Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Wobetumi Ayi Nsɛmmɔnedi Ne Basabasayɛ Afi Hɔ Da Bi?
    Nyan!—1980 | July 8
    • Yɛkenkan fa nea esii a yɛanhu no ho wɔ Adiyisɛm 12:9-12: “Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui. Na metee nne kɛse bi ɔsoro sɛ: Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na n’ahoɔden ayɛ Kristo no dea, efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo. Eyi nti mo soro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”

      Bere a watwɛn wiase sodi wɔ n’Agya nifa bɛyɛ sɛ mfirihyia 1,900 no, afei de wɔde tumi ahyɛ Kristo nsa sɛ ɔnsɔre ntia Satan. Na ɔsɔre tiaa no denam tow a ɔtow ɔbonsam ne n’adaemone no fii ɔsoro a wonhu hɔ no beguu asase yi so no so, Efi saa bere yi rekɔ no, ɛwom sɛ wonhu ɔbonsam de, nanso wɔatwa nea otumi yɛ wɔ asase no ano hye.

      Noa nna mu abɔfo no fi wɔn pɛ mu gyaw ɔsoro baa asase yi so; ɔbonsam ne n’adaemone no nni nea wɔbɛpaw wɔ saa asɛm yi mu, wɔ awiei bere yi mu. Nea wɔyɛɛ wɔn ara ne sɛ wotuu wɔn! Noa nna mu abɔfo no tumi faa adesamma nipadua hyɛe wɔ asase so de nyaa emu anigye wɔ ɔkwan a ɛmfata so: ɔbonsam ne n’adaemone no ntumi nyɛ saa wɔ saa bere yi mu. Ɛnde so ɛyɛ nwonwa sɛ wɔn abasamtu, abufuw, ne suro a wosuro atemmu a ɛreba no aka wɔn ama wɔrenya nnipa ne ahyehyɛde ahorow so nkɛntɛnso ma wɔadi nsɛmmɔne ayɛ basabasa wɔ ɔkwan a ɛso kyɛn Noa nna mu de no koraa so? Hwɛ sɛnea nsɛm yi yɛ nokware fa: “Asase ne ɛpo nnue!”

  • So Wobetumi Ayi Nsɛmmɔnedi Ne Basabasayɛ Afi Hɔ Da Bi?
    Nyan!—1980 | July 8
    • Hwɛ sɛnea Yesu bɔhyɛ sɛ tebea horow a ama ade atɔ amanaman no so wɔ osuro ho a wosusuw nti no yɛ nkuranhyɛ kɛse mmom, efisɛ ɛkyerɛ ankasa sɛ mmere pa nam kwan so reba, gye a wobegye yɛn afi saa nneɛma yi mu no abɛn! Tow a wɔtow Satan ne n’adaemone no guu asase yi so no yɛ adeyɛ a edi kan wɔ gye a Bible no kyerɛ sɛ wobegye yɛn koraa akɔ nneɛma nhyehyɛe foforo mu wɔ “saa awɔ ntoatoaso yi” mu no mfiase.​—Mat. 24:34.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena