Yesaia
43 O Yakob, nea wo Bɔfo+ Yehowa aka ni; O Israel, nea wo Nwemfo+ se ni: “Nsuro na magye wo.+ Mabɔ wo din afrɛ wo.+ Woyɛ me dea.+ 2 Sɛ wutwa nsu+ a, medi w’akyi;+ wofa asubɔnten mu a, ɛremfa wo.+ Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo ho nhwi mpo.+ 3 Mene Yehowa wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo Gyefo no.+ Mede Egypt ayɛ agyede ama wo,+ na mede Etiopia+ ne Seba asi w’ananmu. 4 Esiane sɛ wosom bo m’ani so nti,+ midi wo ni, na medɔ wo.+ Mede nnipa besi w’ananmu na mede aman asi wo kra ananmu.+
5 “Nsuro na midi w’akyi.+ Mede w’asefo befi owiapuei aba, na mɛboaboa wo ano afi owiatɔe.+ 6 Mɛka akyerɛ atifi fam+ sɛ ‘Gyaa wɔn!’ Na mɛka akyerɛ anafo fam sɛ ‘Nnye wɔn nka hɔ. Fa me mmabarima fi akyirikyiri bra, na fa me mmabea fi asase ano bra;+ 7 fa obiara a me din da no so+ bra, nea mabɔ no de ahyɛ me ho anuonyam,+ nea manwene no, ne nea mayɛ no biara.’+
8 “Fa ɔman a wɔwɔ aniwa nanso wɔyɛ anifuraefo, ne wɔn a wɔwɔ aso nanso wɔyɛ asotifo no bra.+ 9 Aman nyinaa mmoaboa wɔn ho ano faako, na amanaman nka mmom.+ Wɔn mu hena na obetumi aka eyi?+ Anaa wɔn mu hena na obetumi ama yɛate kan nneɛma no ho asɛm?+ Wɔmfa wɔn adansefo+ mmra na wommu wɔn bem, anaasɛ ma wɔnte na wɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ nokware!’”+
10 Yehowa anom asɛm ni:+ “Mone m’adansefo, m’akoa a mapaw no,+ na ama moahu+ agye me adi,+ na moahu sɛ me ara mene no.+ Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim,+ na m’akyi nso, obi nni hɔ.+ 11 Me ara mene Yehowa,+ na m’akyi no, ogyefo biara nni hɔ.”+
12 Yehowa asɛm ni: “M’ankasa na maka, na magye nkwa, na mama wɔate,+ bere a na onyame foforo biara nni mo mu.+ Enti mone m’adansefo,+ na mene Onyankopɔn.+ 13 Bio nso, mete sɛnea mete bere nyinaa;+ na obiara ntumi nnye mfi me nsam.+ Mɛkanyan me ho,+ na hena na obetumi abɔ me nsa akyene?”+
14 Yehowa, mo Gyefo,+ Israel Kronkronni+ no asɛm ni: “Mo nti mɛsoma akɔ Babilon akobubu nneduaban akyi adaban+ na madwerɛw Kaldeafo a wɔte hyɛn mu no ma wɔasu abɔ abubuw.+ 15 Mene Yehowa, mo Kronkronni no,+ Israel Bɔfo no,+ mo Hene no.”+
16 Yehowa a ɔpae kwan to po mu, nea ɔde ɔtempɔn to asu a ano yɛ den mu,+ 17 nea ɔde nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne asraafodɔm ne nnɔmmarima ba bere koro mu+ no asɛm ni: “Wɔbɛda fam.+ Wɔrensɔre bio.+ Wɔbɛma wɔadum.+ Wobedum te sɛ ntamaban.”+
18 “Monnkae kan nneɛma no, na munnnwen tete nneɛma ho. 19 Hwɛ, mereyɛ ade foforo bi.+ Afei ebepue ama moahu, anaa ɛnte saa?+ Nokwarem no, mede ɔkwan bɛto sare so,+ na mɛma nsubɔnten asen anhwea pradada so.+ 20 Wuram mmoa, sakraman ne nsohori+ mpo, bɛhyɛ me anuonyam,+ efisɛ mɛma nsu aba sare so na nsubɔnten asen anhwea pradada so,+ na mede ama me man a mapaw wɔn+ no anom, 21 ɔman a manwene wɔn afa sɛ wɔnka m’ayeyi nkyerɛ no.+
22 “Nanso womfrɛɛ me, O Yakob,+ efisɛ me ho afono wo, O Israel.+ 23 Womfaa oguan mmɔɔ ɔhyew afɔre mmaa me, na womfaa w’afɔre nhyɛɛ me anuonyam.+ Menhyɛɛ wo sɛ fa ayɛyɛde bɛsom me, na memmaa aduhuam nhyɛɛ wo brɛ.+ 24 Womfaa wo sika ntɔɔ sibiri+ huamhuam biara mmaa me, na wommaa w’afɔre srade mmee me.+ Me mmom na wo bɔne nti, woahyɛ me ama masom, na w’amumɔyɛ ama mabrɛ.+
25 “Me—m’ankasa na mepopa+ wo mmarato,+ me din nti.+ Na merenkae wo bɔne bio.+ 26 Kaakae me; ma yenhyia nni asɛm;+ ka w’asɛm na di bem.+ 27 W’agya a odi kan no ayɛ bɔne,+ na w’akasamafo afom me.+ 28 Enti megu kronkronbea hɔ mpanyimfo no ho fĩ, na mede Yakob bɛma ɔsɛe na mama wɔatwa Israel adapaa.+