Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/1 kr. 31
  • Wɔbɛtaa Nokware Kristofo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔbɛtaa Nokware Kristofo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gyina, A Yebegyina Wɔ Anigye Mu A Ɔtaa Mfa Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Wɔn Ani Gye Ɛwom Sɛ Wɔtaa Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Polisifo Ahobammɔ—Anidaso ne Osuro a Ɛwom
    Nyan!—2002
  • Wɔtaa Wɔn Nanso Wɔwɔ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/1 kr. 31

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wɔbɛtaa Nokware Kristofo

EFI Habel bere so no, Yehowa asomfo bebree agyina ɔsom ho ɔtaa ano. (Luka 11:49-51) Na ɛnyɛ nwonwa, efisɛ Bible bɔ kɔkɔ sɛ “wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn”! (2 Timoteo 3:12) Ne saa nti, wɔabara Yehowa Adansefo wɔ aman bɛboro 25 mu nnɛ, na wɔregyina ɔtaa ano.

Wɔ ɔman bi a ɛnyɛ sɛ wɔabara Yehowa Adansefo nko na mmom nyamesomfo ataa wɔn mu nso no, asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔboro 12,000 kɔ so de nnamyɛ yɛ adwuma, na wɔne nnipa bɛboro 15,000 resua Bible no. Nokwarem no, wɔde anidahɔ na ɛyɛ wɔn asɛnka adwuma no. Wɔyɛ wɔn Kristofo nhyiam dodow no ara wɔ nkurɔfo afie mu, na sɛ wɔreto nsa afrɛ anigyefo ma wɔakɔ nhyiam horow a ɛte saa bi a, wɔyɛ anifere.

Aban no ne Adansefo no a seesei wɔyɛ wɔn adwuma no fã kɛse a nkurɔfo mfa ɔhaw a emu yɛ den mma wɔn so no di nsɛm wɔ ayamye mu nnansa yi. Nanso, nyamesom akuw horow pii de wɔn nkɛntɛnso akanyan ɔhaw.

Wɔ kurow biako mu no, nyamesomfo a wɔyɛ katee basabasayɛfo bɛyɛ 200 kɔɔ fie bi a na Yehowa Adansefo bɛyɛ 50 reyɛ asafo nhyiam bi mu. Ná basabasayɛfo no binom kurakura abo a na wɔreto asɔre nnwom. Ná ɛda adi sɛ wɔn botae ne sɛ wɔbɛto ahyɛ Adansefo no so na wɔasɛe fie no. Ɛda adi sɛ na nyamesom akannifo no de bere tenten bi ahwɛ sɛnea nhyiam no kɔ so, na na wɔretwɛn bere a ɛfata a wɔbɛto ahyɛ wɔn so. Aka kakra ma basabasayɛfo no ahyɛn fie hɔ pɛ na polisifo 15 duu hɔ na wɔpam nnipadɔm no. Eyi yɛɛ Adansefo no nwonwa, efisɛ na wɔn mu biara nnyaa bere mpo mfrɛɛ polisifo.

Nanso, asɔretiafo no adi nkonim kɛse wɔ mmere foforo. Wɔadi Adansefo bebree asɛm de wɔn agu afiase. Ná asɛm biako wɔ asennibea a akonkɔn hɔ mfe pii, na ɛda adi sɛ na asɛnnifo no nni ho anigye bio. Nanso, ɛhɔnom asɔfo no de wɔn ho gyigyee asɛm no mu ma wɔsan de kɔɔ asennibea, na wɔde Ɔdansefo no too afiase.

Wɔ baabi foforo no, Adansefo kuw bi hyiae wɔ obi fie sɛ wɔrekodi Awurade Anwummeduan no. Akyiri yi wɔ saa anwummere no, polisifo bebree kɔkyeree ofiewura no ne ɔpanyin a ɔhwɛɛ nhyiam no so no. Wɔhwee wɔn pasaa wɔ polisifo adwumam hɔ. Wɔde nnɔnhwerew pii bisabisaa wɔn nsɛm atirimɔden so. Wɔyɛɛ Adansefo no biako nso ayayade denam asubura bi a ɛyɛ nwini mu a wɔde no hyɛe so.

Dɛn nti na na polisifo de ntua a ɛtete saa ba? Ɛha nso nyamesom mu kateefo kuw bi a ɛhɔnom asɔfo taa wɔn akyi na wɔmaa polisifo no yɛɛ saa. Akyiri yi polisifo panyin no daa no adi sɛ wɔkyekyeree nkurɔfo a na onnim ho hwee. Wɔpaa kyɛw, na wɔtwee ankorankoro a wɔhwee nkurɔfo no aso.

Yehowa Adansefo kɔ so ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa, wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den mpo mu. Wodi Yesu afotu yi akyi: “Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anifere sɛ awɔ, na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.”—Mateo 10:16.

[Kratafa 31 mfonini]

Habel ne nea wodii kan taa no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena