Hwɛ Hu Sɛ Wo Gyidi Gyina Fapem a Ɛyɛ Den So
BERE a wo ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, dɛn na ɛma wugye dii sɛ woahu “gyidi baako” no, kyerɛ sɛ, ɔkwan baako pɛ a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛfa so som no no? (Efe. 4:4-6) Yemmisa sɛ, sɛnea Yehowa Adansefo dodɔ wɔn ho no, ɛno na ɛtwee wo ma wode wo ho bɛbɔɔ wɔn anaa? Anaa ɛyɛ wɔn nokwaredi ne wɔn suban pa no? Nea enti a nnipa pii de wɔn ho abɛbɔ Onyankopɔn asomfo ne sɛ, Onyankopɔn asafo no yi ɔdɔ kann adi kyerɛ wɔn, na ɛma wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Sɛ wɔte nka saa nso a, ɛyɛ ne kwan so a, efisɛ ɔdɔ ne suban pa na ɛma yehu nokware Kristofo.—Yoh. 13:35; 1 Pet. 2:12.
Nanso, yɛmfa no sɛ wo nua Kristoni bi ayɛ biribi ama aha wo anaa wanna ɔdɔ adi ankyerɛ wo, anaa wayɛ bɔne kɛse bi na obiara reka ho asɛm. Ebia ne bɔne no te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Korinto asafo no mu wɔ ɔsomafo Paul bere so no. Biribi saa si a, dɛn na wobɛyɛ? (1 Kor. 5:1) Sɛ woma afoforɔ nneyɛe anaa nsɛm a wɔkeka sɛe wo gyidi a, ɛkyerɛ sɛ fapem a wo gyidi gyina so no nyɛ den. Dɛn na wobɛyɛ na biribi a ɛte saa ansi?
WOBƐYƐ DƐN AMA WO GYIDI AYƐ DEN?
Nea wusua fii Bible mu no, sɛ wokɔ so hwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware a, ɛbɛma wo gyidi ayɛ den. Susu wei ho hwɛ.
Bere bi, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ, ɛsɛ sɛ wɔdi ne honam na wɔnom ne mogya. Ɔkaa saa no, n’asuafo no pii kaa sɛ: “Asɛm yi ano yɛ hyew.” Nea Yesu kae no too wɔn mu bebree hintidua, na wɔgyaee n’akyi di.—Yoh. 6:56-60, 66.
Ɛno akyi no, obisaa n’asomafo no sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” Petro buae sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm. Yɛagye adi, na yɛabehu sɛ wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ no.”—Yoh. 6:67-69.
Nea Yesu kae no, adɛn nti na anto Petro ne asomafo a aka no hintidua? Ná wɔn gyidi no gyina fapem a ɛyɛ den so, na ɛnyɛ atenka kɛkɛ. Petro kaa sɛ: “Yɛagye adi, na yɛabehu sɛ wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ no.” Ná asomafo anokwafo yi nim nea wɔgye di ne nea enti a wɔgye di. Nsɛm a na Yesu reka ne nneɛma a na ɔreyɛ no, wɔde totoo nea na wɔnim wɔ Tworɔnsɛm no mu ho, na wɔbɛgye dii sɛ Yesu ne Mesia no. Ɛno nti, bere a ebinom gyaee Yesu akyi di no, wɔn deɛ wɔn gyidi anhinhim.
Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Ɛne sɛ, nea yenim no, ɛho hia koraa sen sɛnea yɛte nka. Adɛn ntia? Efisɛ, atenka a yɛwɔ deɛ, sɛ obi ne yɛn anni no yie a, etumi sesa. Nanso nokwasɛm a yɛasua afi Bible mu, te sɛ Onyankopɔn din, n’atirimpɔ ne nea ɛfa agyedeɛ no ho no, nea obi bɛka anaa ɔbɛyɛ biara rentumi nsesa no da. Enti nea Bible kyerɛkyerɛ no, sɛ yɛgye di paa, na yɛgye di nso sɛ Yehowa na ɛkyerɛ n’asafo no kwan a, ɛnneɛ yɛremma nea obi bɛyɛ nto yɛn hintidua mma yennyae Yehowa som.
Sɛ woma afoforɔ nneyɛe anaa nsɛm a wɔkeka sɛe wo gyidi a, ɛkyerɛ sɛ fapem a wo gyidi gyina so no nyɛ den
Ɔdɔ ne suban pa a yɛn nuanom da no adi kyerɛ yɛn no, ɛma yɛn ani gye. Nanso sɛ obi da suban bi a ɛmfata adi ma ɛha yɛn mpo a, Bible mu nokwasɛm a yenim nti, ɛremma yɛn gyidi nhinhim. Wei bɛma yɛagye adi sɛ, nokwaresom no ara mu na yɛwɔ yi. Enti, yɛremma biribi a ɛmfata a nnipa kakraa bi bɛyɛ nto yɛn hintidua.
Sɛ yɛwɔ nhyehyɛe pa a yɛde sua Bible da biara a, nokwasɛm a yɛabehu wɔ Bible mu no, ɛbɛhyɛ mu den. Ɛno nso bɛboa yɛn ama yɛahu sɛ ɔsom baako pɛ a Onyankopɔn pene so no, ɛno mu na yɛwɔ no. Wei bɛkyerɛ sɛ yɛn gyidi gyina fapem a ɛyɛ den so. Ɛba saa a, ɛmfa ho nea afoforɔ bɛka anaa wɔbɛyɛ no, yɛn gyidi renhinhim da.—Dw. 16:8; hwɛ adaka a yɛato din, “Mfi Ɔkwan Pa No So Da” no.