Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 5/8 kr. 28
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nkokoa a Womiamia Wɔn So Mfaso
  • Ɔtare a Ɛreyow
  • Adwene a Wɔde Di Dwuma
  • Nnɔbae Ahorow a Ɛresa
  • Aduru a Edi Awu Sen Biara a ne Nom Ka Obi Hɔ
Nyan!—1993
g93 5/8 kr. 28

Wiase Nsɛm

Nkokoa a Womiamia Wɔn So Mfaso

Stress & Health Report se: “Nea yɛde yɛn adwene bu ne yɛn ankasa osuahu kyerɛ sɛ so a nnipa so wɔn ho mu no ma wonya akwahosan.” Wɔde nnyinasosɛm yi dii dwuma wɔ nkokoaa kuw bi a wɔwoo wɔn ansa na wɔn awo ankasa redu so hwɛ mu, na krataa bi a Enloe Ayaresabea a ɛwɔ California tintimii kaa saa nkokoaa 40 no ho nhwehwɛmu ho asɛm. Ná womiamia wɔn mu aduonu bɔkɔɔ simma 15, mprɛnsa da koro. Wɔhwɛɛ nkokoaa a wɔwoo wɔn ansa na wɔn awo ankasa redu so aduonu afoforo sɛnea wɔhwɛ nkokoaa daa no. Esii 20 a womiamiaa wɔn no yiye sen 20 a aka no wɔ nneɛma pii mu. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, sɛnea wɔn mu duru te da biara no kɔɔ anim ɔha mu nkyem 47, wɔbɔɔ mmɔden kɛse wɔ nneyɛe ho sɔhwɛ mu, na na ɛte sɛ nea wɔyɛ wɔn ade ɔhyew so na wɔn ani so da hɔ sen afoforo. Stress & Health Report de ba awiei sɛ: “Ebetumi aba sɛ nea eye ma nkokoaa no ye ma yɛn nyinaa.”

Ɔtare a Ɛreyow

Abɔde ho nyansahufo bi gye di sɛ mframa bɔne bi rebɛma Afrika Ɔtare Victoria, wiase atare akɛse a emu tew no mu nea ɛto so abien no mu nsu ayow. Ɛte sɛ nea apopobibiri redɔɔso wɔ ɔtare no ase, na egye nsu no mu oxygen. Efi dɛn? Ne tiaatwa mu ne sɛ ɛnam kwae a onipa sɛe, kuayɛ, ne nnipa a wɔredɔɔso dodo no so. Asase ani dɔte, nwura a wɔtow gu ne nnua mu wusiw pii no ma apopobiribi no nya aduan di. Afei nso, mpataayi ho mpanyimfo sii gyinae bɛyɛ mfe 30 ni sɛ wɔbɛhyɛ mpataayi adwuma no mu den denam Nile mu mpataa akɛse a wɔde wɔn baam no so. Mpataa afoforo yi dɔɔso, na mpataayi adwuma no kɔɔ soro sɛnea wɔyɛɛ ho nhyehyɛe no. Nanso, Nile mu mpataa akɛse no memenee mpataa nketenkete a na wodi apopobibiri ma ɛnnɔɔso pii no. Saa mpataa no mu bɛboro fã awu. Mprempren, esiane mpataayi a ɛtra so ne oxygen a ɛresa no nti, mpataa akɛse no nso ase betumi ahyew. Nnipa bɛyɛ ɔpepem 30 na wodi ɔtare Victoria mu mpataa.

