Daniel 2:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 “Nanso w’akyi no, ahenni foforo bɛba*+ a ennu wo de no; afei ahenni foforo a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ kɔbere nso bɛba,* na ebedi asaase nyinaa so.+ Daniel 5:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 “PERES, wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.”+ Daniel 8:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Memaa m’ani so hwɛe, na mihui sɛ odwennini bi+ gyina asubɔnten no ano, na na ɔwɔ mmɛn abien.+ Ná mmɛn abien no woware, nanso na baako ware sen baako; nea ɛware paa no na ɛbae akyiri yi.+ Daniel 8:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 “Odwennini a wuhuu no a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo.+
39 “Nanso w’akyi no, ahenni foforo bɛba*+ a ennu wo de no; afei ahenni foforo a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ kɔbere nso bɛba,* na ebedi asaase nyinaa so.+
3 Memaa m’ani so hwɛe, na mihui sɛ odwennini bi+ gyina asubɔnten no ano, na na ɔwɔ mmɛn abien.+ Ná mmɛn abien no woware, nanso na baako ware sen baako; nea ɛware paa no na ɛbae akyiri yi.+