɛ no?

      10 Adiyisɛm 19:20 ka sɛ “atoro diyifo a ɔyɛ sɛnkyerɛnne wɔ [aboa] no anim na ɔdaadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae no ne wɔn a wɔsom ne honi” ka “asase so ahene ne wɔn dɔm” no ho. Eyi nyɛ nyamesom diyifo a ɛyɛ Babilon Kɛse no de, na mmom amammui diyifo. Saa amammui ahyehyɛde koro no ara na wɔyɛ ne ho mfonini wɔ Adiyisɛm 13:11-17 no. Wɔ ɛhɔ no ɛda adi sɛ aboa a ɔwɔ mmɛn abien a ɔno na ɔde aboa no honi a wɔbɛyɛ ho adwene bae na ɔmaa aboa no nyaa ahoɔden na otumi kasaa tumi so no. Saa aboa a ɔwɔ mmɛn abien yi ne Britania ne Amerika, wiase tumi a ɛbɔ ho abien, anaasɛ Wiase Tumi a Ɛto so Ason no, na nnɛyi amammui kwan so aboa a ɔwɔ ti nson “honi” no ne Amanaman Nkabom no, ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra no. Wiase no nyinaa nim nnɛ sɛ Wiase Tumi a Ɛto so Ason, Britania ne Amerika, bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka na wɔahyɛ nkɔm a ɛfa nnipa daakye ho akyerɛ adesamma wiase no. Nanso ɔnyɛ Yehowa Nyankopɔn diyifo, a Ɔde ne honhom aka no. Ɛyɛ “atoro.”

      11, 12. (a) Tumi bɛn na ɛkanyan ahene ne wɔn dɔm nna wokodi ako wɔ Harmagedon? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nea efi ɔko no mu ba yɛ nea akyinnye biara nni ho, na nea efi mu ba bɛn na Yohane kyerɛ wɔ nea ohui wɔ ho no mu?

      11 Sɛnkyerɛnne kwan so aboa no anya nkɔanim yiye, fi bere a onyaa ne ti a ɛto so ason no, wɔ afe 1763 Y.B. mu no. Ɛde besi nnɛ no yɛanya Amanaman Nkabom no a atra hɔ bɛboro mfe aduonu anum (sɛ yɛrenka nea obedii n’ade, Amanaman Apam no ho asɛm a) . Wɔ tumi a wɔwɔ a epia wɔn ma wodi nea wɔn man hwehwɛ akyi na wɔde wɔn ankasa man atumfoɔ sisi hɔ de sɔre tia Onyankopɔn ahenni sɛ́ nniso a ɛfata ma asase yi ase no, asase nyinaa so ahene aboaboa wɔn ho ano, ama “Onyankopɔn, Ade Nyinaa So Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no. Ɛsɛ sɛ bere a wɔde bɛko ɔko a ɛyɛ hu wɔ Harmagedon, a ɔsomafo Yohane hui sɛnkyerɛnne kwan so no yɛ nea abɛn, abɛn sen sɛnea wiase yi mu nnipa a wɔde wɔn ho ato wɔn ankasa ho so susuw no! Bere a Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn ne n’ahene mu Hene yɛ wɔn a asase so ahene ne wɔn dɔm” di ako no, nea ebefi mu aba bɛyɛ nea akyinnye biara nni ho, fi ne mfiase. Enti, yebetumi anya ahotoso sɛ nea ɔsomafo Yohane ka wɔ ne nkɔmhyɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfa ɔko no ho no yɛ nokware, sɛnea edi so no:

      ƆKO WƆ HAR-MAGEDON

      12 “Na mihuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ho ano, na wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa no so no ne ne dɔm bedii ako. Na wɔkyeree aboa no ne atoro diyifo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho: wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu. Na wɔde nea ɔte pɔnkɔ no so no afoa a efi n’anom no kunkum wɔn a aka no, na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.”​—Adiyisɛm 19:19-21.

      13. (a) Ɔtamfo no ahyehyɛde no fã bɛn na Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Nyankopɔn no ne no ko? (b) Bere a ɔreyɛ dɛn na wɔkyere “aboa no,” na hena na ɔbrɛ no ase?

