Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es17 kr. 26-36
  • March

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • March
  • Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wukuda, March 1
  • Yawda, March 2
  • Fida, March 3
  • Memeneda, March 4
  • Kwasida, March 5
  • Dwoda, March 6
  • Benada, March 7
  • Wukuda, March 8
  • Yawda, March 9
  • Fida, March 10
  • Memeneda, March 11
  • Kwasida, March 12
  • Dwoda, March 13
  • Benada, March 14
  • Wukuda, March 15
  • Yawda, March 16
  • Fida, March 17
  • Memeneda, March 18
  • Kwasida, March 19
  • Dwoda, March 20
  • Benada, March 21
  • Wukuda, March 22
  • Yawda, March 23
  • Fida, March 24
  • Memeneda, March 25
  • Kwasida, March 26
  • Dwoda, March 27
  • Benada, March 28
  • Wukuda, March 29
  • Yawda, March 30
  • Fida, March 31
Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2017
es17 kr. 26-36

March

Wukuda, March 1

Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.​—Yak. 4:14.

Mpanyimfo a wɔhwɛ ade kɔ akyiri de nneɛma a wɔasua mfe pii no kyerɛkyerɛ mmerante. (Dw. 71:17, 18) Mpanyimfo a wɔtete afoforo no som bo efisɛ adwuma a wɔyɛ no bɛhyɛ asafo no den. Ntetee a wɔde ma no siesie anuanom mmarima pii ma wɔboa ma baakoyɛ tena asafo no mu, na ɛma wɔkɔ so di nokware ma Onyankopɔn. Wei ho hia wɔ saa bere yi a yɛwɔ nna a ɛdi akyiri mu no, na ɛho bɛhia paa wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu nso. (Hes. 38:10-12; Mika 5:5, 6) Enti anuanom mpanyimfo, yɛsrɛ mo, monnye bere mfa ntete afoforo. Momfi ase nnɛ. Yɛnim sɛ nnwuma pii gu mo so efisɛ moredi asafo no mu nsɛm foforo a ɛho hia ho dwuma. Nanso ɛho bɛhia sɛ mode bere a mode di asafo mu nsɛm ho dwuma no bi tete afoforo. (Ɔsɛnk. 3:1) Sɛ moyɛ saa a, na mode mo bere redi dwuma yiye, na asafo no bɛnya so mfaso daakye. w15 4/15 1:8-10

Yawda, March 2

W’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɔkwan no ni. Momfa so.”​—Yes. 30:21.

Yɛnim sɛ Bible yɛ Onyankopɔn asɛm a ɔde ama nnipa nyinaa. Nanso wohwɛ a, Bible bɛtumi aboa wo ma woabɛn Yehowa paa? Aane! Sɛ wokenkan Bible a, tɔ wo bo ase dwendwene nea wokenkan no ho, na hwɛ sɛnea wobɛtumi de nea woresua no abɔ wo bra. Sɛ woyɛ saa a, na worema Yehowa akasa akyerɛ wo. Ɔbɛyɛ wo yɔnko brɛbo a ɔreboa wo, na ɛbɛma woabɛn no paa. (Heb. 4:12; Yak. 1:23-25) Sɛ wokan Yesu asɛm a ɛdi so yi a, ɛka wo sɛn: “Monnyae ademudeɛ a mohyehyɛ no asase soɔ no”? Sɛ woreyɛ nea wobɛtumi biara de Yehowa adi kan wɔ w’asetenam a, wobɛhu sɛ Yehowa ani sɔ nea woreyɛ no. Nanso ebia bere a worekenkan Yesu asɛm no, wohuu sɛ ɛhia sɛ wotwitwa nneɛma so wɔ w’asetenam na woyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ saa a, ɛnde Yehowa reboa wo ma woahu nea wobɛtumi ayɛ na woabɛn no paa.—Mat. 6:19, 20. w15 4/15 3:3-5

Fida, March 3

Awurade begyinaa me nkyɛn hyɛɛ me den sɛnea wɔbɛfa me so ayɛ asɛnka no pɛpɛɛpɛ, na ama amanaman nyinaa ate; na wogyee me fii gyata anom.​—2 Tim. 4:17.

Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ saa adwuma yi a, yɛbɛtumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yɛhia nyinaa. (Mateo 6:33) Yehowa de ‘asɛmpaka adwuma’ no nso ahyɛ yɛn nsa, na ɔfrɛ yɛn ne “mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ.” (1 Tes. 2:4; 1 Kor. 3:9) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ saa adwuma yi a, yɛbɛtumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yɛhia nyinaa. Enti ma wo ne Yehowa abusuabɔ mu nyɛ den da biara da. Sɛ wohyia sɔhwɛ na woreteetee a, fa no sɛ ɛyɛ hokwan a wode bɛbɛn Yehowa kɛse. Kenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no, sua na dwendwene ho. Kɔ so bɔ Yehowa mpae, na fa nsi yɛ wo som adwuma. Sɛ woyɛ saa nneɛma yi a, wobɛtumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa wo ma woagyina sɔhwɛ a wobɛhyia seesei nyinaa ne sɔhwɛ foforo biara a ebia wobɛhyia daakye no ano. w15 4/15 4:17, 18

Memeneda, March 4

Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi?​—Yak. 4:1.

Ahantan bɛtumi asɛe asafo bi asomdwoe. Sɛ yɛtan afoforo na ɛyɛ yɛn sɛ yɛyɛ nnipa sen wɔn a, ɛbɛtumi ama yɛaka asɛm anaa yɛayɛ biribi ma ayɛ wɔn yaw paa. (Mmeb. 12:18) Sɛ yɛn adwene yɛ yɛn sɛ yɛyɛ nipa sen afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa kyi “akoma mu ɔhantanni.” (Mmeb. 16:5) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn koma mu na yɛbisa yɛn ho sɛ: ‘Mete nka sɛ meyɛ nipa sen afoforo a ɛsono wɔn amammerɛ, anaa ɛsono abusua ne ɔman a wɔfi mu?’ Sɛ saa na ɛyɛ yɛn a, ɛnde na yɛn werɛ afi sɛ Onyankopɔn yɛɛ “nnipa aman nyinaa firii onipa baako mu.” (Aso. 17:26) Enti sɛ yɛbɛka a, yɛn nyinaa yɛ abusua baako, efisɛ obiara fi Adam mu. Nyansa nnim koraa sɛ yɛbɛgye adi sɛ Onyankopɔn bɔɔ mmusua bi yie sen afoforo. Sɛ saa na yɛn adwene yɛ yɛn a, ɛnde na yɛrema kwan ama Satan asɛe Kristofo dɔ ne baakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no. (Yoh. 13:35) Sɛ yɛbɛtumi ne Satan ako adi ne so nkonim a, ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so anaasɛ yɛyɛ ahantan.—Mmeb. 16:18. w15 5/15 2:8, 9

Kwasida, March 5

Munsuasua Onyankopɔn.​—Efe. 5:1.

Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ daakye ɔbɛma yɛn asetena a ɛyɛ anigye a amanehunu biara nnim. Kristofo a wɔasra wɔn no hwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ soro, na “nnwan foforɔ” no nso hwɛ kwan sɛ wɔbɛtena asase so daa. (Yoh. 10:16; 17:3; 1 Kor. 15:53) Nanso sɛ yɛhu amane nnɛ a, Yehowa hu ɛyaw a yɛdi no. Tete no, bere a Yehowa asomfo huu amane wɔ Egypt no, ɛyɛɛ no yaw. Bible ka sɛ: “Ne ho hiahiaa no.” (Yes. 63:9) Akyiri yi, bere a Yehowa asomfo resan asi asɔrefie no a na wɔsuro wɔn atamfo no, ɔtee wɔn ase. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’ani kosua.” (Sak. 2:8) Sɛnea maame biara dɔ ne ba a wawo no foforo no, saa ara na Yehowa dɔ n’asomfo, na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. (Yes. 49:15) Sɛ asɛm to ebinom na yɛfa no sɛ yɛn na ato yɛn a, ɛma yɛte wɔn ase. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Yehowa dɔ.—Dw. 103:13, 14. w15 5/15 4:2

Dwoda, March 6

Ahiafo de, daa wɔwɔ mo nkyɛn.​—Mat. 26:11.

Yɛmmisa sɛ, nea na Yesu reka ne sɛ ahiafo rempa asase so da? Dabi, nea na ɔreka ne sɛ bere tenten a yɛte Satan wiase yi mu no, yɛbɛnya ahiafo wɔ yɛn mu. Esiane sɛ atumfoɔ dodow no ara yɛ adifudepɛ na wɔbɔ nyansakorɔn nti, nnipa ɔpepem pii di hia. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma amanehunu aba awiei nnansa yi ara! (Dw. 72:16) Anwonwade a Yesu yɛe no ma yɛnya awerɛhyem sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ne tumi yɛ nneɛma pa ma yɛn. (Mat. 14:14-21) Yɛnni tumi a yɛde bɛyɛ anwonwade, nanso dɛn na yɛbɛtumi ayɛ? Yɛbɛtumi de yɛn bere ne yɛn ahoɔden aka daakye papa a Bible ahyɛ ho bɔ no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Ɛno ne Yehowa Adansefo adwuma. (Rom. 1:14, 15) Sɛ yɛdwendwene nneɛma a Kristo bɛyɛ nnansa yi ara ho a, yɛde anigye bɛka ho asɛm akyerɛ afoforo.—Dw. 45:1; 49:3. w15 6/15 1:7, 10, 11

Benada, March 7

Monhohoro mo nsa, . . . na montew mo komam.​—Yak. 4:8.

Sɛ Yehowa yɛ yɛn Adamfo paa a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nneyɛe ne yɛn nsusuiɛ nyinaa sɔ n’ani. Sɛ yɛn adwenem te fann a, ɛnneɛ yɛn komam nso bɛte. (Dw. 24:3, 4; 51:6; Filip. 4:8) Yehowa nim sɛ yɛnyɛ pɛ, enti yɛbɛtumi adwendwene ɔbrasɛe ho. Nanso, esiane sɛ yɛmpɛ sɛ yɛma Yehowa di awerɛhoɔ nti, yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛyi yɛn adwene afi nsusuiɛ bɔne so. (Gen. 6:5, 6) Yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so adwendwene nneɛma a ɛho te ho. Sɛ yɛkɔ so bɔ mpae a, Yehowa bɛboa yɛn ma yɛayi nsusuiɛ bɔne afi yɛn adwenem. Ɔma yɛn ne honhom kronkron sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnya akokoduru ama yɛn ho akɔ so atew. w15 6/15 3:4, 5

Wukuda, March 8

Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu.​—Mat. 6:11.

Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsrɛ ‘yɛn aduane,’ na ɛnyɛ ‘m’aduane.’ Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Afrika a wɔfrɛ no Victor ka sɛ: “Metaa da Yehowa ase paa sɛ me ne me yere nhaw yɛn ho nnwene aduane a yɛbɛdi ho, na saa ara nso na yɛnnwene nea ɛbɛyɛ a yɛbɛtua yɛn dan ka ho. Yɛn nuanom hwɛ yɛn daa. Nanso mebɔ mpae sɛ Yehowa mmoa wɔn a wɔhwɛ yɛn no ma wɔn sikasɛm nkɔ yie.” Yɛn deɛ ebia yɛwɔ aduane pii a yɛbɛdi nanso yɛn nuanom pii di hia. Afei nso, atoyerɛnkyɛm ato ebinom. Yɛbɛtumi abɔ mpae ama wɔn na yɛasan nso ayɛ biribi aboa wɔn. Ebi ne sɛ, yɛbɛtumi ne wɔn akyɛ nea yɛwɔ. Yɛbɛtumi nso ayi ntoboa daa de aboa adwuma a Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa reyɛ no. Yɛnim sɛ ntoboa a yɛyi no boa yɛn nuanom a wɔhia mmoa no.—1 Yoh. 3:17. w15 6/15 5:4-6

Yawda, March 9

Onyankopɔn yi ne yɛn Nyankopɔn daa daa. Ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn kwan de akosi owu mu.​—Dw. 48:14.

Odiyifo Yesaia ka too hɔ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae akɛse wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no mu. (Yes. 60:17) Kristofo a wɔyɛ mmofra ne wɔn a wɔaba asafo no mu foforo akenkan saa nsakrae yi ho asɛm, anaa wɔate ho asɛm kɛkɛ. Nanso anuanom mmarima ne mmaa pii ahu sɛnea saa nsakrae akɛse yi te ankasa! Saa asomfo anokwafo yi gye di paa sɛ Onyankopɔn nam yɛn Hene Yesu so rekyerɛ N’ahyehyɛde no kwan! Sɛ yɛtie saa Kristofo yi suahu ahorow a, ɛbɛhyɛ gyidi ne ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no den. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa ka Yehowa ahyehyɛde no ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɛwom mpo sɛ yɛte Satan wiase bɔne yi mu deɛ, nanso asomdwoe ne baakoyɛ wɔ yɛne yɛn nuanom ntam. w15 7/15 1:12, 13

Fida, March 10

Wɔboaboaa ahene no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.​—Adi. 16:16.

Harmagedon ko no bɛhyɛ Yehowa din kronkron no anuonyam. Wɔbɛsɛe wɔn a wɔbɛbu wɔn atɛn sɛ mmirekyie, anaa wɔn a wɔanni nokware no nyinaa. (Mat. 25:31-33, 46) Abɔnefosɛm bɛfi asase so koraa, na “nipakuo kɛseɛ” no bɛnya wɔn ti adidi mu wɔ Harmagedon. Esiane sɛ anigyesɛm yi bɛba nnansa yi ara nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ seesei? Yehowa de honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛsiane sɛ yeinom nyinaa bɛnane nti, monhunu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu berɛ a motwɛn na moma Yehowa da no ba yɛ ntɛm mo adwenem no . . . Enti, adɔfo, ɛsiane sɛ moretwɛn yeinom nti, monyɛ deɛ mobɛtumi biara mma no mmɛhu mo sɛ nnipa a wɔn ho nni nkekaeɛ ne dɛm biara wɔ asomdwoeɛ mu.” (2 Pet. 3:11, 12, 14) Enti, momma yɛnsi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn som ho ate a yɛremfa atoro som nkyerɛkyerɛ biara mfrafra mu. Afei nso, momma yɛmmoa Asomdwoe Hene, Yesu Kristo. w15 7/15 2:17, 18

Memeneda, March 11

Sɛ Yehowa ansi fie no a, ɛho adwumayɛfo brɛ gu kwa.​—Dw. 127:1.

Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase baabiara yɛ adwumaden sisi Ahenni Asa. Anuanom a wɔatu wɔn ho ama a wɔnnye akatua na wɔyɛ sɛnea wɔbɛsi dan no ho mfoni wɔ krataa so, wɔsisi adan no, na wosiesie ebi nso. Ɛno nti, mfe 15 a atwam no, yɛatumi asisi Ahenni Asa a ɛyɛ fɛ bɛboro 28,000 wɔ wiase nyinaa. Ɛkame ayɛ sɛ da biara yɛsi Ahenni Asa 5. Yehowa ahyehyɛde no na ɛma anuanom a wɔatu wɔn ho ama no dwumadi, na wɔde ntoboa a yɛyi no sisi Ahenni Asa wɔ baabiara a wɔhia bi. Yɛde Bible mu afotu a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔwɔ pii no bɛtumi aboa wɔn a wɔnni pii no yɛ adwuma. (2 Kor. 8:13-15) Dɛn na yɛatumi ayɛ? Yɛasisi Ahenni Asa pii ama asafo ahorow a wɔnni sika a wɔde bɛsi bi no. w15 7/15 4:9-11

Kwasida, March 12

Twɛn no ara.​—Hab. 2:3.

Nea enti a Yesu maa n’akyidifo sɛnkyerɛnne ne sɛ ɛbɛbɔ wɔn kɔkɔ ma wɔahu bere a wɔwom no pefee. Enti Yesu akyidifo ama wɔn ani ada hɔ. (Mat. 24:27, 42) Efi afe 1914 reba no, sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no afã ahorow no rebam. Yɛgye di paa sɛ yɛte nna a ɛdi akyiri no mu, kyerɛ sɛ, “berɛ a ɛwɔ hɔ yi awieeɛ.” Yehowa asi da a ɔbɛsɛe Satan wiase bɔne no ho gyinae dedaw. (Mat. 24:3) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ kwan sɛ awiei no bɛba nnansa yi ara? Efisɛ yɛtie Yesu Kristo. Bio, yɛhu pefee sɛ nna a ɛdi akyiri no ho sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no rebam. Ɛnyɛ sɛ asɛm biara a yɛbɛte no yɛgye di nti na yɛka sɛ awiei no abɛn, na mmom yɛgye di paa sɛ Bible nkɔmhyɛ rebam. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛsiesie yɛn ho twɛn awiei no. w15 8/15 2:8, 9

Dwoda, March 13

Woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.​—Dw. 145:16.

Yɛkɔ Paradise a, yɛde yɛn bere no bi bɛyɛ nneɛma a yɛn ani gye ho, na yɛde bi nso adwudwo yɛn ho. Bere a Yehowa bɔɔ yɛn no, ɔde hyɛɛ yɛn mu sɛ yɛnnye yɛn ani, na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘ateasefoɔ nyinaa anya deɛ wɔpɛ adi amee.’ (Ɔsɛnk. 2:24) Ɛhia sɛ yɛgye yɛn ani na yɛgye yɛn ahome, nanso sɛ yɛde Yehowa som adwuma no di kan a, ɛma yɛn ani gye paa. Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase foforo no mu. Enti eye paa sɛ ‘yɛbɛhwehwɛ Ahennie no kane’ na yɛadwendwene nhyira a Yehowa ma yɛnya no ho. (Mat. 6:33) Wiase foforo no mu asetena bɛyɛ dɛ asen sɛnea yɛbɛtumi de yɛn adwene abu. Momma yɛnsiesie yɛn ho mma “nkwa paa” no nnɛ mfa nkyerɛ sɛ yɛpɛ paa sɛ yɛkɔ hɔ bi. w15 8/15 3:17, 18

Benada, March 14

Monhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu.​—Efe. 4:24.

Ná Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ. Nanso, bere a Yesu wɔ asase so no, na ɔte nnipa a wɔnyɛ pɛ mu. Ná n’awofo ne ne nuanom mmarima ne mmaa nyinaa nyɛ pɛ. Yesu akyidifo a na wɔbɛn no pɛɛ no mpo daa su te sɛ ahantan ne pɛsɛmenkominya adi. Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, n’asuafo no gyee akyinnye wɔ “deɛ ɔyɛ kɛseɛ ho.” (Luka 22:24) Ɛmfa ho sɛ adwene a na Yesu akyidifo no kura ntene no, na ɔnim sɛ ɛrenkyɛ na wɔabɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw na wɔahyehyɛ asafo a baakoyɛ wom. Saa anadwo no ara, Yesu bɔɔ mpae maa wɔn sɛ wɔnyɛ baako. Ɔsrɛɛ ne soro Agya sɛ ɔmma wɔn nyinaa nyɛ baako. Ɔkaa wɔ mpaebɔ no mu sɛ: “Sɛdeɛ wo, Agya no, wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, . . . na wɔayɛ baako sɛdeɛ yɛyɛ baako no.”—Yoh. 17:21, 22. w15 9/15 1:10, 11

Wukuda, March 15

Ɔkae sɛ: “Bra!” Ɛnna Petro si fii ɔkorow no mu nantew nsu no so de n’ani kyerɛɛ baabi a Yesu wɔ no.​—Mat. 14:29.

Bere a Petro nam Galilea Po no so no, ehu kaa no. Adɛn ntia? Mframa ne asorɔkye no ntia. Yɛbɛtumi de mframa ne asorɔkye no atoto sɔhwɛ pii a Kristofo hyia nnɛ no ho. Sɛ ɔhaw a yɛhyia no ano yɛ den paa mpo a, Yehowa bɛma yɛn akokoduru ma yɛatumi agyina ano. Nanso, momma yɛnkae asɛm a ɛtoo Petro no. Ɛnyɛ sɛ na mframa ne asorɔkye no rebɔ ba ne so nti na ehu kaa no. Mmom Bible ka sɛ: “Berɛ a ɔhunuu sɛdeɛ mframa no rebɔ no ehu kaa no.” (Mat. 14:24-32) Petro ankɔ so anhwɛ Yesu, na mmom ɔde n’adwene sii mframa no ano den so. Afei ne gyidi fii ase yɛɛ mmerɛw. Saa ara na sɛ yɛkɔ so dwendwene ɔhaw a yɛrehyia ho a, anhwɛ a yɛbɛnya adwene sɛ Yehowa remmoa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛgye tom sɛ yɛn gyidi bɛtumi ayɛ mmerɛw. Adɛn ntia? Efisɛ Bible ka sɛ “bɔne a ɛtumi kyekyere yɛn ntɛm” yɛ obi gyidi a ɛtumi yɛ mmerɛw. (Heb. 12:1) Sɛnea ɛtoo Petro no, sɛ yɛn nso yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛmfata so a, yɛn gyidi bɛtumi ayɛ mmerɛw ntɛm. w15 9/15 3:1, 6, 7

Yawda, March 16

Akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara fi soro; efi hann Agya no nkyɛn.​—Yak. 1:17.

Sɛ obi kyɛ wo ade a, ɛda adi paa sɛ woyɛ biribi de kyerɛ sɛ w’ani asɔ. Esiane sɛ akyɛde no som bo ma wo nti, wo nso wode di dwuma. Yɛda Yehowa ase paa sɛ wama yɛn biribiara a ɛbɛma yɛatumi atena ase na yɛn ani agye wɔ asetena mu. Yɛahu ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma yɛn, na yɛpɛ sɛ yɛma ɔhu sɛ yɛn nso yɛdɔ no. Saa na wote nka? Yehowa maa Israelfo nneɛma pa pii. Yehowa de ne mmara kyerɛɛ wɔn kwan, na ɔmaa wɔn biribiara a wɔhia wɔ asetenam mfe pii. (Deut. 4:7, 8) Ná Israelfo no bɛtumi adi saa mmara no so de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama wɔn no. Nea na wɔbɛtumi ayɛ no bi ne sɛ, sɛ wɔbɔ afɔre ma Yehowa a, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn afuo mu “nnepa a wobɛtwa no kane” na ɛyɛ saa. (Ex. 23:19) Ná Israelfo no nim sɛ sɛ wɔtie Yehowa asɛm na wɔsom no yie a, ɔbɛkɔ so ahyira wɔn.—Deut. 8:7-11. w15 9/15 5:5, 6

Fida, March 17

Anigye ne wɔn a wɔn koma mu tew, efisɛ wobehu Onyankopɔn.​—Mat. 5:8.

Wobɛyɛ dɛn atumi ahu Yehowa nsa wɔ w’asetena mu? Momma yɛnhwɛ nneɛma nnum bi. Nea ɛdi kan, ebia wobɛhu sɛ Yehowa na ɔboaa wo ma wohuu nokware no. Nea ɛto so mmienu, ebia wobɛkae sɛ wokɔɔ Kristofo nhyiam na wotiee ɔkasa bi, na wokaa sɛ, “Wei ara na mehia!” Nea ɛto so mmiɛnsa, ebia woahu sɛnea Yehowa abua mpae bi a wobɔeɛ. Nea ɛto so nnan, ebia na wopɛ sɛ woyɛ pii wɔ Yehowa som mu, na wohuu sɛnea Yehowa boaa wo ma wotumi yɛɛ saa. Nea ɛto so nnum, ebia wogyaee adwuma a na woyɛ efisɛ na ɛgye wo bere pii, na na ɛmma wontumi nsom Yehowa yie. Bere a woyɛɛ saa no, wohuu sɛ Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ yi so: ‘Merempa wo da.’ (Heb. 13:5) Sɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu yɛ den na yɛn ‘akoma mu te’ a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛhu ne nsa wɔ yɛn asetena mu. Ɛkyerɛ sɛn? Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwenem tew na yɛgyae adebɔne biara yɛ. (2 Kor. 4:2) Sɛ yɛbɛhu Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛne n’abusuabɔ mu den. w15 10/15 1:17, 19

Memeneda, March 18

Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, Agya no bedi no ni.​—Yoh. 12:26.

Helafo bi a na wɔaba Yerusalem rebɛdi Twam afahyɛ no huu nneɛma a na Yesu ayɛ no, na wɔn ani gyee ho. Enti, wɔka kyerɛɛ ɔsomafo Filipo sɛ wɔpɛ sɛ wɔhu Yesu. Nanso, na ɛnyɛ sɛ Yesu rehwehwɛ nnipa a wɔbɛboa no na wɔatwitwa agye no afi n’atamfo nsam. Ná Yesu nim ade a ɛho hia paa. Ɔde n’adwene sii Yehowa apɛde a ɔbɛyɛ so; ɛne sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre. Enti ɔkaee n’asuafo no sɛ ɛrenkyɛ na wawu, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛdi n’akyi nyinaa nso nya ɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa bɛbɔ afɔre. Yesu kaa sɛ: “Deɛ ɔpɛ ne kra no sɛe no, na deɛ ɔtan ne kra wɔ wiase yi mu no bɛkora so ama daa nkwa.” Yesu kaa nnɛ asɛm no nso kyerɛɛ wɔn. Ná Filipo bɛtumi akɔka saa nkuranhyɛsɛm yi akyerɛ Helafo no. (Yoh. 12:20-25) Bere a Yesu wɔ asase so no, na n’adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛka asɛmpa no. Ɛwom sɛ Yesu de n’adwene sii asɛmpaka adwuma no so deɛ, nanso ɛnyɛ adwuma nko ara na na ɔdwene ho bere nyinaa. w15 10/15 3:13, 14

Kwasida, March 19

Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa miyi wɔn ntɛn teɛ wɔn so.​—Adi. 3:19.

Ná Yesu asuafo no taa gye nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu ho akyinnye. Yesu ammu n’ani angu saa ɔhaw yi so. Mmom no, ɔtɔɔ ne bo ase tuu wɔn fo mpɛn pii. Ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ wɔn bere nyinaa. Ná ɔtenetene wɔn, nanso na ɔyɛ saa wɔ bere a ɛsɛ mu ne baabi a ɛfata. (Mar. 9:33-37) Esiane sɛ wodɔ wo mma nti, wonim sɛ ɛsɛ sɛ wotene wɔn so. Ɛtɔ mmere bi a nea ɛhia ara ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wɔn nea enti a biribi tene anaa ɛntene. Na sɛ wɔkɔ so ara yɛ asoɔden nso ɛ? (Mmeb. 22:15) Suasua Yesu. Kɔ so fa ntoboase kyerɛkyerɛ wo mma, tete wɔn, na tenetene wɔn. Tene wɔn so wɔ bere a ɛsɛ mu ne baabi a ɛfata, na nyɛ saa abufuo so. Onuawa bi a ɔwɔ South Africa a ne din de Elaine werɛ mfii ɔkwan a na n’awofo fa so tene ne so no. Ɔka sɛ: “Wɔantwe m’aso abufuo so da. Bere nyinaa na wɔma mehu nea enti a wɔretwe m’aso.” Wei nti, bere nyinaa na ɔnim sɛ n’awofo dɔ no. w15 11/15 1:5, 6

Dwoda, March 20

Onyankopɔn ne dɔ.​—1 Yoh. 4:16.

Sɛ ɔdɔ nyɛ Onyankopɔn su titiriw a, anka nnipa daakye bɛyɛ sɛn? Anka nnipa bɛkɔ so araa adi wɔn yɔnko nnipa so, na Satan a ɔyɛ wiase nyame a ne tirim yɛ den no akɔ so akyerɛ wɔn kwan. (2 Kor. 4:4; 1 Yoh. 5:19; Adi. 12:9, 12) Sɛ Yehowa nnɔ yɛn a, anka yɛn daakye bɛyɛ awerɛhoɔ nko ara! Bere a Satan sɔre tiaa Onyankopɔn tumidi no, ɔkasa tiaa hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔdi n’abɔde nyinaa so tumi sɛ Otumfoɔ Pumpuni no. Satan kaa sɛ ɔbɛtumi adi nnipa so yie asen Onyankopɔn. (Gen. 3:1-5) Esiane sɛ Yehowa nyansa mu dɔ nti, ɔmaa Satan bere tiaa bi sɛ ɔmfa nkyerɛ sɛ nea ɔreka no yɛ nokware anaa. Nea afi mu aba no ama yɛahu sɛ nnipa anaa Satan ntumi nni yɛn so mma yɛn ho ntɔ yɛn. w15 11/15 3:3, 4

Benada, March 21

‘Monyɛ krado sɛ mode anoyi bɛma wɔ odwo ne obu a emu dɔ mu.’​—1 Pet. 3:15.

Ahobrɛase a yɛwɔ nti, yɛtie afotusɛm titiriw bi a Yesu de maa yɛn no. Ɔkaa sɛ: “Motee sɛ wɔkaa sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko na kyiri wo tamfo.’ Nanso, mese mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo, na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma, ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma nsuo tɔ gu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ so.” (Mat. 5:43-45) Onyankopɔn asomfo deɛ, ɛmfa ho nea yɛn atamfo de bɛyɛ yɛn biara no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa bere nyinaa. Sɛ mpo nkurɔfo a wɔsɔre tia yɛn na wɔntie asɛm a yɛka no kɔ ahokyere mu a, yɛboa wɔn. w15 11/15 4:17, 19, 20

Wukuda, March 22

Wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.​—Neh. 8:12.

Onyankopɔn asomfo de kasa ayi Yehowa ayɛ fi teteete, na wɔaka ne ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Nnansa yi, Onyankopɔn asomfo de saa akyɛde yi akyerɛ Bible no ase sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii bɛsua Yehowa ho ade. Bible nkyerɛase ɔpepem pii na ɛwɔ hɔ, nanso wɔakyerɛ ebi ase pɛpɛɛpɛ sen afoforo. Nea ɛbɛyɛ na Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Kuw no akyerɛ Bible no ase pɛpɛɛpɛ no, wɔsii gyinae sɛ wɔde nnyinasosɛm mmiɛnsa yi bɛyɛ adwuma: (1) Wɔbɛma ahyɛ Onyankopɔn din anuonyam, na wɔama edin no apue Onyankopɔn Asɛm no mu mpɛn pii sɛnea na ɛte wɔ tete nkyerɛwee no mu no. (Mat. 6:9) (2) Baabiara a ɛbɛyɛ yie no, wɔbɛkyerɛ nsɛmfua no ase tẽẽ sɛnea na ɛte wɔ tete nkyerɛwee no mu. Baabi a ɛrenyɛ yie no, wɔbɛkyerɛ aba a ɛwom no ase. (3) Wɔbɛkyerɛ ase ama n’akenkan ayɛ mmerɛw na emu ada hɔ. Anuanom a wɔkyerɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase ase no de saa nnyinasosɛm mmiɛnsa yi ayɛ adwuma wɔ kasa bɛboro 130 mu.—Neh. 8:8. w15 12/15 2:1, 2

Yawda, March 23

Sɛ torobɛnto no annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ko?​—1 Kor. 14:8.

Sɛ totorobɛnto no annyegye yie anaa emu anna hɔ a, wo deɛ hwɛ asɛm a anka ɛbɛto asraafo no! (1 Kor. 14:9) Bible de totorobɛnto nnyegyeeɛ a emu da hɔ toto asɛm a emu da hɔ ho. Sɛ yɛankyerɛkyerɛ nsɛm mu yie a, nkurɔfo adwene bɛtu afra anaasɛ ebia wɔbɛgye atosɛm bi adi. Ɛwom sɛ yɛpɛ sɛ yɛma yɛn kasa mu da hɔ yie deɛ, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie sɛ yɛrenka asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ yɛmmu adeɛ anaasɛ yɛbu afoforo animtiaa. Mateo ti 5 kɔsi ti 7 yɛ nhwɛso pa a ɛma yɛhu sɛnea Yesu kaa nsɛm a emu da hɔ. Saa kasa a ɔmaeɛ no mu no, wanka nsɛm bi a emu yɛ den anaa ɛho nhia amma nkurɔfo ho annwiri wɔn. Saa ara nso na wanka nsɛm a ɛbɛyɛ nkurɔfo yaw. Yesu kaa nneɛma a ɛho hia paa na emu dɔ ho asɛm, nanso na ne nsɛm a ɔkaeɛ no mu da hɔ. Nhwɛso bi ni. Ná Yesu pɛ sɛ n’asuafo no nya awerɛhyem sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdwene nea wɔbɛdi da biara da ho. Enti ɔkaa sɛ Yehowa ma nnomaa aduane bere nyinaa. Afei ɔbisaa asuafo no sɛ: “Monsom bo pii nsene wɔn anaa?” (Mat 6:26) Asɛm a emu da hɔ a Yesu kaeɛ no boaa asuafo no ma wɔnyaa asuade bi, na ɛhyɛɛ wɔn nkuran. w15 12/15 3:13, 14

Fida, March 24

Momma mo nuadɔ nkɔ so.​—Heb. 13:1.

Dɛn ne onuadɔ? Nea Hela asɛmfua a Paulo de dii dwuma no kyerɛ ankasa ne “ɔdɔ a obi nya ma ne nua.” Onuadɔ yɛ ɔdɔ a emu yɛ den paa. Ɛyɛ ɔdɔ a obi wɔ ma n’abusuafo anaa ne nnamfo a onni wɔn ho agoru. (Yoh. 11:36) Yehowa Adansefo de, yɛnyɛ yɛn ho sɛ yɛyɛ anuanom kɛkɛ. Mmom, yɛyɛ anuanom ankasa. (Mat. 23:8) Paulo kae sɛ: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu. Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” (Rom. 12:10) Saa asɛm yi ma yehu ɔdɔ a emu yɛ den a ɛsɛ sɛ yenya ma yɛn nuanom. Onuadɔ yi ne Kristofo dɔ boa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔyɛ nnamfo pa na wɔyɛ biako. Nokware Kristofo de, nokware Kristoni biara yɛ yɛn “nua,” ɛmfa ho ɔman anaa baabi a ofi. (Rom. 10:12) Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho sɛ anuanom.—1 Tes. 4:9. w16.01 1:5, 6

Memeneda, March 25

Ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn.​—2 Kor. 5:14.

Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yesu kanyan yɛn ma yɛde nsi ka asɛmpa no, na yɛkyerɛkyerɛ afoforo. (Mat. 28:19, 20; Luka 4:43) So wubetumi atoto wo nneɛma yiye, ayɛ akwampaefo boafo na wode nnɔnhwerew 30 anaa 50 ayɛ asɛnka adwuma wɔ Nkaedi bere no mu? Ná onuabarima bi a ɔyɛ okunafo a wadi mfe 84 adwene yɛ no sɛ esiane sɛ ne mfe akɔ anim na onni apɔwmuden nti, ɔrentumi nyɛ akwampae adwuma. Nanso na akwampaefo a wɔwɔ ne mpɔtam pɛ sɛ wɔboa no. Wɔyɛɛ kar ho nhyehyɛe maa no, na wɔmaa no asasesin a ɛbɛn a obetumi ayɛ mu adwuma. Ɛmaa onua no tumi de nnɔnhwerew 30 yɛɛ asɛnka adwuma no. Wubetumi aboa obi ma wayɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ March anaa April mu? Ɛyɛ ampa sɛ ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ akwampae adwuma, nanso yebetumi de yɛn bere ne yɛn ahoɔden ayɛ pii wɔ Yehowa som mu. w16.01 2:7, 11

Kwasida, March 26

Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.​—Sak. 8:23.

Sɛ ɛnyɛ ade a yebetumi ahu Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no nyinaa din a, ɛbɛyɛ dɛn na nguan foforo no ne wɔn ‘akɔ,’ anaa wɔne wɔn abɔ? Bible ka sɛ “nnipa du” no ‘besuso Yudani biako atade mu aka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’ Bible mu asɛm yi ka Yudani biako ho asɛm. Nanso asɛmfua “mo” no gyina hɔ ma nnipa bebree. Eyi kyerɛ sɛ Yudani no nyɛ onipa biako pɛ na mmom egyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa. Nguan foforo no nim saa asɛm yi, na wɔne saa kuw no bom som Yehowa. Ɛho nhia sɛ wohu kuw no muni biara din na wodi wɔn mu biara akyi. Yesu ne yɛn Kannifo, na Bible ka sɛ ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ yedi n’akyi.—Mat. 23:10. w16.01 4:4

Dwoda, March 27

Israel, woyɛ m’akoa; Yakob, wo na mapaw wo, m’adamfo Abraham aseni.​—Yes. 41:8.

Efi da a wɔbɛwo yɛn kosi da a yebewu no, nea yehia ne ɔdɔ. Ɛnyɛ ɔbarima ne ɔbaa ntam dɔ nko ara na nnipa hia, mmom ehia sɛ wɔdodɔ wɔn ho na wonya nnamfo pa nso. Nea yehia paa ne sɛ Yehowa bɛdɔ yɛn. Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ nti, nnipa pii susuw sɛ yɛrentumi ne Onyankopɔn mfa adamfo ma ɛnyɛ yiye. Nanso, yenim sɛ yebetumi ne no afa adamfo! Bible ma yehu sɛ nnipa bi tumi faa Onyankopɔn adamfo. Ɛsɛ sɛ yesuasua nea wɔyɛe no. Adɛn ntia? Efisɛ ade a ɛho hia paa a yebetumi de asi yɛn ani so wɔ abrabɔ mu ne sɛ yɛne Onyankopɔn bɛfa adamfo. Enti momma yɛnhwɛ nea Abraham yɛe na yensuasua no. (Yak. 2:23) Ɛyɛɛ dɛn na Abraham bɛyɛɛ Onyankopɔn adamfo? Ná Abraham ne Onyankopɔn adamfofa no gyina gyidi so, na Bible frɛ no wɔn a “wɔwɔ gyidi nyinaa agya.”—Rom. 4:11. w16.02 1:1, 2

Benada, March 28

Obiara amma sɛ ɔno.​—2 Ahe. 18:5.

Ɛwom sɛ na Hesekia papa yɛ Yuda ahemfo a wonye koraa no mu baako deɛ, nanso Hesekia bɛyɛɛ Yuda ahemfo a na wɔyɛ papa paa no mu baako. (2 Ahe. 18:6) Wansuasua ne papa nhwɛso bɔne no. Osiesiee asɔrefie hɔ, ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa ɔman no bɔne nkyɛ wɔn, na ɔsɛee ahoni a na ɛwɔ asase no so baabiara. (2 Be. 29:1-11, 18-24; 31:1) Akyiri yi, bere a Asiria hene Senaherib yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so no, Hesekia daa akokoduru ne gyidi kɛse adi. Ɔde ne ho too Yehowa so hwehwɛɛ ahobammɔ, na ɔhyɛɛ ne nkurɔfo den. (2 Be. 32:7, 8) Eduu bere bi no, Hesekia bɛyɛɛ ahantan, nanso bere a Yehowa kasa kyerɛɛ no no, ɔbrɛɛ ne ho ase. (2 Be. 32:24-26) Ɛfata paa sɛ yesuasua nhwɛso pa a Hesekia yɛe no. Wamma ne papa nhwɛso bɔne no ansɛe n’abrabɔ. Mmom no, ɔdaa no adi sɛ ɔyɛ Yehowa adamfo. w16.02 2:11

Wukuda, March 29

Sɛ ɛba mpo sɛ obi di mfomso ansa na n’ani aba ne ho so a, mo a moyɛ Kristofo a mo ho akokwaw no, mommɔ mmɔden nnye onipa a ɔte saa no nsi yiye odwo honhom mu.​—Gal. 6:1.

Sɛ wowɔ ayamye a, wubetumi adi Yehowa nokware kan na woadi afoforo nso nokware. Nhwɛso bi ni. Ebia wowɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ onua bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru. Sɛ ɔyɛ w’adamfo paa anaa wo busuani a, ebia wopɛ sɛ wokɔ so di no nokware. Wunim nso sɛ ɛho hia paa sɛ wudi Yehowa nokware. Enti tie Yehowa, nanso wo ne wo nua no nni no ayamye mu. Ka kyerɛ no sɛ ɔnkɔ asafo mu mpanyimfo hɔ nkɔhwehwɛ mmoa, na ma onhu sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ntɛm. Sɛ wanyɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ wo ara woka kyerɛ asafo mu mpanyimfo no. Sɛ woyɛ saa a, na woredi Yehowa nokware. Bere koro no ara na wo ne wo nua no redi no ayamye so, efisɛ asafo mu mpanyimfo no betumi aboa no ma ɔne Yehowa ntam asan ayɛ papa bio. Wɔbɛteɛ ne so wɔ odwo mu.—Lev. 5:1. w16.02 4:14

Yawda, March 30

Munhu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu.​—2 Pet. 3:11.

“Onyamesom pa” fa nneɛma a woyɛ wɔ asafo no mu ho. Ebi ne asafo nhyiam ne asɛnka a wobɛkɔ. Ebi nso ne nneɛma a woyɛ a afoforo nhu te sɛ mpae a wobɔ ne Bible a w’ankasa wusua. Obi a wahyira ne ho so ama Yehowa rennya adwene sɛ saa nneɛma no yɛ adesoa. Obenya adwene a Ɔhene Dawid nyae no bi. Dawid kae sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn, na wo mmara wɔ me koma mu.” (Dw. 40:8) Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa na wobɔ asu a, Yehowa bɛyɛ w’adamfo. Ɛnyɛ w’awofo anaa obi foforo nti na ɛsɛ sɛ wosom Yehowa. W’abrabɔ kronkron ne wo nyamesom pa kyerɛ sɛ wugye di sɛ woahu nokware no, na wopɛ sɛ wode Onyankopɔn asɛm bɔ wo bra. Woyɛ saa a, ɛrenkyɛ wobɛfata ama asubɔ. w16.03 2:10, 12, 15

Fida, March 31

Ansa na gyidi no reba no, wɔde mmara wɛn yɛn. . . . Ne saa nti Mmara no abɛyɛ yɛn kwankyerɛfo a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so.​—Gal. 3:23, 24.

Ná ɔbrasɛe ne atoro som ahyɛ aman a atwa Israelfo ho ahyia no ma, nanso Mose Mmara no bɔɔ Israelfo ho ban fii saa nneyɛe no ho. Bere biara a Israelfo tiee Onyankopɔn asɛm no, ohyiraa wɔn. Nanso sɛ wɔantie no a, na wotwa so aba yayaayaw. (Deut. 28:1, 2, 15) Biribi foforo nti, na Israelfo no hia akwankyerɛ foforo. Mose Mmara no siesiee Israelfo no maa biribi titiriw a ɛfa Yehowa atirimpɔw ho. Ɛno ne Mesia, Yesu Kristo a na ɔreba no. Mmara no maa Israelfo no hui sɛ wɔtɔ sin. Ɛboaa wɔn ma wohui nso sɛ wohia agyede, kyerɛ sɛ, afɔre a edi mũ a ebeyi wɔn bɔne afi hɔ korakora. (Gal. 3:19; Heb. 10:1-10) Afei nso, Mmara no bɔɔ abusua a na Mesia no befi mu aba no ho ban, na ɛsan boaa Israelfo no na sɛ Mesia no ba a wɔahu no. Nokwasɛm ne sɛ, na Mmara no te sɛ akwankyerɛ a wɔde di dwuma bere tiaa mu, anaa “kwankyerɛfo” a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so. w16.03 4:6, 7

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena