January
Yawda, January 1
Monyɛ nnipa a wɔanyin yiye wɔ ntease mu.—1 Kor. 14:20.
Ade baako a ɛma awarefo ani gye paa ne sɛ wɔbɛwo abofra a ɔwɔ apɔwmuden. Ɛwom sɛ abofra no da awofo no koma so de, nanso wɔmpɛ sɛ abofra no yɛ abofra daa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ abofra no annyin a, ɛbɛhaw wɔn paa. Yɛn nso, sɛ yetu anammɔn bɛyɛ Yesu akyidifo a, ɛma Yehowa ani gye, nanso ɔmpɛ sɛ yɛyɛ mmotafowa daa wɔ ne som mu. (1 Kor. 3:1) Mmom, otu yɛn fo sɛ yɛmmɛyɛ Kristofo a “wɔanyin yiye.” Bible mu no, Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “anyin yiye” no, ebetumi nso akyerɛ “ahokokwaw,” “biribi a ewie pɛyɛ” anaa “biribi a edi mu.” (1 Kor. 2:6) Sɛ yɛankɔ so anyɛ mmofra wɔ Onyankopɔn som mu, na yɛyere yɛn ho ma yɛn ho kokwaw a, ɛkyerɛ sɛ yɛabɛyɛ Kristofo a yɛanyin yiye. Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yedu saa botae no ho mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara pere kɔ yɛn anim.—1 Tim. 4:15. w24.04 2 ¶1, 3
Fida, January 2
Mɛtena me ntamadan mu wɔ wɔn mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn.—Hes. 37:27.
Sɛ obi bisa wo sɛ, ‘Wo dɛn ne Yehowa’ a, dɛn na wobɛka? Ebia wobɛka sɛ, ‘Yehowa yɛ m’Agya, me Nyankopɔn, ne M’adamfo.’ Abodin afoforo pii nso wɔ hɔ a wubetumi de afrɛ Yehowa. Nanso woadwen ho pɛn sɛ ɔyɛ Ofiewura a wubetumi akɔsoɛ ne nkyɛn anaa? Ayɔnkofa a ɛda Yehowa ne n’asomfo anokwafo ntam no, Ɔhene Dawid de totoo ofiewura bi a ahɔho akɔsoɛ ne nkyɛn ho. Obisae sɛ: “O Yehowa, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?” (Dw. 15:1) Saa asɛm yi ma yehu sɛ yebetumi akɔsoɛ Yehowa anaa yebetumi ayɛ ne nnamfo. Ansa na Yehowa rebɔ ade no, ɔno nko ara na na ɔwɔ hɔ. Eduu baabi no, ɔbɔɔ n’Abakan no, na ɔbɛkaa ne ho wɔ ne ntamadan mu. Ná ɛyɛ Yehowa dɛ paa sɛ ne Ba no abɛsoɛ no. Bible ma yehu sɛ na Yehowa ‘pɛ ne Ba no asɛm yiye.’ Ne Ba a ɔno ne ɔhɔho a odi kan yi nso ‘ani gyee Yehowa anim daa.’—Mmeb. 8:30. w24.06 2 ¶1-3
Memeneda, January 3
‘Ná Sadok yɛ aberante kokodurufo.’—1 Be. 12:28.
Twa ho mfoni wɔ w’adwene mu hwɛ: Mmarima bɛboro 340,000 ahyia wɔ mmepɔw bi a ɛbɛn Hebron so sɛ wɔrebesi Dawid hene wɔ Israel nyinaa so. Wɔdii nnansa wɔ hɔ, na wɔde anigye bɔɔ nkɔmmɔ, wɔtoo ayeyi nnwom, na wɔbɔɔ nserehehe. (1 Be. 12:39) Saa nnipadɔm yi, ebia na ɛbɛyɛ den sɛ obi behu sɛ aberante bi a ne din de Sadok ka ho. Nanso Yehowa de, ohuu no, na wama yɛahu sɛ na Sadok wɔ hɔ bi. (1 Be. 12:22, 26-28) Ná Sadok yɛ ɔsɔfo; ɔne Ɔsɔfo Panyin Abiatar boom yɛɛ adwuma. Ná Sadok yɛ ɔdehwɛfo nso, kyerɛ sɛ, Onyankopɔn maa no nyansa ne nhumu soronko a na otumi de hu nea Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkoa yɛ. (2 Sam. 15:27) Ná ɔwɔ akokoduru. Awiei mmere yi mu no, ɔhaw a Satan de ba Onyankopɔn nkurɔfo so no, wamia mu paa. (1 Pet. 5:8) Bere a yɛretwɛn sɛ Yehowa bɛsɛe Satan ne ne wiase bɔne no, ehia sɛ yenya akokoduru. (Dw. 31:24) Yɛyɛ saa a, yebetumi asuasua Sadok akokoduru no. w24.07 2 ¶1-3
Kwasida, January 4
Mfe a Adam dii nyinaa yɛ 930, na owui.—Gen. 5:5.
Bere a Yehowa bɔɔ yɛn awofo a wɔdi kan no, na ɔpɛ sɛ wɔn ani gye. Ɔde wɔn tenaa turo fɛfɛɛfɛ bi mu, ɔkaa wɔn boom sɛ awarefo, na ɔmaa wɔn adwuma a ɛma akomatɔyam. Ná ɛsɛ sɛ wɔwo hyɛ asaase so ma, na wɔma asaase nyinaa yɛ sɛ Eden turo no. Ɔmaa wɔn mmara baako pɛ a ɛso di nyɛ den. Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wɔtew atua na wɔbu saa mmara no so a, wɔbewu. Yenim nea esii. Ɔbɔfo bi a ɔnnwen wɔn ho na Onyankopɔn ho dɔ nni ne mu bɛdaadaa wɔn sɛ wɔmmu saa mmara no so, na Adam ne Hawa nso tiee ɔbɔfo no. Wɔannye wɔn Agya a na wayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn no anni, na wɔyɛɛ bɔne. Sɛnea yenim no, nea Yehowa kae no baa mu. Efi saa da no rekɔ no, wɔtwaa wɔn bɔne no so aba: nkakrankakra Adam bɔɔ akwakoraa, na Hawa nso bɔɔ aberewa, na ewiee ase no, wɔwuwui.—Gen. 1:28, 29; 2:8, 9, 16-18; 3:1-6, 17-19, 24. w24.08 3 ¶3
Dwoda, January 5
Momfa asɛm no nyɛ adwuma; munntie asɛm no kɛkɛ.—Yak. 1:22.
Yehowa ne ne Dɔba no pɛ sɛ yɛn ani gye. Dwom 119:2 no ka sɛ: “Anigye ne wɔn a wodi ne nkaesɛm so na wɔde wɔn koma nyinaa hwehwɛ no.” Yesu nso ka too so sɛ: “Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!” (Luka 11:28) Yehowa asomfo de, sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no daa, na yɛyere yɛn ho de yɛ adwuma a, yɛwɔ anigye. (Yak. 1:22-25) Ɛma Yehowa gye yɛn tom. (Ɔsɛnk. 12:13) Nea yesua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, sɛ yɛde bɔ yɛn bra a, ɛma yɛne yɛn abusuafo ne yɛn nuanom Kristofo tena fɛfɛɛfɛ. Afei nso, ɔhaw a wɔn a wɔntie Yehowa hyia no, emu bebree wɔ hɔ a, yɛkwati. Nokwasɛm ne sɛ, yɛne Ɔhene Dawid yɛ adwene. Bere a ɔkaa Yehowa mmara, n’ahyɛde ne n’atemmusɛm ho asɛm wiei no, ɔkaa sɛ: “Nea odi so no nya akatua kɛse.”—Dw. 19:7-11. w24.09 2 ¶1-3
Benada, January 6
Wɔn a wɔn koma abubu no, ɔsa wɔn yare; ɔkyekyere wɔn akuru.—Dw. 147:3.
Biribiara a Yehowa asomfo refa mu wɔ asaase so no, n’ani tua. Sɛ yɛn ani gye a, ohu; yɛn werɛ how nso a, ohu. (Dw. 37:18) Ateetee a yɛrefa mu nyinaa akyi no, sɛ ohu sɛ yɛamia yɛn ani resom no a, ɛma n’ani gye! Afei nso, wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn na wakyekye yɛn werɛ. Dwom 147:3 ma yehu sɛ, wɔn a wɔn koma abubu no, ɛte sɛ nea wɔapira, enti Yehowa ‘kyekyere wɔn akuru.’ Ɛha yi, Yehowa te sɛ obi a wato ne bo ase rehwɛ obi a ɔhaw abubu no. Yɛbɛyɛ dɛn anya mmoa a Yehowa de ma n’asomfo no bi? Yɛnhwɛ mfatoho yi. Sɛ obi pira a, dɔktani a waben betumi ahwɛ no ama ne ho atɔ no. Nanso sɛ onii a wapira no ho bɛtɔ no a, ɛsɛ sɛ odi dɔktani no akwankyerɛ so pɛpɛɛpɛ. Wɔn a wiase no ama wɔn ani atutu aka wɔn nsam no, Yehowa nam n’Asɛm no so kasa kyerɛ wɔn, na ɔma wɔn afotu a ɛbɛboa wɔn. w24.10 6 ¶1-2
Wukuda, January 7
Ɔpopaa wɔn nyinaa fii asaase so.—Gen. 7:23.
Wɔn a Yehowa sɛee wɔn no, bere bi a atwam no, yɛn nhoma ahorow no kaa nea ɛbɛto wɔn no ho asɛm. Yɛkaa sɛ nnipa bi a Yehowa sɛee wɔn no, anidaso biara nni hɔ sɛ wɔbenya owusɔre. Bible mu nsɛm pii ka Yehowa atemmu a ɔde baa nnipa a wɔnyɛ atreneefo so ho asɛm. Ebi ne nnipa a yennim wɔn dodow a Nsuyiri no sɛee wɔn, aman nson a na ɛwɔ Bɔhyɛ Asaase no so a Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔntɔre wɔn ase, ne Asiriafo asraafo 185,000 a Yehowa bɔfo bi kunkum wɔn anadwo baako pɛ no. (Deut. 7:1-3; Yes. 37:36, 37) So Bible ka no pefee sɛ, Yehowa buu saafo yi mu biara atɛn afebɔɔ, a anidaso biara nni hɔ sɛ wɔbenya owusɔre anaa? Daabi, ɛnka biribiara saa. Yennim sɛnea Yehowa buu wɔn mu biara atɛn. Afei nso, sɛ wɔnyaa hokwan sɛ wɔbesua Yehowa ho ade na wɔasakra oo, sɛ wɔannya hokwan oo, yennim. w24.05 3 ¶5-7
Yawda, January 8
Kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.—Rom. 12:21.
