25 Onyankopɔn de no mae sɛ afɔre, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ne mogya mu gyidi+ na ama asomdwoe aba* yɛne Onyankopɔn ntam.+ Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda ɔno ara ne trenee adi, efisɛ n’abotare nti, ɔde bɔne a wɔyɛe tete no kyɛe.
17 Ne saa nti, ɛho behiae sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” wɔ ade nyinaa mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ ɔsɔfo panyin mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu, na wabɔ ɔman no bɔne+ ho mpata afɔre.+
26 Anyɛ saa a, anka gye sɛ ohu amane mpɛn pii fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase no.* Nanso afei de, wayi ne ho adi prɛko wɔ wiase yi* awiei bere mu sɛ ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe no so beyi bɔne afi hɔ.+
2Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo* bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔtreneeni+ Yesu Kristo.+2 Ɔyɛ mpata afɔre+ ma yɛn bɔne;+ ɛnyɛ yɛn nko ara de, na mmom wiase nyinaa nso de ka ho.+