-
Adiyisɛm ne WoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
6. Bere a Yehowa rekasa akyerɛ Adiyisɛm no akenkanfo no, dɛn na ɔka de twa to wɔ nkɔmhyɛ no mu?
6 Afei, Yehowa, Mmeresanten Hene no kasa kyerɛ Adiyisɛm akenkanfo nea etwa to wɔ nkɔmhyɛ no mu sɛ: “Hwɛ, mereba ntɛm, na mikura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛnea n’adwuma te. Mene Alfa ne Omega, ɔkannifo ne okyikafo, mfiase ne awiei no. Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade, na wɔanya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apon ano akɔ kurow no mu. Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne nguaman ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi nyinaa wɔ.”—Adiyisɛm 22:12-15.
-
-
Adiyisɛm ne WoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
8. (a) Henanom nkutoo na “wɔanya nkwa dua no ho kwan,” na eyi kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no ‘ahohoro wɔn ntade,’ na ɔkwan bɛn so na wokura gyinabea pa mu?
8 Kristofo a wɔasra wɔn a “wɔhohoro wɔn ntade” ampa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtew wɔ Yehowa ani so no nkutoo na wonya ho kwan a ‘wɔde bɛkɔ nkwa nnua no ho.’ Kyerɛ sɛ, wonya wɔn asetra a owu nni mu wɔ wɔn soro gyinabea mu no hokwan ne abodin. (Fa toto Genesis 3:22-24; Adiyisɛm 2:7; 3:4, 5 ho.) Wɔn wu sɛ adesamma akyi no, wɔnam owusɔre so nya kwan kɔ Yerusalem Foforo no mu. Abɔfo 12 no ma wɔn kwan ma wɔkɔ mu, bere a wosiw obiara a odi atoro anaa ne ho ntew no kwan ɛwom sɛ ɔka sɛ ɔwɔ ɔsoro anidaso de. Nnipakuw kɛse a wɔwɔ asase so no nso ahohoro “wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu” na ehia sɛ wokura wɔn ahotew gyinabea no mu. Wobetumi ayɛ eyi denam nnebɔne a Yehowa bɔ ho kɔkɔ wɔ ha no a wɔbɛkwati; ne Yesu afotu a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no a wobetie no so.—Adiyisɛm 7:14; atiri 2 ne 3.
-