Adwene a Wɔde Di Dwuma

“Adwene a Emu Da Hɔ.” Ɛno ne Finland ɔsatu bi a esi adwene a wɔde di dwuma so dua no din. Asɛm no yɛ tiawa. Mpɛn dodow a yɛde yɛn adwene di dwuma​—de dwen nsɛm ho, de di adwini, de sua nneɛma afoforo​—no, dodow no ara na ɛyɛ adwuma yiye. Juhani Juntunen, adwene ho nhwehwɛmufo ne ayaresabea sohwɛfo, a ɔsomee sɛ ɔsatu no sohwɛfo sii so dua sɛ: “Yɛwɔ tumi a enni awiei a yɛde bedi ɔhaw ahorow ho dwuma wɔ yɛn adwenem, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, adwene no mu tumi mu nkyem du mu biako pɛ na onipa de di dwuma.” Ɔhyɛ sɛ: “Yɛ w’adwene yiye, sua nneɛma afoforo, na wubenya adwene tumi pii.” Ɛyɛ no abufuw sɛ nnipa pii kamfo mmofra tra so, na wobu wɔn a wɔn mfe akɔ anim adwene mu tumi animtiaa, efisɛ ogye di sɛ mpanyimfo adwene tumi yɛ adwuma yiye sen mmofra de wɔ akwan bi so. Juntunen se: “Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no na wokura dibea akɛseakɛse. Ebia amemene no bɛyɛ adwinnade a ɛsɛe de, nanso mpanyimfo de di dwuma ahokokwaw so sen mmofra.”

Nnɔbae Ahorow a Ɛresa

Sɛnea Brazil nsɛmma nhoma Superinteressante kyerɛ no, Spain ɛfere ahorow pii ne Asia Mfinimfini Fam gyeene ahorow ase rehyew, na ahwerew ne aburow ahorow bi ase agu dedaw wɔ Brazil. Wɔkyerɛ sɛ Edouard Saouma, a ɔda Amanaman Nkabom Aduan ne Kuayɛ Ahyehyɛde no ano no kae sɛ: “Efi mfiridwuma ne wɔn a wodi, a wɔpɛ ade koro no ara bere nyinaa no.” Nsɛmma nhoma no de ka ho sɛ: “Esiane sɛ akuafo bɔ mmɔden sɛ wɔde nea wɔhwehwɛ no bɛma nti, nnɔbae ahorow no so kɔ so tew daa.” Saouma de kɔkɔbɔ ma sɛ esiane nneɛma a wɔyɛ no sɛnea nkurɔfo pɛ yi nti, adesamma betumi ahwere nnuadewa ahorow 40,000 wɔ mfe du du a ɛreba no mu. Abɔde ho nyansahufo suro sɛ, sɛ wɔannya nea egu ahorow a, nyarewa betumi aka nnɔbae a wotwa no.

Aduru a Edi Awu Sen Biara a ne Nom Ka Obi Hɔ

Thomas C. Schelling, a anka ɔda Tawanom Nneyɛe ho Nhyehyɛe ho Nhwehwɛmu ano ka sɛ, ɛnyɛ sɛ sigaret yɛ nnubɔne a ne nom ka obi hɔ sen biara no mu biako nko, na mmom “edi awu sen biara.” Ɔka wɔ January 24, 1992, Science nsɛmma nhoma no mu sɛ ne gyae yɛ den. Nnipa 5 biara mu 1 na otumi gyae nnom mfe abien anaa nea ɛboro saa. Dɛn nti na ne gyae yɛ den saa? Schelling bobɔ nneɛma a ɛma ɛyɛ den no din: Sigaret bo yɛ mmerɛw, ɛnyɛ na, wotumi de kɔ baabiara, na wotumi kora so; ɛmma w’adwene ho ntɔ kyima; na sigaretnom nhwehwɛ adwinnade biara. Ose: “Ɛkyɛ ansa na opira no ada adi. Ɛtaa ba sɛ wɔn a sigaretnom ma wonya akisikuru ne ahrawa ne koma yare no anom sigaret mfe aduasa anaa nea ɛboro saa, ansa na ɔyare no ho sɛnkyerɛnne no fi ase da adi.” Ɛwom sɛ nicotine ne sigaret mu ade titiriw a ɛma ne nom ka obi hɔ de, nanso Schelling susuw nso sɛ tawa wusiw hua ne su a ne nom ma obi nya no nso ma ɛka ne hɔ. Dɛn nti na wɔn a wogyae nom taa fi ase nom bio? Ose: “Sigaret abu so araa ma wɔn a wɔagyae nom no taa hu bi, na ahosodi a wɔhwere no bere tiaa bi ma wotumi nom.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena