19 kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so resiesie Ɔne wiase bi ntam;+ ɔremmu wɔn mfomso ngu wɔn so.+ Na ɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛm a ɛbɛma nkurɔfo asiesie wɔne no ntam.+
2Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo* bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔtreneeni+ Yesu Kristo.+2 Ɔyɛ mpata afɔre+ ma yɛn bɔne;+ ɛnyɛ yɛn nko ara de, na mmom wiase nyinaa nso de ka ho.+
10 Nea saa ɔdɔ yi kyerɛ ni: Ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn. Na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre+ mpata mma yɛn bɔne.*+