15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
17 Saa bere no, me bo befuw wɔn denneennen,+ na mɛpo wɔn+ na madan m’ani afi wɔn so+ akosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn. Na wobehyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ pii.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mfinimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+