      13 Ɔko yi ho asɛm si so dua sɛ Onyankopɔn, Ade Nyinaa So Tumfoɔ no, ne sɛnkyerɛnne kwan so ɔtweaseɛ, “ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan” no ahyehyɛde a aniwa hu no nyinaa ko. Wɔ mmoa a ɔde ma wiase nyinaa ahyehyɛde a aniwa hu no mu no, nea aboa a ne ti nson yɛ ne ho mfonini no kɔ wɔn a wɔwɔ n’afã nyinaa, a ɛyɛ “asase so ahene ne wɔn dɔm,” asafohene, atumfoɔ, apɔnkɔ sotefo, adehye ne nkoa, nketewa ne akɛse nkyɛn. “Atoro diyifo” no nso yɛ asase so nhyehyɛe a aniwa hu, efisɛ ɛno ne Britania ne Amerika wiase tumi a ɛbɔ ho abien, wiase ahyehyɛde a aniwa hu a edi tumi no. Wiase nyinaa nhyehyɛe no nnim nyansa pii a ɔde bekwati ɔsoro atemmu a ɛba ne nneyɛe bɔne no nyinaa ne atirimɔden kwan a ɔde adi nnipa so no so no. “Wɔkyere” sɛnkyerɛnne kwan so aboa no, a n’atoro diyifo no ka ho, yiw, wɔkyere no bere a ɔredi ne bɔne a etwa to a etia Yehowa Nyankopɔn asomfo anokwafo no. Ahene mu Hene, Yesu Kristo, ne nea ɔbrɛ aboa no ase. Te sɛ aboa a ɔtetew nnipa mu no, wɔsɛe no.

      14. “Aboa no” ne “atoro diyifo” no a wɔtow wɔn gu no bɛkyerɛ dɛn ama wɔn?

      14 Ɛremma bio da sɛ wiase amammui nniso nhyehyɛe a ɛte sɛ aboa yi, a n’amammui “atoro diyifo” ka ne ho no bedi adesamma so atirimɔden so. Ɛrenyɛ te sɛ amammui nhyehyɛe horow a awu, anaasɛ enni dwuma, na mmom, sɛnea Adiyisɛm 19:20 ka no, “wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.” Wɔremfi “ogya tare” yi mu nnya nkwa, ɔko no mu a wowu no nyɛ owu a ɔbɔnefo Adam de baa nnipa a wɔyɛ n’asefo so no. “Ogya tare” no yɛ owu foforo bi ho mfonini, daa owu a owusɔre nni mu. Adiyisɛm ankasa (20:14) kyerɛkyerɛ mu, ɛka sɛ: “Ogya tare no, eyi ne owuprenu no.” Mmɔden nyinaa a nnipa nam ɔmanpɛ so bɛbɔ ahwehwɛ sɛ wɔbɛma amammui nhyehyɛe yi atra hɔ daa na adi nnipa nsɛm ho dwuma no renyɛ yiye!

      15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebia ahene ne nkurɔfo a wodii wɔn so a wokunkum wɔn wɔ Harmagedon no benya owusɔre?

      15 Ɛnde, so nnipa afoforo, wɔn a sɛ́ sodifo no wɔko ma sɛnkyerɛnne kwan so aboa no ne atoro diyifo no de tia Onyankopɔn ahenni a ɛwɔ n’ahene mu Hene no nsam no benya owusɔre? Wobeyi wɔn afi hɔ koraa. Ahene mu Hene a odi ako no anom asɛm, a epue te sɛ afoa tenten nnamnam no, hyɛ sɛ wonkunkum wɔn nyinaa, na ɔsoro abɔfo dɔm no di n’ahyɛde no so. Enti wokum wɔn a wɔboapa sɔre tia Onyankopɔn Mesia ahenni no nyinaa fi hɔ. Wommu wɔn sɛ wɔawu wɔ nidi mu, sɛ “afɔrebɔ a ɛkorɔn” ma ɔman ne nniso. Wɔrensie wɔn nkae ada mu, wɔ ɔman no asraafo amusiei ahorow a wɔakora so a wɔbɛsra no afe biara wɔ Nkae Da no. Sɛ́ wɔn a owusɔre mfata wɔn no, wɔyɛ wɔn ho mfonini sɛ wɔma wɔn afunu deda hɔ wɔ nea wɔkoo Harmagedon ɔko no, na wɔn amu a ɛreporɔw twetwe wim nnomaa. “Na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.” Wodidi mee yiye wɔ “Onyankopɔn adidi kɛse no ase.”​—Adi. 19:17-21.

      16. Ɛdefa nea ebefi mu aka wɔ Harmagedon ko no mu ho no, dɛn na yɛbɛka wɔ (a) asase no ho, (b) nnomaa no ho, ne (d) wɔn a wɔnnka wɔn a wɔsom aboa no ho no?

      16 Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ kyerɛwtohɔ no nka sɛ wɔbɛhyew yɛn asase no ankasa a “ahene” no adi so no. Dabi, na mmom asase no fi “Onyankopɔn, Ade Nyinaa So Tumfoɔ no da kɛse no mu ko” wɔ Harmagedon no mu ka. Afei nso, “nnomaa a wotu wim nyinaa” fi mu ka, na wodi nam a abɔ apete asase so no. Na nnipa a wofi mu ka wɔ asase so wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa So Tumfoɔ da kɛse no mu ko no” mu no nso wɔ hɔ. Wɔnkyerɛ eyi wɔ asɛm a ɛfa ɔko no ho no mu wɔ ha. Nanso saa na ɛbɛyɛ! Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ asase sotefo nyinaa na bere a wɔreko no “atoro diyifo” no daadaa wɔn. Ebinom renkã ho, ɛwom sɛ wosua de, sɛ wode wɔn toto “wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no” ho a. (Adi. 19:20) Na “nnipakuw kɛse” a Yohane dii kan huu wɔn wɔ anisoadehu no mu a na wogyinagyina Onyankopɔn ahengua no anim ne Oguammaa Yesu Kristo anim no nso ɛ? Wɔnnka wɔn a wɔko tia Onyankopɔn Mesia ahenni no ho wɔ Harmagedon.

      17. Ɛdefa su a “nnipakuw kɛse” no kura wɔ Onyankopɔn ne ne Mesia ahenni no ho no, dɛn na Adiyisɛm, ti ason kyerɛ?

      17 Ɔreka eyinom ho asɛm akyerɛ no, Yohane se: “Na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.” Obisaa eyinom ho asɛm akyi no, mpanyimfo aduonu-anan a wɔwɔ ɔsoro no mu biako ka kyerɛ Yohane sɛ: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya mu.” (Adi. 7:9-11) Ná nnipakuw kɛse yi a “wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no” nnsɔre nntia Onyankopɔn Mesia ahenni no. Wɔpowee sɛ wobegye “aboa no agyirae” na ‘wɔakotow ne honi no.’

      18. Dɛn nti na asase renna hɔ kwa a onipa nte so bere a Kristo mfirihyia apem ahenni no fi ase no?

      18 Enti “nnipakuw kɛse” no renka nnipa a wokunkum wɔn wɔ Harmagedon no ho, na mmom ‘wobefi ahohiahia kɛse’ a ɛba awiei wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa So Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” no mu no mu. Bere a wofi “ahohiahia kɛse” no mu ka na woyi Yehowa Nyankopɔn ne Oguammaa Yesu Kristo nkonimdifo no ayɛ no, “nnipakuw kɛse” no, sɛ́ wɔn a wokurakura berɛw no, de anigye bɛhwɛ mfirihyia apem a ɛreba no kwan. Enti asase no renna hɔ kwa bere a Kristo mfirihyia apem ahenni a anuonyam wom no fi ase no.

  • Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
    Ɔwɛn-Aban—1981 | September 1
    • 1. Mfirihyia apem Atemmu Da no awiei no, dɛn ne ade a etwa to a ebehia sɛ adesamma a wɔasan de wɔn aba pɛyɛ mu no yɛ, na enti dɛn na Ɔtemmufo Abadiakyiri Yesu Kristo de yɛ wɔn?