Yesu mfatoho bi mu no, ɔkaa sɛ okunafo bi koguan ɔtemmufo bi ho sɛ ɔnhwɛ mmu atɛntrenee mma no. Ná Yesu asuafo no bɛte saa mfatoho no ase paa, efisɛ saa bere no na nkurɔfo taa tiatia mpapahwekwa fahodi so. (Luka 18:1-5) Ntease wɔ saa mfatoho no mu ma yɛn paa, efisɛ yɛn nso ɛtɔ da a nkurɔfo tumi ne yɛn di no nwenweenwene. Ɛnnɛ, ɔtanhunu, nsisi ne nhyɛso abu so wɔ wiase baabiara, enti sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, ɛnyɛ nwanwa. (Ɔsɛnk. 5:8) Nanso sɛ yɛn nua Kristoni bi de di yɛn a, ɛno de etumi yɛ yɛn yaw paa, efisɛ ɛyɛ a na yɛnhwɛ kwan; nso biribi a ɛte saa betumi asi. Ɛnyɛ sɛ yɛn nuanom pɛ sɛ wɔyɛ ma yegyae Yehowa som. Nea ɛwom ara ne sɛ wɔtɔ sin. Sɛnea Yesu yɛɛ n’ade bere a atamfo ne no dii no nwenweenwene no, yebetumi asua nneɛma pii afi mu. Sɛ atamfo ne yɛn anni no yiye, na yetumi nya wɔn ho abotare a, ɛnde yɛn mfɛfo Kristofo de, ɛsɛ sɛ yetumi nya wɔn ho abotare paa! w24.11 2 ¶1-2
Fida, January 9
Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama nnipa yi adi?—Yoh. 6:5.
Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ paanoo paa na na nkurɔfo di. (Gen. 14:18; Luka 4:4) Nokwasɛm ne sɛ, na ɛyɛ aduan titiriw paa. Wei nti, asɛmfua a wɔkyerɛ ase aduan wɔ Bible mu no, ɛtɔ da a nea ɛkyerɛ ankasa ne “paanoo.” (Mat. 6:11 ase hɔ asɛm) Yesu anwanwade ahorow a ɔyɛe no nso, emu mmienu wɔ hɔ a, na paanoo di akoten wom. (Mat. 16:9, 10) Saa anwanwade no mu baako ho asɛm wɔ Yohane ti 6. Bere bi, Yesu asomafo no kɔyɛɛ asɛnka adwuma. Wɔwiei no, Yesu ne wɔn tenaa korow mu faa Galilea Po no so kɔe sɛ wɔrekɔhyɛ baabi agye wɔn ahome. (Mar. 6:7, 30-32; Luka 9:10) Wɔnyaa baabi a na atew ne ho wɔ Betsaida mpɔtam hɔ sɛ wɔrekɔhyɛ hɔ. Nkurɔfo tee, enti ankyɛ koraa na nnipa mpempem bebree betwa hyiaa hɔ. Yesu ampam wɔn. Mmom, onyaa bere maa wɔn na ɔkaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔsaa nkurɔfo yare. Bere a ade resa no, na asuafo no nhu nea ɛbɛyɛ a nnipadɔm no nyinaa benya aduan adi. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu bi wɔ aduan kakra, nanso na ebehia sɛ wɔn mu dodow no ara kɔ nkuraa no ase kɔtɔ aduan a wɔbedi.—Mat. 14:15. w24.12 2 ¶1-2
Memeneda, January 10
Akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.—Rom. 6:23.
Ná yɛn awofo a wɔdi kan, Adam ne Hawa te paradise fɛfɛɛfɛ bi mu. Ná bɔne ne sintɔ biara nni wɔn ho. (Gen. 1:27; 2:7-9) Ná anka wɔbetumi atena ase agye wɔn ani afebɔɔ. Nanso awerɛhosɛm bi sii; wɔyɛɛ bɔne. Ɛno nti Yehowa pam wɔn fii Paradise hɔ, na anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase daa no nso bɔɔ wɔn. Wohwɛ a, agyapade bɛn na na wɔde begyaw wɔn mma a wɔbɛwo wɔn daakye no? Bible ka sɛ: “Ɛnam onipa baako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Rom. 5:12) Agyapade a Adam de gyaw yɛn ne bɔne ne owu. Bɔne a abɛsoɛ yɛn so no te sɛ ɛka kɛse bi a abɛtɔ yɛn so a yɛrentumi ntua da. (Dw. 49:8) Yesu de bɔne totoo ‘ɛka’ ho. (Mat. 6:12; Luka 11:4) Sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛte sɛ nea yɛde Yehowa ka. Enti ɛsɛ sɛ yetua saa ka no. Sɛ yɛantumi antua saa ka no a, gye sɛ yewu de tua.—Rom. 6:7. w25.02 2-3 ¶2-3
Kwasida, January 11
Mama wɔahu wo din.—Yoh. 17:26.
Ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ yɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo! Ɛnyɛ obiara na onya saa hokwan no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu wɔ asaase so no, wamma ahonhommɔne no kwan amma wɔanni ne ho adanse. (Luka 4:41) Ɛnnɛ, ansa na obi betumi abɛka Yehowa nkurɔfo ho ama wɔaka asɛmpa no, ɛsɛ sɛ n’abrabɔ ho tew. Baabiara a yɛwɔ no, sɛ yɛde hokwan biara a yebenya no di nkurɔfo adanse a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛnea Yehowa ahyɛ yɛn anuonyam no. Sɛnea Yesu yɛe no, yɛn nso yɛn botae ne sɛ yebegu Ahenni aba no wɔ nkurɔfo komam na yɛagugu so nsu. (Mat. 13:3, 23; 1 Kor. 3:6) Yehowa ahyehyɛde no suasua Yesu nhwɛso no, enti wɔyɛ nea wɔbetumi biara boa nkurɔfo ma wɔhu Onyankopɔn din. Ɔkwan baako a wɔafa so ayɛ saa ne sɛ, wɔabɔ mmɔden de Onyankopɔn din no ahyehyɛ baabi a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ biara wɔ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. Yɛrekasa yi, saa Bible no nyinaa anaa ne fa bi wɔ kasa bɛboro 270 mu. w24.04 9 ¶8-9
Dwoda, January 12
Ne kunu sɔre, na oyi no ayɛ.—Mmeb. 31:28.
Okununom a anigye wɔ wɔn aware mu no, wɔn mu bi wɔ hɔ a, da biara wɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn yerenom paa. (1 Yoh. 3:18) Okunu betumi ayɛ nneɛma nketenkete bi de akyerɛ sɛ ɔdɔ ne yere; ebi ne sɛ obeso ne nsa anaa ɔbɛbam no. Obetumi asɛnde no tɛs mɛsegye na waka akyerɛ no sɛ, “Mafe wo paa” anaa obetumi abisa no sɛ, “Ɛrekɔ sɛn?” Ɛwom ara a, obetumi akyerɛw nsɛmdɛ bi agu kaad so de ama no de akyerɛ sɛ ɔdɔ no paa. Sɛ okunu bi yɛ saa nneɛma yi a, ɛkyerɛ sɛ odi ne yere ni, na ɛma wɔn aware no sɔ. Okunu a odi ne yere ni no, ɔma ne yere hu sɛ ɔsom bo ma no, na ɔhyɛ no nkuran. Ɔkwan baako a ɔbɛfa so ayɛ saa ne sɛ, biribiara a ne yere yɛ de boa no no, ɔbɛkae na wakyerɛ ho anisɔ. (Kol. 3:15) Sɛ okunu fi ne komam kamfo ne yere a, ɛma ne yere ani gye. Ɛma ohu sɛ ne kunu dɔ no, odi no ni, na ɛma ne koma tɔ ne yam. w25.01 11 ¶15; 13 ¶16
Benada, January 13
Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn, . . . Nea ɔkyerɛ wo ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no.—Yes. 48:17.
Asɛm a ɛwɔ Dwom 15 awiei hɔ ka sɛ: “Onipa a ɔte saa no renhinhim da biara da.” Nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ nyinaa, nea odwontofo no kaa wɔ ha yi ma yehu ne botae. Ɛne sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye. Enti ɔma yɛn akwankyerɛ a ɛbɛma yɛanya ne nhyira ne n’ahobammɔ. Wɔn a wɔabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu no betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbenya daakye papa bi. “Tenabea pii” a Yesu kaa sɛ ɔrekosiesie ama n’asuafo no, anokwafo a wɔasra wɔn no benya hokwan akɔtena hɔ. (Yoh. 14:2) Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so no nso hwɛ kwan sɛ asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 21:3 no bɛbam. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa adi yɛn ni paa sɛ wato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmɛtena ne ntamadan mu afebɔɔ!—Dw. 15:1-5. w24.06 13 ¶19-20
Wukuda, January 14
Momfa anuonyam a ɛfata Yehowa din mma no.—Dw. 96:8.
Bible ma yehu sɛ Yehowa sõ na ɔyɛ kɛse. Bere a Yehowa gyee Israelfo no fii Egypt nkoasom mu no, ankyɛ koraa na ɔyɛɛ anwanwade de daa n’anuonyam adi kyerɛɛ wɔn. Wo de, fa w’adwene bu sɛ Israelfo ɔpepem pii aboa wɔn ho ano wɔ Sinai Bepɔw no ase, a wɔrebetie nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn. Omununkum tumm bi bɛkataa bepɔw no so. Prɛko pɛ, asaasewosow kɛse bi sii, anyinam tetewee na aprannaa boboom, na abɛn bi gyigyei denneennen; ɛbɛyɛ sɛ ogya mpo pae fii bepɔw no mu. (Ex. 19:16-18; 24:17; Dw. 68:8) Bere a Yehowa daa n’anuonyam adi kyerɛɛ Israelfo no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn papaapa. Ɛnnɛ, ade a yebetumi ayɛ de ahyɛ Yehowa anuonyam ne sɛ yɛbɛka ne tumi kɛse ne ne suban ahorow a ɛyɛ fɛ no ho asɛm akyerɛ afoforo. Afei nso, sɛ Yehowa boa yɛn ma yetumi yɛ biribi a, ɛsɛ sɛ yɛde ho ayeyi ma no. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛrehyɛ no anuonyam.—Yes. 26:12. w25.01 2-3 ¶2-3
Yawda, January 15
Yehowa na wasoma me.—Num. 16:28.
Bere a Israelfo no nam kwan so rekɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, mmarima a wɔwɔ wɔn mu a wɔwɔ din no, wɔn mu bi sɔre tiaa Mose a na Yehowa apaw no sɛ onni wɔn anim no. Wɔkaa sɛ: “Asafo yi nyinaa nso yɛ nnipa kronkron, obiara yɛ kronkron, na Yehowa wɔ wɔn mu.” (Num. 16:1-3) Ɛwom, Yehowa ani so de, na ‘asafo no nyinaa’ yɛ nnipa kronkron, nanso Mose na na Yehowa apaw no sɛ onni ne nkurɔfo anim. Enti bere a atuatewfo yi kasa tiaa Mose no, na ɛyɛ Yehowa ankasa na na wɔrekasa tia no. Ɛnyɛ nea Yehowa pɛ na na ehia wɔn, mmom nea wɔpɛ na na ehia wɔn; na wɔn ani bere tumidi ne anuonyam. Wɔn a wɔdii anim tew atua no ne nnipa mpempem pii a wɔkɔkaa wɔn ho no, Onyankopɔn kunkum wɔn nyinaa. (Num. 16:30-35, 41, 49) Ɛnnɛ nso, obiara a onni akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn akyi no, yenim paa sɛ Yehowa nnye no ntom. w24.07 11 ¶11
Fida, January 16
Anisoadehu no retwɛn sɛ ne bere bɛso.—Hab. 2:3.
Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ wiase yi bɛkɔ n’awiei, nanso ɛnnɛ nnipa dodow no ara nnye nni, na wɔdi ho fɛw mpo. (2 Pet. 3:3, 4) Ɛwom, nea ebesisi no, pii wɔ hɔ a yennim, nanso ɛsɛ sɛ yenya gyidi a emu yɛ den sɛ wiase awiei no bɛba bere a Yehowa ahyɛ no pɛpɛɛpɛ, na ɔrennyaw yɛn da. Afei nso, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Yehowa nam no so rekyerɛ yɛn kwan nnɛ no, ɛsɛ sɛ yenya ne mu gyidi paa. (Mat. 24:45) Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, ebia yɛn nsa bɛka akwankyerɛ pɔtee a ebegye yɛn nkwa. Wɔn a wɔdi nneɛma anim wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no, saa bere yi na ɛsɛ sɛ yenya wɔn mu ahotoso kɛse na yetie akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no. Ɛnnɛ, sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebetie akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no a, ahohiahia kɛse no mu nso, ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa. w24.09 11 ¶11-12
Memeneda, January 17
‘Munhu nea Onyankopɔn pɛ, a eye, na ɛsɔ ani, na edi mu no.’—Rom. 12:2.
Awofo nim sɛ, sɛ wɔwɔ gyidi a, ɛno ara nkyerɛ sɛ wɔn mma nso benya bi. Abofra no renyin a, ebia nsɛm bi betumi ahaw n’adwene. Ebia obebisa ne ho sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn ahu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? Nea Bible ka no, metumi agye adi paa?’ Nokwasɛm ne sɛ, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa yɛn adwene nyɛ adwuma nsusuw nneɛma ho,’ na ‘yɛnhwehwɛ nneɛma nyinaa mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa.’ (Rom. 12:1; 1 Tes. 5:21) Nanso wobɛyɛ dɛn aboa wo ba ma ne gyidi ayɛ den? Boa wo ba ma ɔnhwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nea Bible ka no yɛ nokware. Sɛ wo ba bisa wo asɛm bi a, nnwinnade a yɛde yɛ nhwehwɛmu te sɛ Watch Tower Publications Index ne Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no, fa hokwan no kyerɛ no sɛnea ɔde bɛyɛ nhwehwɛmu anya ne nsɛmmisa no ho mmuae. Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no sei, obetumi ahwɛ asɛmti a ɛne “Bible,” na wahwɛ asɛmti ketewa a ɛne “Efi Onyankopɔn Honhom Mu.” Obenya adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible nyɛ nhoma bi a nnipa akyerɛw kɛkɛ. Mmom, ɛyɛ “Onyankopɔn asɛm.”—1 Tes. 2:13. w24.12 14-15 ¶4-5
Kwasida, January 18
Ɛno na fa hyɛ nnipa anokwafo nsa. Ɛbɛma wɔn nso afata yiye sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ ebinom.—2 Tim. 2:2.
Asafo mu mpanyimfo bɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Ɛsɛ sɛ wɔtete mmarima na wɔboa wɔn, a mmerantewa mpo ka ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi aso asɛyɛde akɛse mu daakye. Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ kwan sɛ wɔn a wɔretete wɔn no bɛyɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde afotu ma wɔn wɔ ɔdɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya suahu na wɔahu hia a ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase, wɔyɛ anokwafo, na wɔfi wɔn pɛ mu som afoforo. (1 Tim. 3:1; 1 Pet. 5:5) Yesu de hyɛɛ n’asuafo no nsa sɛ wɔnka asɛmpa no na wɔnkyerɛkyerɛ nso. Ɛbɛyɛ sɛ na asuafo no te nka sɛ wɔrentumi nyɛ saa adwuma no. Nanso Yesu de, na onim paa sɛ wɔbetumi ayɛ. Ná ogye n’asuafo no di paa, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛnea Agya no asoma me no, me nso meresoma mo.”—Yoh. 20:21. w24.10 16 ¶15; 17 ¶17
Dwoda, January 19
Dawid . . . , ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ nea me koma pɛ.—Aso. 13:22.
Ná Dawid yɛ ɔhenkɛse. Ná ɔsan yɛ odwontofo, anwensɛm kyerɛwfo, ɔsabarima, ne odiyifo. Ohyiaa sɔhwɛ pii. Mfe pii a na Ɔhene Saul retaataa no apɛ no akum no no, na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho sie sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrennya no. Akyiri yi, bere a ɔbɛyɛɛ ɔhene no, ne ba Absalom yɛe sɛ obetu no ade so, enti na ɛsɛ sɛ ɔsan guan pere ne nkwa. Ɛmfa ho ɔhaw ahorow a Dawid hyiae ne ɔno ara ne mmerɛwyɛ a edii no nya no, ɔkɔɔ so bataa Onyankopɔn ho kosii owu mu. Yehowa kaa ne ho asɛm sɛ “ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ nea me koma pɛ.” Enti sɛ Dawid de afotu rema yɛn a, ɛsɛ sɛ yetie gu aso pa mu (1 Ahe. 15:5) Yɛnhwɛ afotu a Dawid de maa ne ba Solomon a na obedi n’ade no. Yehowa paw Solomon a na ɔyɛ aberante no sɛ onsi asɔrefie sɛnea ɛbɛyɛ a ɔmanfo no bɛsom Yehowa wɔ hɔ. (1 Be. 22:5) Ná Solomon behyia akwanside pii. Dɛn na na Dawid bɛka akyerɛ no? Dawid ka kyerɛɛ ne ba no sɛ, sɛ otie Yehowa a, ebesi no yiye.—1 Ahe. 2:2, 3. w24.11 10 ¶9-11
Benada, January 20
Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa, na fa wo ho to no so, na obeso wo mu.—Dw. 37:5.
Sɛ okunu bi boro ne yere anaa odidi no atɛm a, ɛsɛ sɛ otu anammɔn ahorow bi de siesie ɔne Yehowa ne ne yere ntam. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ ne haw sõ paa, efisɛ nea ɔreyɛ biara Yehowa ani tua. (Dw. 44:21; Ɔsɛnk. 12:14; Heb. 4:13) Nea ɛtɔ so mmienu, ne yere a ɔboro no anaa ɔteetee no no, ɛsɛ sɛ ogyae na ɔsesa ne suban. (Mmeb. 28:13) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛsɛ sɛ ɔpa ne yere kyɛw na ɔsrɛ Yehowa nso sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no. (Aso. 3:19) Afei nso, ɛsɛ sɛ ɔsrɛ Yehowa sɛ ɔmma no ɔpɛ a ɔde bɛyɛ nsakrae. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no mma ne nsusuwii, ne kasa ne ne nneyɛe nsɔ n’ani. (Dw. 51:10-12; 2 Kor. 10:5; Filip. 2:13) Nea ɛtɔ so nnan, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne mpaebɔ no ho adwuma, kyerɛ sɛ, ntɔkwaw oo, atɛnnidi oo, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho koraa fi ho. (Dw. 97:10) Nea ɛtɔ so nnum, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ ntɛm pa ara. (Yak. 5:14-16) Nea ɛtɔ so nsia, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nhyehyɛe a ɛbɛboa no na wansan ankɔ subammɔne a ɛte saa ho bio. w25.01 11 ¶14
Wukuda, January 21
Adɛn na woretwentwɛn wo nan ase? Sɔre, ma wɔmmɔ wo asu.—Aso. 22:16.
Yegye di sɛ wodɔ Yehowa, efisɛ nkwa ne biribiara a wowɔ no, ɔno na ɔde maa wo. Ɛnde, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wodɔ no? Ade titiriw a wubetumi ayɛ ne sɛ wubehyira wo ho so ama no na woabɔ asu. Woyɛ saa a, ɛbɛma woabɛka Yehowa abusua no ho. Afei nso, ɔbɛba abɛyɛ w’Agya ne w’Adamfo, na esiane sɛ woyɛ ne dea nti, ɔbɛkyerɛ wo kwan na wahwɛ wo. (Dw. 73:24; Yes. 43:1, 2) Ahosohyira ne asubɔ nso boa wo ma wunya anidaso sɛ wubetumi atena ase daa. (1 Pet. 3:21) Biribi resiw wo kwan sɛ wobɛbɔ asua anaa? Sɛ saa a, ɛnde hu sɛ ɛnyɛ wo nko ara. Nnipa ɔpepem pii a wɔte sɛ wo yɛɛ nsakrae wɔ wɔn asetenam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfata ama asubɔ. Seesei, wɔde anigye ne ahokeka resom Yehowa. w25.03 2 ¶1-2
Yawda, January 22
Wo na wode bɔne kyɛ koraa.—Dw. 130:4.
Bible taa de bɔne toto adesoa a emu yɛ duru ho. Ɔhene Dawid kaa ɔno ara ne bɔne ho asɛm sɛ: “Me mfomso aboro me so, na ɛdɛn me sɛ adesoa duruduru.” (Dw. 38:4) Nanso Yehowa de abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne kyɛ wɔn. (Dw. 25:18; 32:5) Hebri asɛmfua a yɛakyerɛ ase sɛ ‘fakyɛ’ no, nea ɛkyerɛ paa ne sɛ “wubepagyaw biribi” anaa “wobɛma biribi so.” Enti bɔne a ayɛ sɛ adesoa a ɛso yɛn no, Yehowa pagyaw anaa oyi fi yɛn so. Wei ma yɛn kɔn mu dwo yɛn paa. Mfatoho foforo nso ma yehu sɛ Yehowa pagyaw yɛn bɔne anaa ɔsoa a, ɔde kɔ akyirikyiri. Dwom 103:12 ka sɛ: “Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no, saa ara na wama yɛne yɛn mmarato ntam aware.” Apuei ne atɔe nhyia da; ebiara nam ne kwan. Wei kyerɛ sɛ, Yehowa soa yɛn bɔne a, baabi a ɔde kɔ no, ɛwɔ akyirikyiri ara ma yɛrentumi mfa yɛn adwene mpo mmu. Wei ma yenya awerɛhyem sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, na ɔde akyɛ yɛn koraa! w25.02 9 ¶5-6
Fida, January 23
Sɛ woreyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim.—Mat. 6:2.
Yesu kɔɔ soro akyi no, Petro yɛɛ anwanwade bi; ɔsaa ɔbarima bi a wɔwoo no obubuafo yare. (Aso. 1:8, 9; 3:2, 6-8) Saa anwanwade a ɔyɛe no maa nnipa pii betwaa hɔ hyiae. (Aso. 3:11) Baabi a wɔtetee Petro no, nea na ɛho hia nkurɔfo paa ne sɛ wɔbegye din na wɔanya dibea akɛse. Enti wohwɛ a, na wei bɛma Petro abɔ ne ho safohene anaa? Daabi. Petro annye anuonyam no, mmom ɔbrɛɛ ne ho ase de anuonyam a ɛsɛ fata Yehowa ne Yesu maa wɔn. Ɔkaa sɛ: “Ɛnam [Yesu] din so, ɛne gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu so na ɔbarima a muhu no na munim no yi anya ahoɔden.” (Aso. 3:12-16) Yebetumi asuasua Petro na yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase. Sɛ yɛwɔ ahobrɛase adwene a, ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo kamfo yɛn nti na yɛbɛyɛ nneɛma pa ama afoforo, mmom ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nnipa nti na yɛbɛyɛ. Sɛ yeyi yɛn yam yɛ nea yebetumi biara som Yehowa ne yɛn nuanom na sɛ obiara anhu mpo a, ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase.—Mat. 6:1-4. w25.03 10-11 ¶11-12
Memeneda, January 24
Hwɛ wo ho so yiye bere nyinaa, na ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ ho daa.—1 Tim. 4:16.
Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko nipa no, sɛ yɛma emu yɛ den a, ɛbɛma anigye a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ayɛ kɛse. (Mat. 22:37-39) Sɛ Yehowa hu sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ɛma n’ani gye paa! Afei nso, sɛ nkurɔfo fi ase sua Bible no a, ɛma wɔn ani gye sɛ. Bio nso, kae sɛ, wɔn a wɔtie asɛm a yɛka no betumi anya daa nkwa. (Yoh. 6:40) Yare anaa biribi nti woaka fie anaa? Sɛ saa a, ɛnde hwɛ nea wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodɔ Yehowa ne wo yɔnko nipa. COVID-19 nsanyare no bae no, na Samuel ne Dania aka fie. Saa bere no nyinaa na wɔtaa yɛ tɛlefon so adansedi, wɔkyerɛw nkrataa, na na wɔyɛ Bible adesua wɔ Zoom so. Tebea a Samuel ne Dania kɔɔ mu no nti, na wɔntumi nyɛ pii, nanso wɔyɛɛ nea wɔbetumi biara, na ɛno maa wɔn ani gyei. w24.04 18 ¶15-16
Kwasida, January 25
Ɔyere pa, hena na obenya? Ne bo yɛ den sen ɛpo mu abohene koraa.—Mmeb. 31:10.
Ɛwom, enhia sɛ obi ware ansa na n’ani agye, nanso Kristofo asigyafo bebree hwɛ kwan sɛ daakye wɔbɛware. Ansa na wobɛyɛ aware nhyehyɛe no, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wo bɔtɔ mu ye, wo ne Yehowa ntam yɛ kama, na wunim wo ho yiye. (1 Kor. 7:36) Afei nso, sɛ wopɛ sɛ woware a, ɛho hia paa sɛ wuhu nea wopɛ ansa na wo ne obi afi ase ayɛ nhyehyɛe. Sɛ woanyɛ saa a, anhwɛ a, obi a ɔfata wo no, wubetwa no agyaw anaa anhwɛ a obi a ɔmfata wo mmom na wo ne no bɛyɛ aware nhyehyɛe. Wunim dedaw sɛ, obi a wopɛ sɛ woware no no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a wabɔ asu. (1 Kor. 7:39) Nanso ɛnyɛ obiara a wabɔ asu na woware no a ɛbɛkɔ yiye. Enti wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na esi m’ani so? Obi a mepɛ sɛ meware no no, suban pa bɛn na mepɛ sɛ mihu wɔ ne ho? Nea mepɛ no, ntease wom anaa?’ w24.05 20 ¶1; 21 ¶3
Dwoda, January 26
Obiara nna ayamye adi nkyerɛ ne yɔnko.—Efe. 4:32.
Sɛ wo ne obi reyɛ aware nhyehyɛe na ɛwom ara na ɔhaw anaa mente-me-ho-ase bi ba a, dɛn na mubetumi ayɛ? Ɛno kyerɛ sɛ momfata mo ho anaa? Ɛnte saa ankasa; wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe oo, awarefo oo, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn adwene hyia. Aware pa de, awarefo no mu biara tumi de nea ɔpɛ to nkyɛn yɛ nea ne yɔnko pɛ ma no. Enti sɛ ɔhaw bi ba saa bere yi a, sɛnea musiesie no no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ, sɛ moware a, ɛbɛkɔ yiye anaa ɛrenkɔ yiye. Mummisa mo ho sɛ: ‘Sɛ yɛresusuw nsɛm ho a, yetumi to yɛn bo ase, na obiara de nidi ma ne yɔnko anaa? Yɛbrɛ yɛn ho ase gye yɛn mfomso tom, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nsakrae anaa? Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛte asɛm ase, na yedi mfomso a, yɛyɛ ntɛm pa kyɛw, na yɛn mu biara tumi de ne yɔnko bɔne kyɛ no?’ (Efe. 4:31) Nanso saa bere yi a moreyɛ aware nhyehyɛe no, sɛ daa na moreham anaa moregye akyinnye a, ɛnde sɛ moware a, anhwɛ a saa ara na ɛbɛyɛ. Sɛ wuhu sɛ onii no nyɛ obi a wubetumi aware no a, ɛnde sɛ mutwa nhyehyɛe no mu a, ɛbɛboa mo baanu nyinaa paa. w24.05 29 ¶12
Benada, January 27
Yehowa a ɔyɛ me Botan no, ayeyi nka no; ɔno na ɔtete me ma mitumi kɔ ɔko.—Dw. 144:1.
Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea ɛtene, na yɛde Bible nnyinasosɛm sisi gyinae a, afoforo besuasua yɛn nhwɛso pa no. Bere a yɛresua Onyankopɔn Asɛm no yiye na yɛn gyidi reyɛ den no, ɛbɛma yɛn ase atim paa wɔ nokware no mu. Ɛba saa a, yɛremma atoro nkyerɛkyerɛ ne wiase nsusuwii mfa yɛn nnommum, na mmom yɛn adwene besi yɛn pi, na yɛrenhinhim. (Efe. 4:14; Yak. 1:6-8) Afei nso, wɔn a wɔrehyia sɔhwɛ no, ɛma yetumi boa wɔn. (1 Tes. 3:2, 3) Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nneɛma tra so, na mmom ɛsɛ sɛ wɔn adwene mu da hɔ, wɔyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ, na wɔte asɛm ase. Saa mmarima yi de wɔn nhwɛso pa boa afoforo, na ‘wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ gyina nokwasɛm no so pintinn.’ (Tito 1:9; 1 Tim. 3:1-3) Asafo mu mpanyimfo no nhwɛso pa ne anuanom a wɔsrasra wɔn hyɛ wɔn den nti, ɛboa adawurubɔfo ma wɔkɔ adesua ne asɛnka daa, na wɔyɛ kokoam adesua nso. Sɛ anuanom hyia ɔhaw na ɛma wɔn adwene tu fra a, mpanyimfo no betumi aboa wɔn ma wɔakɔ so de wɔn adwene asi Yehowa ne ne bɔhyɛ so. w24.06 31 ¶16-18
Wukuda, January 28
Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahenni no abɛn.—Mat. 4:17.
Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’atiefo ma wɔhui sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Yɛnhwɛ ɔba desɛefo no ho asɛm no. Saa aberante no fii fie kɔyɛɛ nneɛma bɔne. Nanso “n’ani baa ne ho so,” na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ fie. Ɔreyɛ adu fie no, dɛn na ne papa yɛe? Yesu kaa sɛ, “bere a ɔda so ara wɔ akyirikyiri no, ne papa huu no . . . , na otuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ofew n’ano.” Aberante no ka kyerɛɛ ne papa sɛ ɔmma ɔnyɛ n’apaafo no mu baako, nanso papa no san gyee no sɛ ‘ne ba.’ Papa no kaa sɛ: “Ɔyerae, na yɛahu no.” (Luka 15:11-32) Bere a na Yesu wɔ soro no, ɛda adi pefee sɛ sɛnea n’Agya daa tema adi mpɛn pii kyerɛɛ abɔnefo a na wɔasakra wɔn adwene no, ohui. Saa asɛm a Yesu kae yi kyekye yɛn werɛ paa, na ɛma yehu sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunu Agya ampa! w24.08 11 ¶11-12
Yawda, January 29
Momma mo adwenem nna hɔ.—1 Pet. 4:7.
Kristoni a n’adwenem da hɔ no, ɔyɛ nea obetumi biara sɛ obesisi gyinae a ɛne Yehowa adwene hyia. Kristoni a ɔte saa nim sɛ ɔne Yehowa ayɔnkofa ne ade a ɛho hia paa wɔ asetenam. Ɔmma ne ho so, na onnya adwene sɛ onim biribiara. Afei nso, ɔda no adi sɛ ɔde ne ho to Yehowa so, enti ɔbɔ no mpae daa. Sɛ yɛwɔ ɔdom akyɛde bi mpo a, yenim sɛ ehia sɛ yɛkɔ so bɔ Yehowa mpae. Enti, bere a ɛsɛ sɛ yesisi gyinae akɛse no, saa bere no paa na ehia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ akwankyerɛ, na yenya awerɛhyem sɛ onim nea ɛbɛboa yɛn paa. Yɛda Yehowa ase paa sɛ sɛnea ɔbɔɔ yɛn nti yetumi suasua ne suban. (Gen. 1:26) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛrentumi nsuasua Yehowa pɛpɛɛpɛ.—Yes. 55:9 w25.03 11 ¶13; 13 ¶17-18
Fida, January 30
‘Ɔdɔ wɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano.ʼ—1 Kor. 13:7.
Nnwen adwemmɔne mma afoforo. Sɛ afoforo ankyerɛ nea yɛayɛ ama wɔn no ho anisɔ a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Ampa-ne-ampa ara sɛ ɛyɛ boapayɛ anaa wɔn werɛ na efii?’ Sɛnea na yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛkyerɛ ho anisɔ no, ebia biribi nti na wɔanyɛ saa. Ebinom nso ani sɔ paa, nanso ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka ho asɛm. Ebia ɛbɛyɛ wɔn aniwu sɛ afoforo reboa wɔn, ɛnkanka sɛ bere bi a atwam no, wɔn na na wɔboa afoforo a. Sɛnea ɛte biara no, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom Kristofo nti, yɛrennwen adwemmɔne mma wɔn, na mmom yɛbɛkɔ so de anigye ayɛ wɔn adɔe. (Efe. 4:2) Si abotare. Bere bi a Ɔhene Solomon nyansafo no reka adekyɛ ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Tow wo paanoo gu nsu mu, na nna pii akyi no, wo nsa bɛsan aka.” (Ɔsɛnk. 11:1) Sɛnea saa nsɛm yi kyerɛ no, adɔe a yɛyɛ nkurɔfo no, ɛtɔ da a, “nna pii akyi,” anaa bere tenteenten bi akyi na wɔbɛkyerɛ ho anisɔ. w24.09 30 ¶18-19
Memeneda, January 31
Wɔn a wɔte bɔne mu no, kasa kyerɛ wɔn anibere so wɔ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anim, na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn a aka no.—1 Tim. 5:20.
Ɛtɔ da a, wɔde to asafo no anim sɛ wɔaka obi anim. Ɛba saa a, yebetumi ne no abɔ efisɛ wasakra n’adwene na watwe ne ho afi ne kwammɔne no ho. Ɔda so ka asafo no ho, na ohia anuanom nkuranhyɛ na wakɔ so ayɛ nea ɛtene. (Heb. 10:24, 25) Nanso sɛ wɔyi obi fi asafo no mu de a, ɛsono sɛnea yɛne no di. Yɛne “no mmmɔ,” na yɛne “no nnnidi mpo.” (1 Kor. 5:11) Ɛno kyerɛ sɛ yɛremfii no koraa anaa? Ɛnte saa ankasa. Ɛwom sɛ yɛne no remmɔ de, nanso yɛn mu biara betumi agyina n’ahonim a ɔde Bible atete no no so asi gyinae sɛ ɔbɛto nsa afrɛ no sɛ ɔmmra asafo nhyiam anaa ɔrenyɛ saa; onii no betumi ayɛ yɛn busuani, anaa obi a na ɔbɛn yɛn. w24.08 30 ¶13-14