Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 6/1 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsuro Mmoa a Wɔn Ho Yɛ Hu No
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Nkekaboa Abien a Wɔne Wɔn Di Asi
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Wɔsɛe Babilon Kɛse No
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 6/1 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

So Bible no kyerɛ sɛ okoo (unicorn) a wɔka wɔn ho asɛm wɔ nkyerɛase binom mu no wɔ hɔ?

King James, Douay, ne nkyerɛase afoforo bɔ okoo ahorow din. Nanso nnɛyi nkyerɛase ahorow a wɔkyerɛ Hebri no ase pɛpɛɛpɛ no nka wɔn ho asɛm.​—Dwom 22:21; 29:6; 92:10(21:22; 28:6; 91:11, Douay).

Wɔ mfehaha no mu no, wɔato anansesɛm pii afa aboa bi a ɔwɔ ɔpɔnkɔ honam dua ne ɔpɔnkɔ ti nanso ɔwɔ ɔforote nan ne gyata dua ho. Ebia anansesɛm mu aboa yi ho ade a ɛda nsow sen biara no ne abɛn biako a akyinkyim a esi ne moma so no.a

“Bere bi na nkurɔfo gye di sɛ bɔre ano aduru bi wɔ okoo abɛn mu, na wɔ Mfinimfini Mmere no mu no, na wɔtɔn pawda ahorow a wose wɔde mmɛn a ɛte sɛɛ na ɛyɛe no aboɔden yiye. Nhomanimfo pii gye di sɛ wonyaa okoo ho adwene no fii Europafo nsɛm a wɔkeka faa abɛnkoro ho no mu.” (The World Book Encyclopedia) Na mmoa a wɔwɔ mmɛn mmiako mmiako wɔ Asiriafo ne Babilonfo nkaedum ahorow so. Mprempren wɔahu eyinom sɛ wɔyɛ aforɔte, nwuram mmirekyi, anantwibere, ne anantwinini a wɔayɛ wɔn nkyɛn mu mfonini, ade a ɛmma wonhu wɔn mmɛn abien no nyinaa.

Bible asuafo wɔ eyi ho anigye bi, efisɛ Kyerɛwnsɛm no de Hebri asɛmfua reʼemʹ ka aboa bi ho asɛm mpɛn akron. (Numeri 23:22; 24:8; Deuteronomium 33:17; Hiob 39:9, 10; Dwom 22:21; 29:6; 92:10; Yesaia 34:7) Nsɛm asekyerɛfo antumi anhu aboa ko a na wɔkyerɛ no bere tenten. Septuagint a ɛwɔ Hela kasa mu no kyerɛɛ reʼemʹ ase a adwene a ɛwom ne ‘nea ɛwɔ abɛn biako,’ anaa unicorn (okoo). Vulgate a ɛwɔ Latin kasa mu no taa kyerɛ ase sɛ “abɛnkoro.” Nkyerɛase afoforo de ‘nwuram nantwi,’ ‘nwuram mmoa,’ anaa ‘ɛkoɔ’ na edi dwuma. Robert Young de Hebri no kɔ Engiresi mu tee sɛ “Reem” kɛkɛ, na ɛmma ɔkenkanfo no nhu ho hwee.

Nanso nnɛyi nhomanimfo ayi saa adwenem basaayɛ a ɛfa reʼemʹ ho yi afi hɔ. Nsɛm asekyerɛfo Ludwig Koehler ne Walter Baumgartner kyerɛ sɛ nea ɛkyerɛ ne “nwuram anantwi,” na nyansahufo frɛ no Bos primigenius. Eyinom wɔ “mmoa a wɔwɔ tɔte ne mmɛn akɛse no abusua mu.” The New Encyclopædia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ:

“Apam Dedaw no mu anwensɛm bi ka aboa hoɔdenfo hoɔfɛfo bi a ɔwɔ mmɛn a wɔfrɛ no reʼemʹ ho asɛm. Nkyerɛase pii mu no, wɔkyerɛ asɛmfua yi ase sɛ ‘okoo’ anaa ‘abɛnkoro’ nanso nnɛyi nkyerɛase ahorow no pii de ‘nwuram nantwi’ (aurochs), a ɛne Hebri asɛmfua reʼemʹ no nkyerɛase a ɛfata no mmom di dwuma.”

Esiane sɛ wɔ mprempren Engiresi kasa mu no, “ox” (nantwi) kyerɛ onini a wɔasa no nti, New World Translation of the Holy Scriptures no kyerɛ reʼemʹ ase mmere nyinaa ne wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ “nwuram nantwinini.” Ɛte sɛ nea ebeduu afeha 17 no mu no, na auroch (nwuram nantwinini) no nyinaa ase ahyew, nanso nyansahufo ahu sɛ na ɛsono no koraa wɔ anansesɛm mu okoo ho. Na auroch ahorow a wɔwɔ hɔ tete mmere mu no sorokɔ bɛyɛ mita 1.8 na wɔn tenten bɛyɛ mita 3. Ne mu duru betumi ayɛ kilogram 900, na ne mmɛn abien no mu biara tenten betumi ayɛ sɛntimita 75 ne akyi.

Nokwarem no, eyi ne reʼemʹ anaa nwuram nantwinini a Bible no ka ho asɛm no hyia. Wɔaka n’ahoɔden ne sɛnea wontumi nhyɛ ne so no (Hiob 39:10, 11) ne n’ahoɔhare no ho asɛm. (Numeri 23:22; 24:8) Ɛda adi sɛ na ɔwɔ mmɛn abien, na ɛnyɛ biako te sɛ anansesɛm mu okoo no. Mose kaa ne mmɛn no ho asɛm bere a ɔreyɛ mmusuakuw abien a wɔyɛ den a wobefi Yosef mma baanu no mu aba no ho mfatoho no.​—Deuteronomium 33:17.

Enti Bible no mfoa okoo a w’agye din wɔ anansesɛm mu ho adwene no nsɛmmoa. Ɛka auroch anaa nwuram nantwinini kɛse a ne ho yɛ hu a ɔtraa ase wɔ Bible mmere so de besi bere kakra a atwam no ho asɛm a ɛyɛ nokware, nanso ɛnnɔɔso pii.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɔbenfo Paul Haupt kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Wɔ mfinimfini mmere mu nneɛma a wɔaboaboa ano mu no, wobuu rhinoceros (abɛnkoro) ne narwhal (a ɔte sɛ bonsu; wɔfrɛ no sɛ okoo apataa anaa okoo bonsu nso) mmɛn sɛ ɛyɛ okoo mmɛn.’

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

Treasury of Fantastic and Mythological Creatures: 1,087 Renderings from Historic Sources, by Richard Huber/​Dover Publications, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena