Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bsi08-2 ti 57 kr. 12-13
  • Bible Nhoma a Ɛto So 57—Filemon

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nhoma a Ɛto So 57—Filemon
  • “Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
  • Nsɛmti Nketewa
  • NEA ENTI A MFASO WƆ SO
“Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
bsi08-2 ti 57 kr. 12-13

Bible Nhoma a Ɛto So 57—Filemon

Nea Ɔkyerɛwee: Paulo

Beae a Ɔkyerɛw No: Roma

Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 60–61 Y.B.

PAULO krataa a ɔde anifere kyerɛwee yi da ne dɔ adi, na ɛho hia Kristofo nnɛ. Eyi ne ‘amanaman somafo’ no krataa a esua koraa, na Yohane Nhoma a Ɛto So Abien ne nea Ɛto So Abiɛsa akyi no, Filemon ne Bible mu nhoma a edi hɔ a emu nsɛm sua. Bio nso saa krataa yi de, Paulo anhyɛ da ankyerɛw ankɔma asafo anaa ɔhwɛfo pɔtee bi, mmom ɔkyerɛw no sɛ ɔne ne yɔnko bi ntam asɛm—biribi a na Paulo pɛ sɛ ɔne ne nua Kristoni Filemon a ɛbɛyɛ sɛ na biribi wɔ ne nsam no susuw ho. Na onua yi te Frigiafo kurow Kolose a ɛwɔ Asia Kumaa no mu.—Rom. 11:13.

2 Adwene a Paulo de kyerɛw krataa yi da adi pefee: Bere a wɔde no kɔtoo afiase nea edi kan wɔ Roma (wɔ afe 59-61 Y.B.) no, na ɔwɔ hokwan a otumi de ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. Wɔn a wotiee n’asɛm no mu biako ne akoa bi a wɔfrɛ no Onesimo a na waguan afi Paulo adamfo Filemon fie no. Eyi maa Onesimo bɛyɛɛ Kristoni, na bere a Paulo ne ne susuw ho no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔma ɔsan kɔ Filemon nkyɛn. Saa bere yi ara nso na Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Efeso ne Kolose asafo no. Otuu Kristofo a wɔyɛ nkoa ne wɔn wuranom fo wɔ nkrataa abien yi mu sɛnea wobetumi atra asomdwoe mu. (Efe. 6:5-9; Kol. 3:22–4:1) Nanso eyi nyinaa akyi no, Paulo huu hia a ehia sɛ ɔkyerɛw krataa kɔma Filemon de srɛ ma Onesimo. Paulo ankasa na ɔde ne nsa kyerɛw krataa yi. Na ɛyɛ biribi a ɔntaa nyɛ. (Filem. 19) Ade a n’ankasa yɛe yi maa n’adesrɛ no dii mũ.

3 Ɛbɛyɛ sɛ Paulo kyerɛw krataa yi afe 60-61 Y.B. mu, efisɛ na ebegye Paulo bere kakra na ɔde aka asɛm no wɔ Roma ma ebinom abɛyɛ gyidifo. Bio nso esiane sɛ ɔkae wɔ nkyekyɛm 22 sɛ ɔrehwɛ kwan sɛ wobeyi no nti, yebetumi aka sɛ odii bere kakra wɔ afiase ansa na ɔrekyerɛw krataa no. Ɛda adi sɛ ɔde krataa a ɔkyerɛw Filemon ne nea ɔde kɔmaa asafo a ɛwɔ Efeso ne Kolose no somaa Tihiko ne Onesimo.—Efe. 6:21, 22; Kol. 4:7-9.

4 Filemon nhoma no nkyekyɛm a edi kan no ara bɔ Paulo din sɛ ɔno na ɔkyerɛwee. Na Origen ne Tertullian nso gye toom saa.a Ade biako a ɛfoa so sɛ nhoma yi yɛ nokware ne sɛ wɔde kaa Paulo nkrataa afoforo ho wɔ Muratori nhoma a wɔkyerɛwee wɔ Kristo wu akyi bɛyɛ mfe ɔha no mu.

NEA ENTI A MFASO WƆ SO

7 Sɛnea yehu wɔ krataa yi mu no, na ɛnyɛ Paulo adwene ne sɛ ɔbɛka biribi de ayi wiase mu tebea horow anaa nhyehyɛe te sɛ nkoasom afi hɔ. Wamfa ne tumi anka sɛ Kristofo a wɔyɛ nkoa mpo mfa wɔn ho nni, na mmom ɔmaa Onesimo twaa bɛboro akwansin 900 fi Roma kɔɔ ne wura Filemon nkyɛn wɔ Kolose. Paulo de n’ani sii adwuma a na Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa sɛ ɔsomafo no so, na “ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm . . . kyerɛkyerɛɛ wɔn Awurade Yesu Kristo ho ade.”—Aso. 28:31; Filem. 8, 9.

8 Krataa a ɔde kɔmaa Filemon no ka koma efisɛ ɛma yehu ɔdɔ ne biakoyɛ a na ɛwɔ tete Kristofo no ntam. Yehu wɔ krataa no mu sɛ na tete Kristofo no frɛ wɔn ho “onua” ne ‘onuabea.’ (Filem. 2, 20) Afei nso ɛma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hu sɛnea wɔde Kristofo nnyinasosɛm bedi dwuma wɔ wɔne wɔn nuanom Kristofo ntam. Yehu wɔ Paulo nso ho sɛ ɔdaa onuadɔ adi, na ɔkyerɛɛ obu maa tumi a afoforo wɔ ne wɔn agyapade, na ɔdaa anifere ne ahobrɛase a edi mu adi. Sɛ anka Paulo de tumi a ɔwɔ sɛ ɔhwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu no bɛhyɛ Filemon ma ɔde afiri Onesimo no, ɔtwee n’adwene sii Kristofo dɔ ne ayɔnkofa a ɛda ɔne no ntam so, na ofi ahobrɛase mu srɛ maa no. Ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua pii afi anifere a Paulo de kasa kyerɛɛ Filemon no mu.

9 Na Paulo hwɛ kwan sɛ Filemon betie n’adesrɛ no, na sɛ Filemon tie a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔde Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:14 ne Paulo asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:32 no redi dwuma. Ɛnnɛ nso sɛ onua bi fom ne yɔnko Kristoni a, ɛsɛ sɛ ohu no mmɔbɔ na ɔde firi no. Mmara kwan so no, na Filemon betumi ayɛ n’akoa no nea ɔpɛ biara, nanso ɔde ne bɔne firii no. Ɛnde ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ de wɔn nuanom mfomso befiri wɔn.

10 Yehu sɛnea Yehowa honhom yɛ adwuma wɔ krataa a Paulo de kɔmaa Filemon yi mu. Ahokokwaw a Paulo de siesiee asɛm a ne ka yɛ den no kyerɛ sɛ na honhom no reyɛ adwuma. Sɛnea Paulo daa tema ne onuadɔ adi ne sɛnea onyaa ne yɔnko Kristoni mu gyidi no nso kyerɛ sɛ na honhom no reyɛ adwuma. Krataa a ɔde kɔmaa Filemon yi kyerɛkyerɛ Kristofo nnyinasosɛm te sɛ Kyerɛwnsɛm no fã a aka no, na ɛhyɛ Kristofo biakoyɛ ho nkuran. Afei ɛma yehu ɔdɔ ne gyidi a abu so wɔ “akronkronfo” no mu, akronkronfo a wɔwɔ Onyankopɔn Ahenni no mu anidaso a wɔn suban da Yehowa adɔe adi no. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ honhom no nkɛntɛnso wɔ krataa yi so.—Nky. 5.

[Ase hɔ asɛm]

a The International Standard Bible Encyclopedia, a G. W. Bromiley hyehyɛɛ emu nsɛm, Po 3, 1986, kratafa 831.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena