Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yehowa Ɔhaw Ahorow a Ɛba Kristoman So
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • 29. Dɛn na ɛma nea wɔde “nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ kanea” no yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no nya mmamu, na dɛn ntia?

      29 Yɛahyia nea nsoromma ho sɛnkyerɛnne no yɛ dedaw wɔ Yesu nkrasɛm a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no a emu no nsoromma ason no yɛ asafo ahorow no mu mpanyimfo ho sɛnkyerɛnne no mu.b (Adiyisɛm 1:20) “Nsoromma” a wɔasra wɔn, ne afoforo a wɔasra wɔn nyinaa te ɔsoro wɔ honhom fam fi bere a wɔde honhom kronkron sɔ wɔn ano sɛ wɔn soro apɛgyade no ho sɛnkyerɛnne no. (Efesofo 2:6, 7) Nanso, ɔsomafo Paulo bɔ kɔkɔ sɛ awaefo, wɔn a wɔde mpaapaemu ba befi wɔn a wɔte sɛ nsoromma no mu aba, na wɔbɛdaadaa nguankuw no. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Nokware a wonni wɔ ɔkwan a ɛte saa so no bɛkɔ akowie gyidi ho ɔwae kɛse bi mu, na mpanyimfo a wɔahwe ase yi bɛka abom ayɛ onipa a onni mmara kuw bi a ɛbɛma ne ho so sɛ onyame wɔ adesamma mu. (2 Tesalonikafo 2:3, 4) Paulo kɔkɔbɔ ahorow no baa mu bere a Kristoman asɔfo puei wɔ wiase no. Wɔde sɛnkyerɛnne a ɛne “nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ kanea” gyinaa hɔ maa kuw yiye.

  • Yehowa Ɔhaw Ahorow a Ɛba Kristoman So
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • b Bere a nsoromma ason a ɛwɔ Yesu nifa mu no yɛ Kristofo asafo no so ahwɛfo a wɔasra wɔn no ho mfonini no, mpanyimfo a wɔwɔ asafo ahorow bɛyɛ 100,000 mu wɔ wiase no mu dodow no ara yɛ nnipakuw kɛse no mufo. (Adiyisɛm 1:16; 7:9) Wɔn gyinabea ne dɛn? Esiane sɛ wɔnam honhom kronkron so na ɛpaw wɔn denam akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw a wɔasra no so nti, wobetumi aka sɛ eyinom wɔ Kristo tumi nsa nifa no mu efisɛ wɔn nso wɔyɛ n’ahwɛfo nkumaa. (Yesaia 61:5, 6; Asomafo no Nnwuma 20:28) Wɔboa “nsoromma ason” no esiane sɛ wɔsom wɔ baabi a anuanom mmarima a wɔasra wɔn na wɔfata nni hɔ nti.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena