Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Onyankopɔn Ahenni—Nniso Biara ne No Nsɛ
    Ɔwɛn-Aban—2006 | July 15
    • Yesu ne ne mfɛfo adedifo no fi beae a ɛkorɔn na edi tumi. Wɔ n’anisoadehu mu no, Daniel hui nso sɛ wɔde ‘ahenni ne tumi ama akronkronfo no.’ (Daniel 7:27) Ɛnyɛ Yesu nkutoo na obedi ade. Afoforo ka ne ho, na wobedi ade sɛ ahemfo ne asɔfo. (Adiyisɛm 5:9, 10; 20:6) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee wɔn ho asɛm sɛ: ‘Na mihui, na hwɛ! Oguammaa no gyina Sion Bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔatɔ wɔn afi asase so no ka ne ho.’—Adiyisɛm 14:1-3.

      Oguammaa no ne Yesu Kristo a ɔwɔ n’Ahenni mu no. (Yohane 1:29; Adiyisɛm 22:3) Sion Bepɔw yi gyina hɔ ma ɔsoro.a (Hebrifo 12:22) Yesu ne ne mfɛfo 144,000 no fi soro na edi ade. Gyinabea a ɛkorɔn bɛn ara ni! Ɔsoro a wɔwɔ nti, wohu biribiara. Esiane sɛ ɔsoro na “Onyankopɔn Ahenni” no wɔ nti, wɔsan frɛ no “ɔsoro ahenni.” (Luka 8:10; Mateo 13:11) Akode biara, a nuklea akode mpo ka ho, rentumi nsɛe ɔsoro nniso yi da. Biribiara ntumi nsɛe no, na ebedi Yehowa atirimpɔw ho dwuma.—Hebrifo 12:28.

  • Onyankopɔn Ahenni—Nniso Biara ne No Nsɛ
    Ɔwɛn-Aban—2006 | July 15
    • a Ɔhene Dawid a ɔtraa ase wɔ tete Israel no ko faa Sion Bepɔw a na ɛyɛ Yebusifo abannennen no de yɛɛ n’ahenkurow. (2 Samuel 5:6, 7, 9) Ɔsan de apam Adaka no kɔɔ hɔ. (2 Samuel 6:17) Esiane sɛ na Adaka no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ wɔn ntam nti, wɔde Sion yɛɛ ɔsoro a ɛyɛ Onyankopɔn trabea no ho sɛnkyerɛnne ma ɛfatae.—Exodus 25:22; Leviticus 16:2; Dwom 9:11; Adiyisɛm 11:19.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena