-
Efesofo 4:17-19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Enti nea meka na midi ho adanse wɔ Awurade mu ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mokɔ so nantew sɛnea amanaman no nantew+ wɔn adwenhunu* mu+ no bio. 18 Wɔn adwene aduru sum, na wɔatwe wɔn ho afi nkwa a Onyankopɔn de ma no ho, efisɛ wonni nimdeɛ na wɔn koma apirim. 19 Esiane sɛ wɔn ahonim* awu nti, wɔde wɔn ho maa ahohwibra*+ na wodii wɔn akɔnnɔ akyi,* na wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbra fĩ* nyinaa bi mu.
-