-
Adiyisɛm ne WoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
15. Yesu nsɛm a ese “nea odi nneɛma yi ho adanse no” ne “mereba ntɛm” no kyerɛ dɛn?
15 Afei, Yesu de nkuranhyɛsɛm a edi akyiri ka ho: “Nea odi nneɛma yi ho adanse no se: Yiw, mereba ntɛm.” (Adiyisɛm 22:20a) Yesu ne “ɔdansefo nokwafo ne nokware” no. (Adiyisɛm 3:14, NW) Sɛ odi Adiyisɛm mu anisoadehu ahorow no ho adanse a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nokware. Ɔne Yehowa Nyankopɔn ankasa asi nokwasɛm no so dua mpɛn pii sɛ wɔreba “ntɛm,” anaasɛ nnansa yi ara, na Yesu ka ɛno ne mpɛn anum so wɔ ha. (Adiyisɛm 2:16; 3:11; 22:7, 12, 20) ‘Ɔba’ abedi atemmu ho dwuma atia aguaman kɛse no, amammui “ahene” ne afoforo a wɔsɔre tia “yɛn Awurade [Yehowa] ne ne Kristo” ahenni no nyinaa.—Adiyisɛm 11:15; 16:14, 16; 17:1, 12-14.
16. Esiane sɛ wunim sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu reba ntɛm nti, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ pɔtee?
16 Ɛsɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu a wunim sɛ wɔreba ntɛm no hyɛ wo nkuran na woma ‘Yehowa da no ba tra w’adwene mu yiye.’ (2 Petro 3:12) Satan nneɛma nhyehyɛe no tim biara a ɛyɛ sɛ nea atim asase so no yɛ nnaadaa. Yiye biara a ɛte sɛ nea wiase atumfo a wɔhyɛ Satan ase no soro no bedi no yɛ nea ɛrentra hɔ nkyɛ. Nneɛma yi retwam akɔ. (Adiyisɛm 21:1) Yehowa, n’Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo ase no ne ne wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no nkutoo na ɛbɛtra hɔ daa. Mma wo werɛ mfi ɛno da!—1 Yohane 2:15-17.
-
-
Adiyisɛm ne WoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
19. Nsɛm bɛn na Yohane a ne mfe akɔ anim no de wie, na woyɛ w’ade dɛn wɔ ho?
19 Enti, yɛne Yohane bom bɔ mpae dennen sɛ: “Amen, Awurade Yesu, Bra!” Na Yohane, ɔsomafo a ne mfe akɔ anim no de ka ho sɛ: “Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka ahotefo nyinaa.” (Adiyisɛm 22:20b, 21, NW) Ɛmmra sɛ ɛbɛka mo a mokenkan nhoma yi nyinaa nso. Ɛmmra sɛ mubenya gyidi sɛ Adiyisɛm awiei koraa abɛn, sɛnea ɛbɛyɛ na mo nso ne yɛn abom atumi afi koma nyinaa mu aka sɛ “Amen!”
-