7 ɛnde me nso asaase a mede ama Israel no, metu wɔn afi so,+ na ofi a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew* adi ho fɛw wɔ aman nyinaa mu.+
14 Enti sɛnea meyɛɛ Silo no,+ saa ara na mɛyɛ ofi a me din da so+ a mode mo ho ato so yi,+ na saa ara nso na mɛyɛ tenabea yi a mede maa mo ne mo agyanom no.
18 O me Nyankopɔn, yɛ aso tie! Bue w’aniwa na hwɛ sɛnea yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ, na hwɛ kurow a wo din da so no. Ɛnyɛ yɛn nnwuma pa nti na yɛde yɛn adesrɛ aba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebrebe no ntia.+