1 Samuel 12:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Afei Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: “Nea moka kyerɛɛ me nyinaa mayɛ,* na mapaw ɔhene a obedi mo so.+ 1 Samuel 12:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Me na migyina ha yi. Monka wɔ Yehowa ne nea wasra no+ yi anim: Hena nantwi anaa n’afurum na magye?+ Hena na masisi no anaa mahyɛ no so? Hena nsam na magye adanmude* de akyea atemmu?+ Sɛ mayɛ biribi saa a, monka na metua ka.”+ Asomafo Nnwuma 20:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 M’ani mmeree obiara dwetɛ anaa sika kɔkɔɔ anaa ataade.+ 2 Korintofo 7:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Mummue mo komam mma yɛn.+ Yɛnyɛɛ obiara bɔne, yɛnsɛee obiara, yɛmpɛɛ obiara ho mfaso.*+
12 Afei Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: “Nea moka kyerɛɛ me nyinaa mayɛ,* na mapaw ɔhene a obedi mo so.+
3 Me na migyina ha yi. Monka wɔ Yehowa ne nea wasra no+ yi anim: Hena nantwi anaa n’afurum na magye?+ Hena na masisi no anaa mahyɛ no so? Hena nsam na magye adanmude* de akyea atemmu?+ Sɛ mayɛ biribi saa a, monka na metua ka.”+