Memeneda, September 12
Munsiesie mo ho sɛ bere biara a obi bebisa anidaso a mowɔ no ho biribi no, mubeyi no ano.—1 Pet. 3:15.
Nea enti a wo ba gye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no, boa no ma onhu sɛnea ɔbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo. Nsɛm a ɛba toatoa so a ɛwɔ jw.org a yɛato din “Young People Ask—Creation or Evolution?” no, wubetumi ne no asusuw ho. Nsɛm a ɛwɔ hɔ a wo ba no betumi de aboa afoforo ma wɔate ase paa sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no, wo ne no mmɔ ho nkɔmmɔ. Boa no ma onhu sɛ, sɛ obi ma kwan sɛ ɔne no mmɔ ho nkɔmmɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔma ne nkyerɛkyerɛmu yɛ nwonworann. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ne yɔnko sukuuni bi bɛka sɛ: “Me de, nea mede m’ani hu nko ara na migye di, ɛnna Onyankopɔn nso minhuu no da.” Wo ba no betumi aka sɛ: “Fa no sɛ wonam kwae bi a ɛmmɛn kurom baabiara mu, ɛnna wokopuee abura bi so. Wobɛka sɛ abura no ara na ɛbae anaa? Ɛnyɛ dɛn ara a, obi na otuu abura no. Sɛ abura mpo, obi na otui a, amansan yi ne nneɛma a nkwa wom no, wohwɛ a, ɛnyɛ obi a onim nyansa paa na ɔyɛe?” w24.12 18 ¶16
Kwasida, September 13
Ɛnyɛ nkwakoraa mu na nyansa wɔ? Na ɛnyɛ onyinkyɛ mu na ntease wɔ?—Hiob 12:12.
Yɛn nyinaa hia afotu a ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae a ɛho hia wɔ yɛn asetena mu. Yebetumi anya saa afotu no bebree afi asafo mu mpanyimfo ne Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw hɔ. Sɛ wɔabɔ nkwakoraa anaa mmerewa a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ wɔn afotu no gu. Yehowa pɛ sɛ yesua biribi fi wɔn hɔ. Wɔadi nkyene, enti wɔwɔ osuahu ne nyansa koraa sen yɛn. Sɛ wokan Bible no a, wubehu sɛ tete no Yehowa maa anokwafo a wɔn mfe akɔ anim de nkuranhyɛ ne akwankyerɛ maa ne nkurɔfo. Wɔn mu bi ne Mose, Dawid, ne ɔsomafo Yohane. Wɔantena ase wɔ bere koro mu, na na ɛsono wɔn mu biara asetena mu nsɛm koraa. Aka kakra ma wɔawu no, wɔmaa nkyirimma afotu pa. Saa mmarima anokwafo yi mu biara sii so dua sɛ, ɛho hia paa sɛ yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn. Sɛ yɛyɛ mpanyin oo, sɛ yɛyɛ mmofra oo, yɛkenkan wɔn afotu no a, ɛbɛboa yɛn.—Rom. 15:4; 2 Tim. 3:16. w24.11 8 ¶1-2
Dwoda, September 14
Sɛ moanni onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, munni nkwa wɔ mo mu.—Yoh. 6:53.
Noa bere so tɔnn na Onyankopɔn baraa nnipa sɛ mma wɔnni mogya. (Gen. 9:3, 4) Bere a Yehowa de Mmara no maa Israelfo no, ɔka kyerɛɛ wɔn nso sɛ mma wɔnni mogya. Obiara a na obedi mogya no, na ɛsɛ sɛ ‘wokum saa onipa no.’ (Lev. 7:27) Yesu ka kyerɛɛ Yudafo no nso sɛ wɔnni Mmara no so. (Mat. 5:17-19) Enti ɛnyɛ ade a na Yesu bɛka akyerɛ saa Yudafo no da sɛ wɔnni ne honam anaa wɔnnom ne mogya ankasa. Ɛda adi pefee sɛ, asɛm a Yesu kae no, na ɛyɛ kasakoa. Saa kwan no ara na ɔfaa so ne Samariani bea no kasae. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nsu a mede bɛma no bɛma daa nkwa.’ (Yoh. 4:7, 14) Ɛha yi, ɛnyɛ sɛ na Yesu reka akyerɛ Samariani bea no sɛ nsu pɔtee bi wɔ hɔ a, sɛ ɔnom a ɛbɛma wanya daa nkwa. Nnipadɔm a ɔne wɔn kasae wɔ Kapernaum no nso, ɛnyɛ sɛ na ɔreka akyerɛ wɔn sɛ, sɛ wɔdi ne honam na wɔnom ne mogya ankasa a, wɔbɛtena ase daa. w24.12 9 ¶4-6