Diocletian Sɔre Tia Kristosom
WƆ ROMAFO nyame Terminus afahyɛ a wɔyɛe wɔ February 23, 303 Y.B. mu, wɔ Nicomedia, ahemman no ahenkurow foforo a na ɛwɔ Asia Kumaa no mu no, mmarima ne wɔn ho wɔn ho sii akane de daa sɛnea wɔdɔ wɔn man no adi. Nanso wɔanhu Kristofo a wɔdɔɔso ara yiye no wɔ ase koraa.
Ɔhempɔn Diocletian ne Galerius Ceasar a odi tumi wɔ n’ase no fi baabi a wɔte wɔ ahemfie hɔ hwɛɛ kurow no mu Kristofo nhyiambea hɔ. Bere a wɔyɛe sɛnkyerɛnne bi no, asraafo ne aban mpanyimfo bɔ wuraa Kristofo dan no mu, wɔfow hɔ nneɛma na wɔhyew Bible ahorow a wohui wɔ hɔ no. Awiei koraa no, wodwiriw ɔdan no guu fam.
Ɛno na efii ɔtaa a eguu Diocletian ahenni ho fĩ no ase. Abakɔsɛm akyerɛwfo too din sɛ “ɔtaa kɛse a etwa to,” “ɔtaa a ano yɛ den sen biara,” “edin Kristosom a wɔpopa fii hɔ” mpo. Nea ɛmaa anwonwasɛm yi sisii a yɛbɛhwɛ no ma yɛte asɛm no ase yiye.
Abosonsom ne Kristosom Ntam Ntawntawdi
Diocletian, a wɔwoo no wɔ Dalmatia, ɔmantam bi a ɛwɔ faako a nnɛ wɔfrɛ no Yugoslavia no nam Romafo sraani panyin a ɔyɛe no so na obenyaa dibea. Wɔyɛɛ no ɔhempɔn wɔ 284 Y.B. mu, na ogyee din wɔ amammui mu ɔsesɛw a ɔyɛe no ho, bere a ɔhyehyɛɛ nniso a ahene baanan na wodi tumi wom ma wodii ahemman no so no. Diocletian paw Maximian, ne kan yɔnko sraani ma ɔne no dii hene sɛ ɔhempɔn a ɔto so abien, Augustus a ɔto so abien a ɔno na ɔhwɛ ahemman no fã a ɛwɔ atɔe fam no so. Na Diocletian ne Maximian nyinaa wɔ Caesar a ɔhyɛ wɔn ase, a wɔama no adedi tumi. Constantius Chlorus som sɛ Caesar maa Maximian, na Galerius a ofi Thrace dii tumi wɔ Diocletian ase.
Na Galerius Caesar te sɛ Diocletian, obi a na ɔde nnamyɛ som abosom. Esiane sɛ na Galerius wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obedi ɔhempɔn no ade nti, ɔyɛɛ ne ho sɛ osuro kɔnkɔnsa wɔ asraafo no mu. Wampɛ asraafo a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no nkɛntɛnso a ɛreyɛ kɛse no. Wɔ ɔhempɔn no fam no, na pene a wɔmpene so sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ abosonsom mu no kyerɛ sɛ wɔretwa ne tumi mpoa. Enti Galerius hyɛɛ Diocletian sɛ ɔnyɛ biribi mfa ngu Kristosom. Awiei koraa no, wɔ 302/303 Y.B. mu awɔw bere mu no, ɔhempɔn no gyee Caesar no Kristosom ho tan no toom, na ɔpenee so sɛ ɔbɛpam saafo yi afi asraafo mu ne n’ahemfie hɔ. Nanso Diocletian hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, na osuro sɛ kum a wobekum wɔn sɛ Kristosom mu mogya adansefo no bɛhyɛ afoforo den ma wɔagyina pintinn.
Esiane sɛ Diocletian ani annye kwan a ɔfaa so dii ɔhaw no ho dwuma yi ho ara nti, okohuu asraafo mpanyimfo ne n’aban mpanyimfo a Hierocles, Bithynia amrado ka ho. Helafo amammerɛ akyidini yi penee so sɛ wɔnyɛ Kristofo nyinaa ayayade. Roma tete anyame a Diocletian gyina wɔn akyi no maa ntawntawdi bɛdaa ɛne Kristosom ntam. Sɛnea Diocletian and the Roman Recovery a Stephen Williams kyerɛwee no ka no, “Roma anyame ne Kristofo no nyame ntam ɔko a anohyeto nnim a wodii kosii awiei” na efii mu bae.
Mmara Ahorow No
Diocletian hyɛɛ mmara anan toatoaa so, na ama ɔtaa no akɔ so. Da a edi hɔ wɔ Nicomedia ntua no akyi no, ɔhyɛe sɛ wɔnsɛe Kristofo nhyiambea ne wɔn agyapade nyinaa, na wɔmfa nhoma kronkron no mmra mma wɔnhyew. Na wonnye dibea a Ɔman no de ama Kristofo no mfi wɔn nsam.
Bere a ogya abien tɔɔ ɔhempɔn no ahemfie hɔ pɛɛ no, wɔde asodi no too Kristofo a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no so. Eyi ma ɔhyɛɛ mmara a ɛto so abien a ɛne sɛ wɔnkyere asɔfo mpanyin, asafo mpanyimfo, ne asɔfo nkumaa nyinaa nkogu afiase. Mmara a ɛto so abiɛsa no hyɛe sɛ, sɛ ehia a, wɔnyɛ wɔn ayayade na ɛbɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛma mmarima yi awae denam ka a ɛkae sɛ wɔmmɔ afɔre mma Roma anyame no so. Mmara a ɛto so anan no kɔɔ akyiri sen saa, na ɛkae sɛ wobekum obiara a ɔbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni no.
Atirimɔdenne a efii mu bae no ma wonyaa kuw bi a wɔtoo wɔn din sɛ traditores, (asekyerɛ ne “nnipa a wɔde wɔn ho akɔhyɛ wɔn atamfo nsa”), wɔn a wɔpaa Onyankopɔn ne Kristo de bɔɔ mmɔden sɛ wɔde begye wɔn ho nkwa denam wɔn Kyerɛwnsɛm a wɔde kɔmae no so. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kyerɛ no. “Kristofo mpempem pii paa wɔn gyidi . . . Nanso wɔn a wɔtaa wɔn no mu fã kɛse no ara gyinaa pintinn; na hu a wohuu akokoduru a wɔde dii nokware wɔ ayayadeyɛ mu anaasɛ ho asɛm a wɔtee no hyɛɛ wɔn a wohinhim no gyidi den, na ɛmaa nnipa afoforo baa asafo ahorow a wɔtaa wɔn no mu.” Frigia, Kapadokia, Mesopotamia, Foinike, Misraim, ne Roma Ahemman no afã horow pii Kristofo wuwui sɛ mogya adansefo.
Asɔre ho abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius a ofi Kaesarea buu akontaa sɛ Kristofo mpempem pii wuwui wɔ ɔtaa no mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Edward Gibbon, The Decline and Fall of the Roman Empire no kyerɛwfo kyerɛ sɛ wɔn a wowuwui no nnu mpem abien. Nhoma kyerɛwfo biako kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Gibbon nnye nsɛm yi mu pii nni papa, esiane sɛ Kristofo a wɔyɛ nyiyim yiye a wɔawe ahinam so sɛ wɔbɛhyɛ mogya adansefo no anuonyam na ahyɛ anokwafo no den pii na wɔkyerɛwee nti.” Ɔtoa so sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ nhoma akyerɛwfo a wɔka ntɛm ara sɛ nnipa kakraa bi a wowuwui no yɛ ‘mpempem pii,’ a wɔnka sɛ ɛsono wɔn a wɔhyɛɛ da kunkum wɔn sɛ mogya adansefo na ɛsono wɔn a abufuw a wɔhyɛɛ da hyɛɛ wɔn asɔretiafo no nti wokunkum wɔn no; a wɔka sɛ agodibea ahorow mu nkeka mmoa de abufuw tetew nsɛmmɔnedifo afoforo nyinaa mu, nanso ‘tumi a ɛkorɔn sen onipa de’ siw wɔn kwan ma wɔamfa wɔn nsa anka Kristofo no gugu nsɛm mu. Nanso, sɛ wogye tom sɛ wɔbɔɔ wɔn tirim kaa nsɛm bi na wɔde adaadaa afoforo mpo a, nea aka no dɔɔso ara yiye.” Nokwarem no, ɔtaa a wɔyɛɛ atirimɔdenne a ɛsen biara wom bae, na wɔde nnua, nnipahyew, nnipa ho were a wɔworɔ, ne adabaw dii dwuma de yɛɛ wɔn ayayade.
Nhoma ahorow bi ka sɛ Galerius na ɔmaa ɔtaa no bae, na ɛnyɛ Diocletian. Ɔbenfo William Bright ka wɔ The Age of the Fathers no mu sɛ: “Ɛyɛ abrabɔ fam asɛm bi a emu dɔ nti na ɛsɛ sɛ wɔde Diocletian din to mmɔden a ɛkyɛn so a abosonsom wiase nyinaa ahemman no bɔe sɛ ebetiatia Ahenni a emfi wiase yi nkwa no so, na ɛnyɛ nea ɔde bae ankasa a ɔne Galerius.” Nanso, wɔ ahenni a na ahemfo baanan na wodi so no mpo mu no, Diocletian wɔ tumi sen wɔn nyinaa, na sɛnea nhoma kyerɛwfo Stephen Williams ka no: “Akyinnye biara nni ho sɛ, ebeduu 304 mu no, na Diocletian na ɔhwɛ ma wɔyɛ nhyehyɛe titiriw biara wɔ Ahemman no mu, na ebeduu saa bere no, na ɔno na ɔtaa no ho asodi kɛse da no so.” Diocletian yaree, na awiei koraa no, ogyaee adedi wɔ 305 Y.B. mu. Ɛno akyi bɛyɛ mfe asia no, ɔtaa a ɛkɔɔ so no daa ɔtan a emu yɛ den a na Galerius wɔ wɔ biribi a ɛfa Kristosom ho no adi.
Afeha a Ɛto so Anan no mu Kristosom
Ahude a ɛbae wɔ afeha a ɛto so anan mfiase no sii nea na asomafo Paulo ne Petro, ne nhoma akyerɛwfo a wɔde honhom kaa wɔn no aka asie no so dua. Ná “onipa a onni mmara,” wɔn a wose wɔyɛ Kristofo asɔfokuw a wodi tumi no aba dedaw, sɛnea Diocletian mmara ahorow no di ho adanse no, ne titiriw nea ɛto so abien no. (2 Tesalonikafo 2:3, 4; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Petro 2:12) Ebeduu afeha a ɛto so anan no mu no, na awaefo nneyɛe abu so dedaw. Na wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no mu pii yɛ Roma asraafo. So na Kristofo bi nni hɔ saa bere no a wodi “nsɛm pa a eye” a wonya fii asomafo no hɔ no so?—2 Timoteo 1:13.
Eusebius bobɔɔ wɔn a wowuwui wɔ ɔtaa no mu binom din, na ɔka wɔn ayayadeyɛ, amanehunu, ne awiei koraa no, wɔn mogya adansefo wu ho asɛm pefee mpo. Sɛ ebia saa mogya adansefo yi nyinaa de nokwaredi kuraa nokware a na ada adi saa bere no mu kosii wɔn wu mu no nyɛ nea yebetumi ahu mprempren. Akyinnye biara nni ho sɛ ebinom tiee Yesu kɔkɔbɔ a ese wɔnkwati mpaapaemu, ɔbrasɛe ne nsɛm mu a wobegyae asiesie no. (Adiyisɛm 2:15, 16, 20-23; 3:1-3) Ɛda adi sɛ ebinom a wonyaa nkwa wom no ho asɛm nni abakɔsɛm mu. (Mateo 13:24-30) Nokwarem no, nhyehyɛe horow a wɔyɛ de siw Kristosom ano wɔ baguam no yɛɛ yiye araa ma, saa bere no mu Spaniafo nkaedum bi kamfo Diocletian sɛ ‘otumi guu Kristo gyidi hunu ase.’ Nanso, mmɔden a wɔbɔe sɛ wobegye Kyerɛwnsɛm no asɛe no, a na ɛyɛ Kristosom a Diocletian sɔre tiae no mu fã titiriw no, antumi antɔre Onyankopɔn Asɛm ase korakora.—1 Petro 1:25
Esiane sɛ Satan Ɔbonsam, wiase no sodifo antumi angu Kristosom koraa nti, ɔnam Ɔhempɔn Konstantino, a odii hene fi 306 besi 337 Y.B. mu no so toaa ne nnɛɛdɛe no so. (Yohane 12:31; 16:11; Efesofo 6:11, New World Translation Reference Bible no mu ase hɔ asɛm) Ɔbosonsonni Konstantino ne Kristofo no anko. Mmom no, ohui sɛ eye sɛ ɔde abosonsom ne Kristosom mu gyidi horow bɛfrafra ayɛ no Ɔman som foforo.
Kɔkɔbɔ a ɛyɛ ma yɛn nyinaa bɛn ara ni! Sɛ yehyia ɔtaa a ano yɛ den a, yɛn dɔ ma Yehowa no bɛboa yɛn ma yɛakwati nsɛm a yebegyaa mu asiesie na ama yɛn ho atɔ yɛn bere tiaa bi wɔ nipadua mu. (1 Petro 5:9) Saa ara nso na yɛremma asomdwoe mmere nhuan yɛn Kristofo ahoɔden so. (Hebrifo 2:1; 3:12, 13) Bible no mu nnyinasosɛm ahorow so a yebedi no bɛma yɛadi Yehowa, Onyankopɔn a obetumi agye ne nkurɔfo no nokware.—Dwom 18:25, 48.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]
Musei Capitolini, Roma