Kwasida, November 1
Meremfa nhyɛ me mu afebɔɔ.—Yer. 3:12.
Sɛ wɔyi obi fi asafo no mu a, mpanyimfo yɛ nea wɔbetumi biara de suasua Yehowa ayamhyehye. Bere a tete Israelfo a na wɔyɛ Yehowa man no tew atua no sei, wantwɛn amma wɔansakra ansa na ɔreboa wɔn. Mmom bere a wɔnnya nyɛɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene mpo no, oyii ne yam boaa wɔn. Yehowa ka kyerɛɛ ne diyifo Hosea sɛ ɛmfa ho sɛ ne yere da so rebu brabɔne no, ɔnsan ne no nkosiesie wɔn ntam. Ɔde kyerɛɛ ne nkurɔfo baabi a n’ayamhyehye kodu. (Hos. 3:1; Mal. 3:7) Asafo mu mpanyimfo suasua Yehowa; nea wɔpɛ paa ne sɛ ɔbɔnefo no bɛsan aba, enti wɔnyɛ biribiara a ɛbɛtwe no asan. Yesu mfatoho a ɛfa ɔba desɛefo no ho no mu no, agya no ‘tuu mmirika kɔyɛɛ ne ba no atuu, na ofew n’ano.’ (Luka 15:20) Hyɛ no nsow sɛ papa no antwɛn sɛ ne ba no mmɛpa no kyɛw ansa na ɔde ne bɔne akyɛ no. Mmom sɛnea agya biara a ɔwɔ ɔdɔ bɛyɛ no, odii kan tuu anammɔn kɔɔ ne ba no nkyɛn. w24.08 28 ¶7-8
Dwoda, November 2
Sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma ɔnkɔ so mmisa Onyankopɔn, . . . efisɛ oyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa ade a animtiaabu biara nnim.—Yak. 1:5.
Kyerɛwsɛm a ɛnnɛ daa asɛm no gyina so no, emu nsɛm no kyerɛ sɛ Yehowa mfa ne nyansa nsie yɛn. Oyi ne yam ma yɛn bi. Afei nso, hyɛ no nsow sɛ, sɛ Yehowa ma yɛn nyansa a, ɛyɛ a “animtiaabu biara nnim.” Sɛ yebisa ne hɔ nyansa anaa akwankyerɛ a, ɔmma yɛnte nka sɛ yɛn adwene mu nnɔ. Nea ɛwom mpo ne sɛ, ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ. (Mmeb. 2:1-6) Yɛn nso ɛ? Wohwɛ a, yebetumi asuasua Yehowa na nyansa a yɛwɔ no, yɛama afoforo bi anaa? (Dw. 32:8) Nea yenim no, yɛwɔ hokwan bebree a yebetumi de aboa afoforo. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛtaa tete wɔn a wɔyɛ foforo wɔ asɛnka mu. Asafo mu mpanyimfo to wɔn bo ase boa asomfo ne anuanom mmarima a wɔabɔ asu ma wɔhu sɛnea wɔbɛyɛ nnwuma a ɛhyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu. Afei nso, anuanom a ɛwɔ adansi ho nimdeɛ tete afoforo ma wɔsisi asafo adan, na wɔboa wɔn nso ma wɔhu sɛnea biribi sɛe a wɔbesiesie. w24.09 28-29 ¶11-12
Benada, November 3
Na yɛdɔ mo paa.—1 Tes. 2:8.
Onuabarima, sɛ wubetumi abɛyɛ asafo mu panyin a, ɛsɛ sɛ woyɛ ‘obi a wo ho nni asɛm.’ Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ asafo no mufo hu sɛ wobɔ bra pa na wɔbɔ wo din pa. (1 Tim. 3:2) Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔn a wonni asafo no mu di wo ho adanse pa. Ebia wɔn a wɔnni asafo no mu bɛkasa atia wo gyidi, nanso ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ wɔbɛka sɛ wo suban nye anaa wonka nokware. (Dan. 6:4, 5) Bisa wo ho sɛ, ‘Asafo no mufo ne wɔn a wɔnni asafo no mu bɔ me din pa anaa?’ Sɛ ‘wopɛ papayɛ’ a, ɛkyerɛ sɛ wohwehwɛ suban pa a afoforo wɔ, na wokamfo wɔn. (Tito 1:8) W’ani gye ho nso sɛ wobɛyɛ afoforo papa, na nea wɔnkaa sɛ yɛ mpo, woyɛ ma wɔn. Adɛn nti na ehia paa sɛ asafo mu mpanyimfo nya saa suban yi? Efisɛ wɔde wɔn bere pii srasra anuanom hyɛ wɔn nkuran, na wɔde bi yɛ dwumadi ahorow nso. (1 Pet. 5:1-3) Ɛwom sɛ wei yɛ adwumaden nanso nhyira a ɛwom no, ɛdɔɔso koraa sen nneɛma a wɔde bɔ afɔre no.—Aso. 20:35. w24.11 20-21 ¶3-5