Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/1 kr. 32
  • ‘Oo, Anka Obiara te sɛ Wɔn A!’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Oo, Anka Obiara te sɛ Wɔn A!’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/1 kr. 32

‘Oo, Anka Obiara te sɛ Wɔn A!’

Eyi yɛ nsɛm a Luxembourg atesɛm krataa Letzebuerger Journal sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee. Ná ɔreka henanom ho asɛm?

Ɔkɔɔ Auschwitz ahofadi afedi a ɛto so 50 no bi wɔ Poland, na ohui sɛ wɔammɔ kuw biako bi a wohuu amane kɛse wɔ hɔ din. Wɔ n’asɛm a ɔkyerɛw no February 2, 1995 mu no, ɔkyerɛe sɛ saa kuw yi ne Yehowa Adansefo, na ɔkyerɛwee sɛ: “Afiase anaa nnadeban mu nna a ɛyɛ hu paa, ne awerɛhow wu a wobewuwu wɔ adan a ɔkɔm wom mu anaasɛ akuma anaa afiri a wɔde twa ti a wɔde bekunkum wɔn, ho ahunahuna antumi amma wɔampow wɔn gyidi.” Ɔtoaa so sɛ: “Akokoduru a Yehowa Adansefo nyae kosii owu mu no yɛɛ SS awɛmfo atirimmɔdenfo no mpo nwonwa.”

Ná ɛnyɛ sɛ Yehowa Adansefo pɛ sɛ wokunkum wɔn. Nanso, te sɛ afeha a edi kan mu Kristofo no, wɔn mu mpempem pii pawee sɛ wobewu sen sɛ wobegyae wɔn Kristofo nnyinasosɛm mu. Gyidi a ɛte saa no ma wɔyɛɛ soronko koraa wɔ Third Reich no nna a na aduru sum no mu.

Sɛnkyerɛwfo no de baa awiei sɛ: “Oo, anka nnipa nyinaa te sɛ Yehowa Adansefo a!” Sɛ na wɔte sɛ wɔn a, anka wiase ko a ɛto so abien no remma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena