Exodus 12:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Momfa onini a wadi afe a ɔte apɔw;+ ebetumi ayɛ oguan ba anaa apɔnkye ba. Leviticus 22:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Mommfa biribiara a dɛm wɔ ho mmma,+ anyɛ saa a, n’ani rensɔ. Yohane 1:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Ade kyee no, ohui sɛ Yesu reba ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa+ no ni, nea oyi wiase+ bɔne fi hɔ+ no!
29 Ade kyee no, ohui sɛ Yesu reba ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa+ no ni, nea oyi wiase+ bɔne fi hɔ+ no!