Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 6/1 kr. 32
  • Worente Huammɔdi Nka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Worente Huammɔdi Nka
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Dɛn Nti Na Wɔyɛ Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • 1996 “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 6/1 kr. 32

Worente Huammɔdi Nka

AWAREFO bi a wɔwɔ Philippines de nnanu na ekoduu hɔ. Wɔnantew kilomita 70 a woturu mmofra nketewaa baanu, na wɔkɔfaa kwae a amemem bebree wom mu na wotwaa nsubɔnten a nsu atɔ ama ayiri. Nanso na wɔasi wɔn bo sɛ wɔremma ɛmpa wɔn ti so.

Mmea baanu a wɔwɔ Zaire nantew twaa kilomita bɛboro 500, na wodii nnafua 14 wɔ kwan so, na ama wɔatumi akɔ hɔ bi. Wɔ Zaire hɔ ara no, ɔbarima bi a wadi mfe 70 traa ne baesekere so twaa kilomita 260 de koduu hɔ. Wamma kwan no tenten anaa emu ɔhaw no ansiw no kwan. Nea na ɛho hia ne sɛ ɔremma ɛmpa ne ti so.

Na ɛhe na wɔn nyinaa rekɔ? Wɔrekɔ Yehowa Adansefo nhyiam akɛse a wɔyɛɛ wɔ wɔn man mu no biako ase. Na ɛmfa ho sɛnea na akwantu no yɛ den fa no, wɔn nyinaa tee nka sɛ wɔn mmɔdenbɔ no so baa mfaso.

So woayɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no bi? Ebia ɛho renhia sɛ woyɛ ade kɔ akyiri te sɛ nea akra anokwafo yi yɛe na ama wɔatumi akɔ bi no. Nanso sɛ ɛma wuhyia ɔhaw bi koraa mpo a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ mma ɛmpa wo ti so.

Wɔasiesie dwumadi bi a eye kyɛn so na wobetumi de adi dwuma ma ayɛ yiye. Sɛ w’ani gye Kristofo fekubɔ ho na w’ani gye ho sɛ wubehu ɔkwan a wobɛfa so anya asomdwoe ankasa, ahu nea ɛbɛba daakye, anaa ɔkwan a eye a wobɛfa so ayɛ Onyankopɔn apɛde a, yebetumi ahyɛ wo bɔ sɛ worente huammɔdi nka. Ɔdansefo biara a ɔwɔ faako a wote no bɛkyerɛ wo beae ne bere ko a wɔbɛyɛ nhyiam a ɛbɛn wo sen biara no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena