15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
25 Yehowa bɛma woadi nkogu wɔ w’atamfo anim.+ Wobɛfa ɔkwan baako so akɔ wɔn so, nanso akwan ason na wobɛfa so aguan afi wɔn anim, na ɛbɛma asaase so ahemman nyinaa ho adwiriw wɔn.+
14 Enti Yehowa bo fuw Israel denneennen, na ɔde wɔn hyɛɛ nnipabɔnefo a wɔfom nneɛma nsa ma wɔfom wɔn nneɛma.+ Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a atwa wɔn ho ahyia+ no, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.+
10 Enti Filistifo no koe, na Israel dii nkogu+ maa obiara guan kɔɔ ne ntamadan mu. Nnipa a wowuwui no, na wɔdɔɔso paa; Israel asraafo* 30,000 na wowuwui.