      ATEMMU DA a ne tenten yɛ mfirihyia apem no awiei no ná adesamma a wɔabu wɔn trenee no gyina wɔn Temmufo ne Ogyefo Yesu Kristo anim wɔ pɛyɛ mu. Nanso na wonnya nkyerɛe sɛ wɔfata daa nkwa wɔ paradise asase no so. Ɛsɛ sɛ wogyina Ɔsorosoroni Nyankopɔn, Yehowa Amansan Hene no Asennibea Kunini no anim. Nea ɛne saa ahwehwɛde a etwa to yi hyia no, ɛsɛ sɛ Yesu Kristo, Ɔtemmufo Abadiakyiri, no de adesamma abusua a afei wotumi di trenee ho dwuma wɔ pɛyɛ mu no ma ne Nyankopɔn ne n’Agya no ma osi gyinae wɔ wɔn a, sɔhwɛ mu no, wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔfata ma daa nkwa akyɛde a ɛsom bo no wɔ asomdwoe ne anigye mu anaasɛ wɔmfata no ho. Pɛ a wɔyɛ no nyinaa akyi no, wɔda so yɛ nnipa a wotumi sɛe wɔn.

      2. Ebedu saa bere no na dɛn na aba owu a ɛnam Adam so bae no so, na enti dɛn na Yehowa bɛhwɛ wɔ adesamma ankorankoro ho?

      2 Owu a ɛbata adesamma ho esiane bɔne a wɔn desani agya a odi kan Adam yɛe wɔ Eden nti no afi hɔ, wɔasɛe no, te sɛ nea wɔatow akyene “ogya tare” mu ma ɛno ankasa awu no. (Adi. 20:14, 15) Nanso, so adesamma a afei wɔagye wɔn afi Adam owu ne sintɔ mu no befi wɔn ankasa pɛ mu ayɛ biribi a ɛfata owu a enni awiei wɔ Yehowa atemmu ase anaa? Henanom na wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔn fata “owuprenu”? Eyi ne nea ɛsɛ sɛ Yehowa, Ɔtemmufo Kɛse no si ho gyinae sɛ Ɔtemmufo a Otwa To.

  • Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
    Ɔwɛn-Aban—1981 | September 1
    • 26. Dɛn nti na wɔfrɛ owu soronko yi”owuprenu” ma ɛfata, na wɔnkyerɛw nnipa a eyi ba wɔn so no din wɔ he?

      26 Owu a wɔde “ogya ne sufre tare” no yɛ ho sɛnkyerɛnne no yɛ soronko wɔ owu a adesamma nya fii Adam mu no ho efisɛ ɛnte sɛ nna a etumi ba awiei denam nyan a onii nyan so, na mmom ɛyɛ ɔsɛe koraa, owu a enni awiei. Owu a yenya fii Adam mu no ne ‘owu a edi kan.’ Enti wɔfrɛ owu soronko yi a wɔde ‘ogya ne sufre tare’ yɛ ho mfonini sɛ “owuprenu” ma ɛfata. Eyi ne nea ɛkyerɛ ma nnipa a wɔwɔ asase so a wɔhyɛn mfirihyia apem Atemmu Da no mu, nanso akyiri yi wɔnkyerɛw wɔn din wɔ Onyankopɔn “nkwa nhoma” no mu no. Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no da nea “ogya tare” no kyerɛ ma eyinom a wɔmfata mma daa nkwa no adi, sɛ: “Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu; eyi ne owuprenu no. Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔde no ahyɛ nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.”​—Adi. 20:14, 15.

      27, 28. (a) Dɛn nti na Satan ne n’adaemone no betumi awu “owuprenu” no? (b) Ɛnde, dɛn na yɛ a wɔyɛ wɔn ayayade wɔ ogya tare no mu daa no kyerɛ?

      27 Saa nkyerɛkyerɛmu a efi soro a ɛfa nea “ogya tare” no yɛ ho sɛnkyerɛnne no yɛ nea wodi ho adanse a ɛto so abien wɔ nkyekyem kakraa a edi akyiri no mu, faako a yɛkenkan sɛ: “Nea odi nkonim no benya eyinom adi, na mɛyɛ no Onyankopɔn, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufrɛ dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.” (Adi. 21:7, 8) Esiane sɛ nkyerɛkyerɛmu ahorow a wɔde ama wɔ “ogya tare”, no ho no nyinaa hyia, wɔ asɛm koro no ara mu wɔ Adiyisɛm ti 19-21 nti, ɛnde na nea “ogya tare” kyerɛ ma nnipa a wɔankyerɛw wɔn din wɔ “nkwa nhoma” no mu no, saa nso na ɛkyerɛ ma Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no. Ɛkyerɛ “owuprenu.” Ɛnkyerɛ kyenkyen ara sɛ onii wu mprenu, na mmom sɛ owu owu a ɛto so abien a Bible ka ho asɛm no, na ɛno yɛ owu a enni awiei.

      28 Enti, Satan ne n’adaemone no betumi awu saa owu yi, ɛwom sɛ wonwui da de. Ná nkwa biara nni owu a edi kan a ɛnam onipa a odi kan no bɔne so bae no mu. Na saa ara nso na nkwa ketekete mpo nni “owuprenu” a ɛyɛ asotwe ma wɔn a wofi wɔn pɛ mu yɛ Onyankopɔn so asoɔden, na mpo wɔsɛe wɔn pɛyɛ wɔ eyi a wɔyɛ mu no mu. Enti, Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow nyinaa ma ɛda adi sɛ Satan ne n’adaemone no amanehunu wɔ ogya ne sufre tare no mu daa no kyerɛ sɛe a wɔbɛsɛe wɔn, ayi wɔn afi hɔ koraa, atɔre wɔn ase afi honhom mu asetra mu daapem. Ne saa nti, Onyankopɔn benya amansan a adaemone biara nni mu, a ɔremma kwan mma adaemone biara mma mu bio.

  • Ɔfã 10: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
    Ɔwɛn-Aban—1981 | October 1
    • Ɔfã 10: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn

      Nkwa Mu A Wɔba Wɔ Mfirihyia Apem No Awiei

      29. Ahotefo no nsra ne kurow a wɔdɔ no no ananmusifo mmapɔmma no a Onyankopɔn ma kwan ma ɛtra hɔ no kyerɛ sɛ wɔayɛ wɔn dɛn?

      29 Enti, asetra a enni awiei a anuonyam wom bɛn ara na ɛretwɛn adesamma! Hwɛ! Yehowa Nyankopɔn ma kwan ma “ahotefo nsra” no ne “kurow a wɔdɔ no” no ananmusifo mmapɔmma no fi “Gog ne Magog” ne Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no sɛe ano mu! Dɛn na kyerɛw a Onyankopɔn kyerɛw wɔn din wɔ “nkwa nhoma” no mu anaasɛ ɔma wɔn din tra “nkwa nhoma” no mu no kyerɛ? Eyi kyerɛ sɛ wabu wɔn trenee, wabu wɔn bem, esiane sɛ wokuraa wɔn mudi mu maa no, na wɔne Onyankopɔn Ba Yesu Kristo ne 144,000 yɔnko adedifo no abom wɔ Ɔsorosoroni Nyankopɔn, nneɛma pa nyinaa Bɔfo, no amansan tumidi a wɔkamfo kyerɛ no mu nti. Bu a Yehowa Nyankopɔn bu wɔn trenee no kyerɛ sɛ ɔde daa nkwa wɔ wɔn paradise fie hɔ hokwan ama wɔn.

      30. (a) Hena na wɔn a wodi sɔhwɛ a etwa to no mu nkonim no de no ka daa, na ɛhe na wobegyina daa? (b) Bere bɛn na ‘wɔbɛba nkwa mu’ ankasa?

      30 Ɔsoro Hene, Ɔsɔfo ne Ɔtemmufo, Yesu Kristo, na, ɛdenam ɔdɔ kwan a ɔnam so ne adesamma dii wɔ mfirihyia apem no mu no so de wɔn a wɔpɛ na wɔyɛ osetie no aba trenee a ɛyɛ pɛ mu honam mu. Sɛ wanyɛ saa ansa na mfirihyia apem no reba awiei a, ɛnde anka ɔbɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛdan wɔn ama sɔhwɛ a etwa to a ɔtemmufo Kunini, Yehowa Nyankopɔn de bɛba no. Dɛn ntia? Efisɛ anka obehu sɛ, esiane sɛ wonni trenee a ɛyɛ pɛ nti, wɔrentumi nnyina sɔhwɛ a efi soro no ano nni nkonim na wɔanya daa nkwa. Enti, wogyina Yehowa “nokware ntamadan” anaa asɔrefi no asase so adiwo hɔ sɛ n’asɔrefo wɔ trenee a ɛyɛ pɛ ne honam a bɔne biara nni mu mu. Wɔbɛkɔ so agyina hɔ daa denam ɔsoro sɔhwɛ no mu nkonimdi wɔ mudi a ahohorabɔ biara nni mu ne nokwaredi a enhinhim ma Amansan Hene Yehowa mu no so. Wɔbɛkɔ so ade Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, a ɔdɔ mu no ɔma woduu trenee a ɛyɛ pɛ mu no ka sɛ́ wɔn Ponfo ne Ogyefo, Awurade Yesu no adwuma a wɔawie ho adanse. Enti, saa bere no, na wɔaba nkwa mu ankasa!

      31. Enti, ebedu Yesu Kristo mfirihyia apem ahenni no awiei no, dɛn na “awufo nkae” no nya, na dɛn na ɛba owu a ɛnam Adam so bae no so?

      31 Saa nokwasɛm yi mu no, yetumi hu teɛ a asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 20:5 teɛ no: “Na awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa.” Sɛ wɔannya Yesu Kristo ne ne yɔnko adedifo 144,000 a wonyaa “owusɔre a edi kan” no mu kyɛfa no ma wɔanyɛ wɔn ho adwuma wɔ mfirihyia apem no mu a, anka “awufo nkae” yi renyɛ pɛ wɔ mfirihyia apem no awiei. Saa bere no na ‘owu (a yenya fii Adam mu no) yii awufo a ɛwɔ mu no mae, na wɔtow owu kyenee ogyatare no mu ma wonyaa “owuprenu” anaasɛ woyi fii hɔ.’ (Adi. 20:13, 14) Afei nea wɔaka asie wɔ 1 Korintofo 15:25, 26 no bam: “Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa begu ne nan ase. Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu ne owu.”

      32. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 21:3, 4 bam ankasa saa bere no?

      32 Afei, ɛdefa owu a yenya fii ɔbɔnefo Adam mu no ho no, ɛbɛbam ampa sɛ: “Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni bio, na awerɛhow ne su ne yaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”​—Adi. 21:3, 4.

      33. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wonya nkwa no bɛda wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ wɔma wɔn nkwa a enni awiei? (b) Ɔkwan bɛn so na wobehu nokware a Romafo 6:23 yɛ no wɔ wɔn ankasa mu saa bere no?

      33 So wɔn a wɔaba nkwa mu wɔ pɛyɛ mu wɔ mfirihyia apem no awiei yi bɛpaw sɛ wobekura saa nkwa yi mu daa? Wobetumi ayɛ saa denam da a wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ nkwa nyinaa Nsuti Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, de daa nkwa hokwan ma wɔn no so. Esiane sɛ wodi nkonim wɔ ɔkra nyinaa mu a wofi kura mudi mu ho sɔhwɛ a edi mu yi mu nti, wɔde hokwan a ɛsom bo sɛ wɔbɛbɔ wɔn nkwa ho ban na wɔama atra hɔ daa wɔ anigye mu no ma gyidifo ne nokwaredifo yi sɛ akatua. Enti wobehu wɔ wɔn ankasa mu sɛ: “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Rom. 6:23) Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn dɔ Ba a ɔwoo no koro no a ɔde no dii dwuma a, anka eyi rentumi nyɛ yiye mma adesamma abusua no.

      34, 35. (a) Dɛn ne yɛn anidaso wɔ “nnipakuw kɛse” a ansa na “ahohiahia kɛse” no reba mpo no na wɔhyehyɛ ntade fitaa resom wɔ Yehowa honhom mu asɔrefi hɔ no ho? (b) Nkate bɛn na na Kora mma no wɔ wɔ Yehowa adiwo ho a wɔn a “wɔnteɛ” a wonyan wɔn no mpo betumi anya?

      34 Hwɛ abotɔyam ara a ɛbɛyɛ saa bere no sɛ wobɛsom na woasɔre Onyankopɔn a ne din de Yehowa no wɔ ne honhom mu asɔrefi no asase so adiwo hɔ! Mfirihyia apem a anuonyam wom no mfii ase mpo no, ɛyɛɛ nokware wɔ “nnipakuw kɛse” a wofii “ahohiahia kɛse” no mu kae no ho sɛ na “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa nguamma no mogya no mu. Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu.” (Adi. 7:9, 14, 15) Anidaso wɔ hɔ sɛ saa “nnipakuw kɛse” a wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa yi bɛkɔ so atra Onyankopɔn honhom mu asɔrefi no adiwo hɔ wɔ mfirihyia apem no nyinaa mu ne mudi a ɛyɛ pɛ ma Amansan Hene Yehowa ho sɔhwɛ bere a mfirihyia apem no aba awiei no mu. Wɔde wɔn a wonyan wɔn fi adamoa mu wɔ mfirihyia apem no mu no bɛba Yehowa honhom mu asɔrefi no asase so adiwo hɔ na wɔabɛsom no wɔ hɔ. Bere a wɔde anisɔ a ɛfata fi Yehowa som ase wɔ hɔ no, wɔn a “wɔnteɛ” a wonyan wɔn no mpo bɛte nka te sɛ Lewini Kora mma no:

      35 “Wo fi da koro di ye sen nna apem, mepɛ me Nyankopɔn fi nammɔnnampan mu tra mmom sen sɛ mɛtra abɔnefo ntamadan mu. Na owia ne kyɛm ne Yehowa Nyankopɔn. Yehowa ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.”​—Dw. 84:11, 12.

      36. Onyankopɔn asɔrefi ho anisɔ bɛn a David daa no adi na Wɔn a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wobekura wɔn mudi mu no benya?

      36 Wɔn a wɔasi gyinae sɛ wofi koma nyinaa mu bekura wɔn mudi mu ama nokware teasefo Nyankopɔn koro no benya honhom fam nneɛma ho anisɔ a Dawid daa no adi no, bere a ɔkae sɛ: “Ade biako na masrɛ Yehowa, ɛno na mepere ho: sɛ me nna a midi nyinaa mɛtra Yehowa ofi, na mahwɛ Yehowa animtew na madwen me tirim, n’asɔrefi.”​—Dw. 27:4.

      37, 38. (a) Tebea bɛn na awiei koraa no wɔbɛma Yehowa “nan ntiaso” no aba mu? (b) So ɔhonam fam paradise mu anigye nko na wɔn a wɔbɛtra ne “nan ntiaso” no so no benya, na ɔkwan bɛn so na wɔbɛgye ɔfrɛ a ɛwɔ Dwom a etwa to no mu no so?

      37 Asase nyinaa bɛyɛ baabi a wɔsom ne Bɔfo nwonwafo no. Ɛyɛ ne “nan ntiaso,” bere a ɔsoro yɛ “n’agua.” (Yes. 66:1) Ne soro ahengua no wɔ anuonyam; na wɔbɛma asase a ɛyɛ ne nan ase ntiaso no anya anuonyam na ayɛ beae a ɛfata ma n’anan. Asase so baabiara bɛdan paradise, te sɛ Eden Turo, te sɛ Yehowa Turo. (Gen. 2:8; 13:10) Ɛbɛyɛ ahomeka ne anigyebea, efisɛ ɛbɛyɛ anigye kɛse trabea ama n’asomfo a afei de ‘Onyankopɔn anuonyam mmɔɔ wɔn’ no nyinaa. Wobenya Onyankopɔn su horow ma aboro so na wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa a anigye wom, na enti ɛbɛma wɔate nka sɛ wɔwɔ honhom mu paradise ne asase so paradise mu nso. Ɔbɔfo Kɛse no ne nnepa a enni kabea nyinaa Mafo no ayeyi ho nkuran bɛn ara na eyi nyinaa yɛ! Wɔbɛka ɔsoro dɔm no ho agye ɔfrɛ a emu yɛ hyew a Dwom a etwa to a efi honhom mu no de ma no so daa:

      38 “Munyi Onyankopɔn ayɛ, ne kronkronbea, munyi no ayɛ ne tumi wi no mu! Munyi no ayɛ, ne mmaninyɛ mu, munyi no ayɛ sɛ ne kɛse a ɛsõ no te! Munyi no ayɛ torobɛnto nne so, munyi no ayɛ ɔbɛnta sanku ne sankuten so! Munyi no ayɛ mpintin ne asaw so, munyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so! Munyi no ayɛ nsambɔ nnawuru a ɛne sõ so, munyi no ayɛ nnawuta a egyigye dennen so! Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yehowa ayɛ! Munyi Yehowa ayɛ.”​—Dw. 150:1-6.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena