Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkekaboa Abien a Wɔne Wɔn Di Asi
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • 2 Satan ne n’adaemone nni ɔsoro kronkronbea hɔ bio na wɔahaw ɛhɔfo. Wɔapam saa abɔfo bɔne no afi soro aka wɔn ahyɛ asase so. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi na ama ahonhonsɛmdi adɔɔso bebree wɔ ɛnnɛ bere yi mu no. Ɔwɔ oniferefo no da so ara wɔ ahonhom ahyehyɛde bi a aporɔw. Nanso so ɔde ahyehyɛde a aniwa hu nso redi dwuma de adaadaa adesamma anaa? Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne ti ho. Na aboa a mihuu no no te sɛ ɔsebɔ, na n’anan te sɛ osisi anan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa no.”—Adiyisɛm 13:1, 2.

      3. (a) Mmoa a wɔyɛ keka bɛn na odiyifo Daniel hui wɔ anisoadehu mu? (b) Ná Daniel ti 7 mu mmoa akɛse no gyina hɔ ma dɛn?

      3 Dɛn ne aboa a ne ho yɛ hu yi? Bible no ankasa ma mmuae. Ansa na Babilon rehwe ase wɔ 539 A.Y.B. mu no, Yudani odiyifo Daniel huu anisoade bi a ɛfa mmoa bi a wɔyɛ keka ho. Wɔ Daniel 7:2-8 no, ɔka mmoa anan a wofii po mu sɔree ho asɛm, nea edi kan no te sɛ gyata, nea ɔto so abien te sɛ osisi, nea ɔto so abiɛsa te sɛ ɔsebɔ na “hwɛ, aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔyɛ den boro so ni . . . na ɔwɔ mmɛn du.” Eyi ne aboa a Yohane hui bɛyɛ afe 96 Y.B. no sɛ yiye. Saa aboa no nso wɔ su ahorow a ɛte sɛ gyata, osisi ne ɔsebɔ, na ɔwɔ mmɛn du. Dɛn ne mmoa akɛse a Daniel hui no? Ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Mmoa akɛse . . . yi yɛ ahene baanan a wobefi asase so asɔre agyina.” (Daniel 7:17) Yiw, saa mmoa no gyina hɔ ma “ahene,” anaa asase so amammui atumfo.

  • Nkekaboa Abien a Wɔne Wɔn Di Asi
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • 8. Dɛn nti na ɛnyɛ ahodwiriw sɛ wɔde Anglo-Amerika wiase tumi a ɛbɔ ho abien no bɛtoto aboa ho?

      8 So ɛnyɛ ahodwiriw sɛ wɔbɛka sɛ amammui tumi horow a edi so no yɛ aboa anaa? Saa na asɔretiafo binom kae wɔ Wiase Nyinaa Ko II bere so, bere a wogyee Yehowa Adansefo gyinabea sɛ ahyehyɛde ne sɛ ankorankoro ho akyinnye wɔ asennibea ahorow wɔ asase so nyinaa no. Nanso twɛn na susuw ho hwɛ! So amanaman no ankasa mfa mmoa anaa abɔde ahorow nyɛ wɔn man ho sɛnkyerɛnne ahorow anaa? Sɛ nhwɛso no Britania gyata, Amerika ɔkɔre ne China ɔtweaseɛ no wɔ hɔ. Enti, dɛn nti na sɛ Kyerɛw Kronkron no Kyerɛwfo a ɔwɔ soro no nso de mmoa yɛ wiase tumi horow ho sɛnkyerɛnne a ɛsɛ sɛ obi sɔre tia?

      9. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ obi sɔre tia sɛ Bible bɛka sɛ Satan na ɔde tumi kɛse ma aboa no? (b) Wɔka Satan ho asɛm wɔ Bible mu dɛn, na ɔkwan bɛn so na ɔkɛntɛn nniso horow so?

      9 Bio nso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi sɔre tia sɛ Bible ka sɛ Satan na ɔde ne tumi kɛse ma aboa no? Saa asɛm no Fibea ne Nyankopɔn, na wɔ n’ani so no ‘amanaman no te sɛ nsu koko a ɛresosɔ fi bokiti ho ne mfutumawa.’ Ɛbɛyɛ papa mmom sɛ saa amanaman no bɛhwehwɛ Onyankopɔn hɔ dom sen sɛ wɔn bo befuw ɔkwan a ne nkɔmhyɛ Asɛm no ka wɔn ho asɛm no ho. (Yesaia 40:15, 17; Dwom 2:10-12) Satan nyɛ ahintasɛm mu nnipa bi a wɔde adwuma ahyɛ ne nsa sɛ ɔnyɛ akra a wɔafi nipadua bi mu aninyanne wɔ hellgya bi mu. Beae a ɛte saa biara nni hɔ. Mmom no wɔka Satan ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ “hann bɔfo”—obi a wɔaben yiye wɔ nnaadaa mu a odi amansɛm nyinaa mu tumi kɛse.​—2 Korintofo 11:3, 14, 15; Efesofo 6:11-18.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena