Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Nnompe a Awo Wosee” Ne ‘Adansefo Baanu’—Nsonsonoe Bɛn Na Ɛwom?
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • “Nnompe a Awo Wosee” Ne ‘Adansefo Baanu’—Nsonsonoe Bɛn Na Ɛwom?

      AFE 1919 mu no, nkɔmhyɛ mmienu bi a edi nsɛ baa mu. Baako fa “nnompe a awo wosee” ho, ɛnna foforo no nso fa ‘adansefo baanu’ bi ho. “Nnompe a awo wosee” ho nkɔmhyɛ no ka bere tenteenten bi ho asɛm (na na ɛyɛ mfehaha pii). Saa bere tenteenten no baa awiei bere a Onyankopɔn nkurɔfo bebree baa nkwa mu no. (Hes. 37:2-4; Adi. 11:1-3, 7-13) ‘Adansefo baanu’ ho nkɔmhyɛ no ka bere tiawa bi (a ɛbaa mu fi afe 1914 awiei de besi afe 1919 mfiase) ho asɛm. Saa bere tiawa no baa awiei bere a Onyankopɔn nkurɔfo kakraa bi baa nkwa mu no. Wɔn a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mmienu no nyinaa mu no, na ɛte sɛ nea wɔawuwu na wɔanya owusɔre. Nkɔmhyɛ mmienu no nyinaa baa mu wɔ yɛn bere yi so, wɔ afe 1919 mu. Saa afe no, Yehowa maa n’asomfo a wɔasra wɔn no ‘sɔre gyinagyinaa wɔn anan so,’ wɔdee wɔn ho fii Babilon Kɛse no ho, na Yehowa boaboaa wɔn ano baa asafo a na wasan ayɛ no foforo no mu.—Hes. 37:10.

      Nanso hyɛ no nsow sɛ, sɛnea nkɔmhyɛ mmienu no mu biara baa mu no, nsonsonoe titiriw bi wom. “Nnompe a awo wosee” ho nkɔmhyɛ no, ɛfa sɛnea na wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo nyinaa bɛsan aba nkwa mu no ho. Nanso ‘adansefo baanu’ a wɔsan baa nkwa mu no de, ɛfa wɔn mu kakraa bi ho. Wɔn na na wodi nneɛma anim wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu, na wɔn nso na wɔpaw wɔn sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no.—Mat. 24:45; Adi. 11:6.a

      Kristofo a wɔasra wɔn, efi asomafo no wu akyi besi afe 1919 Y.B.
  • “Nnompe a Awo Wosee” Ne ‘Adansefo Baanu’—Nsonsonoe Bɛn Na Ɛwom?
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
      1. AFE 1919 MFIASE

        1919: ‘Adansefo baanu’ no nyaa nkwa bere a wɔpaw wɔn a wɔasra wɔn no mu kakraa bi a na wodi nneɛma anim wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu sɛ wɔnsom sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena